利未记 18 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

利未记 18:1-30

禁止淫乱的条例

1耶和华对摩西说: 2“你把以下条例告诉以色列人。

“我是你们的上帝耶和华。 3你们曾经住在埃及,但不可效法埃及人的行为。我要把你们带到迦南,但你们不可效法迦南人的行为,不可随从他们的风俗。 4你们必须遵行我的典章,持守我的律例。我是你们的上帝耶和华。 5你们要遵守我的典章和律例。遵行的人必存活。我是耶和华。

6“你们任何人不可与近亲乱伦。我是耶和华。 7不可与你母亲乱伦而羞辱你父亲。她是你的母亲,不可与她乱伦。 8不可与你父亲的妻妾乱伦,那会羞辱你的父亲。 9不可与你的姊妹乱伦。不论是同父异母的,还是同母异父的,成长在同一家庭,还是不同家庭,都不可与她乱伦。 10不可与孙女或外孙女乱伦,那会自取羞辱。 11不可与你父亲妻妾的女儿乱伦。她是你的姊妹,不可与她乱伦。 12不可与姑母乱伦,她是你父亲的亲人。 13不可与姨母乱伦,她是你母亲的亲人。 14不可与伯母或婶母乱伦而羞辱你伯父或叔父。 15不可与儿媳乱伦。她是你儿子的妻子,不可与她乱伦。 16不可与兄嫂或弟媳乱伦,她是你兄弟的妻子。

17“不可与一个女人性交,又与她女儿性交,也不可与她孙女或外孙女性交。她们是她的近亲。这都是邪恶行为。 18妻子还在世时,不可娶她的姊妹,与她的姊妹性交,使她们彼此作对。 19女人在月经期间不洁净,不可与她性交。 20不可与邻居的妻子性交,那会玷污自己。 21不可把儿女当作祭物献给假神摩洛,不可亵渎你上帝的名。我是耶和华。 22男人不可与男人性交,像和女人一样,这是可憎的。 23不可与兽类交合,玷污自己。女人也不可与兽类交合。这是变态行为。

24“你们不可做这些事玷污自己。因为我要在你们面前赶走的各国正是因为这些行为而玷污了自己。 25他们居住的土地也都被玷污了,所以我因他们的罪恶而惩罚那片土地,我要使那片土地吐出他们。 26你们必须遵守我的律例和典章。不论你们还是寄居在你们中间的外族人,都不可做这些可憎之事。 27因为在你们之前居住在那里的人做了这些可憎之事,玷污了那片土地。 28如果你们玷污了那片土地,它也会像吐出从前的居民一样把你们吐出去。 29凡做这些可憎之事的,要将他从民中铲除。 30你们要遵守我的命令,不要效法那片土地上居民的恶俗,以致玷污自己。我是你们的上帝耶和华。”

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 18:1-30

Mogyafra Yɛ Mmarato

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, 2‘Mene Awurade mo Onyankopɔn, 3enti mommmɔ mo bra sɛ abosonsomfoɔ. Monnyɛ sɛ nnipa a na mo ne wɔn te wɔ Misraim anaa Kanaan wɔ baabi a mede mo rekɔ no. Monnsuasua wɔn. 4Me mmara ne mʼahyɛdeɛ ara so na ɛsɛ sɛ modi; na ɛsɛ sɛ modi so pɛpɛɛpɛ, ɛfiri sɛ, mene Awurade mo Onyankopɔn. 5Sɛ modi so a, mobɛnya nkwa. Mene Awurade.

6“ ‘Mo mu biara nni ho ɛkwan sɛ ɔware obusuani a ɔbɛn no. Mene Awurade.

7“ ‘Ɛnsɛ sɛ abaayewa ware nʼagya anaasɛ ɔbabarima ware ne maame.

8“ ‘Anaa nʼagya yerenom mu bi.

9“ ‘Anaa ne nuabaa anaa nʼagya babaa anaa ne maame babaa, sɛ wɔwoo no efie no mu anaa efie foforɔ mu.

10“ ‘Ɛnsɛ sɛ moware mo nanabaa, sɛ ɔyɛ mo babarima babaa anaa mo babaa babaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ obusuani.

11“ ‘Ɛnsɛ sɛ woware wo nuabaa a ɔyɛ wʼagya yerenom bi babaa.

12“ ‘Anaa wo sewaa—wo agya nuabaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wʼagya abusuani pɛɛ.

13“ ‘Saa ara na ɛnsɛ sɛ woware wo maame a ɔyɛ wo maame nuabaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wo maame abusuani pɛɛ.

14“ ‘Wʼagya nuabarima yere nso, wonni ho ɛkwan sɛ woware no.

15“ ‘Wonni ho ɛkwan sɛ woware wo babarima yere, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wʼase.

16“ ‘Saa ara nso na wontumi nnware wo nuabarima yere, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wo nuabarima dea.

17“ ‘Worentumi nware ɔbaa bi nsane nware ne babaa anaa ne nanabaa nka ho, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛ abusuafoɔ pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso.

18“ ‘Ɛnsɛ sɛ woware anuanom mmaa baanu, ɛfiri sɛ, wɔbɛtwe kora. Na sɛ ɛba sɛ wo yere wu na woware ne nuabaa bi deɛ a, ɛyɛ.

19“ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa ɔbaa a wakɔ afikyire.

20“ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa wo yɔnko yere de gu wo ho fi.

21“ ‘Mfa wo mma mu biara mma Molek na ɔmmfa no mmɔ afɔdeɛ wɔ n’afɔrebukyia so. Ngu wo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri sɛ, mene Awurade.

22“ ‘Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da yɛ akyiwadeɛ kɛseɛ na ɛyɛ bɔne a ɛso nso.

23“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbaa de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwadeɛ kɛseɛ.

24“ ‘Monngu mo ho fi wɔ saa akwan ahodoɔ yi biara so na yeinom ne deɛ abosonsomfoɔ yɛ. Esiane sɛ wɔyɛ saa enti, merebɛyi wɔn afiri asase a morekɔ so no so. 25Saa ahohwibra no agu ɔman mu no nyinaa ho fi; ɛno enti na meretwe nnipa a wɔte hɔ no aso na mɛyi wɔn afiri asase no so. 26Ɛsɛ sɛ modi me mmara ne mʼahyɛdeɛ no nyinaa so pɛpɛɛpɛ na ɛnsɛ sɛ moyɛ saa akyiwadeɛ yi mu bi koraa. Saa mmara yi ka mo a wɔwoo mo Israelman mu ne ahɔhoɔ a wɔne mo te nyinaa. 27Ampa ara, ɛfiri sɛ daa nnipa a wɔte saa asase a mede mo rekɔ so no so yɛ saa akyiwadeɛ yi enti, asase no ho agu fi. 28Monnyɛ saa adeɛ no bi, anyɛ saa a, mɛpam mo afiri asase no so sɛdeɛ mɛyɛ wɔn a wɔte hɔ seesei no.

29“ ‘Obiara a ɔbɛyɛ akyiwadeɛ yi mu bi no, wɔbɛtwa no asuo afiri ɔman yi mu. 30Enti monhwɛ sɛ mobɛdi me mmara no so na monnyɛ saa abusudeɛ kɛseɛ yi bi. Monnkɔyɛ abususɛm a wɔn a wɔte asase a morekɔ so no yɛ no bi mmfa ngu mo ho fi. Mene Awurade mo Onyankopɔn.’ ”