创世记 47 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

创世记 47:1-31

雅各全家定居埃及

1约瑟来到法老面前,对他说:“我父亲和我的弟兄们已经带着他们的羊群、牛群和所有的一切从迦南来了,现在就在歌珊。” 2约瑟从弟兄中带了五个人去见法老。 3法老问他们:“你们做什么工作?”他们回答说:“仆人们祖祖辈辈都是牧羊的。 4迦南的饥荒很严重,羊群没有草吃,所以我们到这里来寄居,求你准许仆人们住在歌珊。” 5法老对约瑟说:“你父亲和弟兄们都来了, 6整个埃及就在你面前,尽管安排他们住在国中最好的地方。他们可以住在歌珊。如果你知道他们中间有能干的人,可以派他们看管我的牲畜。”

7约瑟又带父亲雅各去见法老,雅各就为法老祝福。 8法老问雅各:“你多大岁数了?” 9雅各回答说:“我在世上寄居一百三十年了,我的日子又苦又短,不像我祖先那样高寿。” 10雅各为法老祝福后,就告退了。 11约瑟遵照法老之命把埃及最好的地方——兰塞境内的土地给他父亲和弟兄们居住,作他们的产业。 12约瑟按各家人口提供粮食给父亲、弟兄及其他家人。

饥荒

13饥荒很严重,到处都缺粮,埃及迦南都饱受饥荒之苦。 14约瑟埃及人和迦南人向他买粮的银子收集起来,存放在法老的库房里。 15埃及人和迦南人的银子都用光了,埃及人就来见约瑟,对他说:“我们的钱财都用光了,求你给我们粮食,免得我们饿死在你面前。” 16约瑟说:“你们的钱财如果用尽了,可以用你们的牲畜来交换粮食。” 17于是,他们把牲畜赶到约瑟那里,用他们的牛、羊、驴和马跟约瑟换粮食。那一年,他们就依靠换来的粮食生活。

18到了第二年,他们又来见约瑟,对他说:“不瞒我主,我们的钱都用光了,牲畜也给你了,除了我们自己和田地以外,我们一无所有。 19求你不要让我们人死地荒。我们愿意用自己和我们的田地来换粮食,我们和我们的田地都归法老。求你给我们种子,我们好活下去,不致饿死,土地也不致荒废。”

20埃及人为饥荒所迫,纷纷卖掉自己的田地。约瑟替法老收购了埃及全国的田地,最后,所有的田地都归法老了。 21约瑟使埃及全境的人都成为法老的奴仆。 22约瑟唯独没有买祭司的田地,因为祭司吃法老的俸禄,有足够的供给,不用卖地。 23约瑟对百姓说:“我为法老买了你们和你们的土地,这里有种子,你们可以拿去耕种。 24但是你们要把收成的五分之一给法老,其余的,你们可以留下来作种子和全家人的口粮。” 25他们说:“你救了我们的命,求你恩待我们,让我们做法老的奴仆吧。” 26于是,约瑟立下一条法令,到今天还有效,就是埃及出产的五分之一归给法老。只有祭司的田地不归法老。

27以色列人住在埃及歌珊,在那里获得了产业,人口兴旺。 28雅各埃及住了十七年,他一共活了一百四十七岁。

29他快要离世的时候,把儿子约瑟叫来,说:“你如果恩待我,请你把手放在我大腿底下起誓,你会以慈爱和信实待我,不把我葬在埃及30我与祖先同眠后,你要把我带出埃及安葬在我祖先的身边。”约瑟说:“我必照你说的做。” 31雅各约瑟起誓,约瑟照做了。于是,以色列在床头47:31 在床头”或译“拄着拐杖”。敬拜上帝。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 47:1-31

1Yakob mma no bɛduruu Misraim asase so no, Yosef kɔka kyerɛɛ Farao sɛ, “Mʼagya ne me nuanom no de wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne wɔn agyapadeɛ nyinaa firi Kanaan asase so aba, na wɔwɔ Gosen asase so”. 2Yosef yii ne nuammarima no mu baanum de wɔn kɔkyeaa Farao.

3Farao bisaa anuanom no sɛ, “Adwuma bɛn na moyɛ?”

Wɔbuaa no sɛ, “Wo nkoa yɛ nnwanhwɛfoɔ, sɛdeɛ na yɛn agyanom nso yɛ nnwanhwɛfoɔ no.” 4Anuanom no toaa so sɛ, “Yɛaba ha sɛ amamfrafoɔ a yɛrebɛtena ha kakra, ɛfiri sɛ, ɛkɔm no ano yɛ den yie wɔ Kanaan asase so hɔ, na wo nkoa nnwan nnya aduane nni. Enti, yɛresrɛ wo kwan na yɛatena Gosen asase so ha.”

5Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Wʼagya ne wo nuanom aba wo nkyɛn. 6Misraim asase nyinaa hyɛ wo nsa. Ma wʼagya ne wo nuammarima baabi pa na wɔntena. Ma wɔntena Gosen asase so. Sɛ wonim wɔn mu bi a wɔwɔ mmoayɛn ho nimdeɛ a, ma wɔnhwɛ me nnwan so mma me.”

Yakob Hyira Farao

7Afei, Yosef kɔfaa nʼagya Yakob de no bɛkyiaa Farao maa Yakob hyiraa no. 8Farao bisaa Yakob sɛ, “Woadi mfeɛ ahe?”

9Yakob buaa Farao sɛ, “Madi mfeɛ ɔha ne aduasa a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ wɔ mu. Mennuru mʼagyanom nkwanna a wɔde tenaa asase so no ho hwee.” 10Na Yakob hyiraa Farao, na ɔfirii nʼanim kɔeɛ.

11Enti, Yosef bɔɔ nʼagya ne ne nuanom no atenaseɛ wɔ Misraim asase so. Ɔmaa wɔn agyapadeɛ wɔ asase no fa baabi a ɛyɛ pa ara wɔ Rameses mansini mu, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no. 12Yosef maa nʼagya ne ne nuanom no aduane sɛdeɛ wɔn mma dodoɔ te.

13Na aduane nni hɔ baabiara, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm a aba no ano ayɛ den yie. Saa ɛkɔm yi kaa Misraim ne Kanaan asase nyinaa maa emu nnipa ne mfudeɛ twintwameeɛ. 14Yosef prapraa Misraim ne Kanaan asase so sika nyinaa a ɔnya firii aduanetɔn no mu no baa Farao ahemfie. 15Ɛberɛ a nnipa a wɔwɔ Misraim ne Kanaan asase so ho sika nyinaa saeɛ no, Misraim nnipa nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn ho sika nyinaa asa, enti ma yɛn aduane nni! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwuwu?”

16Yosef buaa wɔn sɛ, “Sɛ mo sika asa deɛ a, momfa mo nnwan ne mo anantwie mmra mmɛgye aduane.” 17Enti, wɔde wɔn mmoa no brɛɛ Yosef. Mmoa a wɔde wɔn bɛsesaa aduane no yɛ apɔnkɔ, nnwan, mpɔnkye, anantwie ne mfunumu. Saa afe no mu no, wɔde wɔn mmoa nyinaa bɛsesaa aduane.

18Afe akyiri no, Misraimfoɔ no nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛkaa sɛ, “Yɛrentumi mfa biribiara nhinta yɛn wura. Yɛn ho sika nyinaa asa, na yɛn anantwie nso yɛ wo dea. Biribiara bio nni hɔ a yɛbɛtumi de abrɛ wo, yɛn wura, sɛ yɛn nnipadua ne yɛn nsase nko. 19Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛhwere yɛn nkwa ne yɛn nsase wɔ wʼanim! Afei, ma yɛmfa yɛn nnipadua ne yɛn nsase nyinaa mmɛsesa aduane. Yɛde yɛn ho ne yɛn nsase nyinaa bɛkɔ nkoasom mu. Ma yɛn aburoo, na ɛkɔm ankum yɛn, amma asase no nso anna mpan.”

20Enti, Yosef tɔɔ Misraim nsase nyinaa maa Farao. Esiane ɛkɔm no ano den enti, Misraimfoɔ no tɔn wɔn nsase no nyinaa. Ɛyɛɛ saa maa nsase no nyinaa bɛdii Farao nsam. 21Ɛfiri Misraim tire kɔsi tire, Yosef de mu nnipa nyinaa bɛyɛɛ ne nkoa. 22Asɔfoɔ nko ara nsase na wantɔ, ɛfiri sɛ, asɔfoɔ no deɛ, na Farao atwa anoduane bi de ama wɔn. Ne saa enti na wɔn deɛ, wɔantɔn wɔn nsase no.

23Yosef ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Afei a matɔ mo ne nsase de ama Farao yi, mo nso, monnye aburoo nkɔdua. 24Na sɛ aburoo no yɛ yie, na motwa a, momfa nkyɛmu enum mu baako mmrɛ Farao. Na nkyɛmu enum mu ɛnan a ɛbɛka no, mo ne mo fiefoɔ ne mo mma nni bi, na monnya bi nso a mobɛdua.”

25Wɔkaa sɛ, “Anokwa, woagye yɛn nkwa. Ka kyerɛ yɛn wura Farao sɛ, ɔnnye yɛn ntom, na yɛnyɛ nkoa.”

26Ɛnam saa asɛm yi so maa mmara a Yosef hyɛeɛ sɛ, wɔmfa asase no so nnɔbaeɛ nyinaa mu nkyɛmu enum mu baako mma Farao no da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Asɔfoɔ no nsase nko ara na ankɔdi Farao nsam.

Yosef Hyɛ Nʼagya Bɔ

27Israelfoɔ no bɔɔ atenaseɛ wɔ Gosen mansini a ɛwɔ Misraim asase so no so. Wɔnyaa agyapadeɛ wɔ hɔ, na wɔn ase nso dɔree yie.

28Yakob tenaa Misraim mfeɛ dunson. Ɔdii mfirinhyia ɔha ne aduanan nson ansa na ɔrewu. 29Ɛduruu sɛ Yakob rebɛwuo no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef, ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, sɛ wodɔ me deɛ a, ka ntam di nse sɛ, wobɛyɛ me adɔeɛ, adi me nokorɛ. Sɛ mewu a, nsie me wɔ Misraim ha. 30Sɛ mewu a, momfa me mfiri Misraim ha, nkɔsie me wɔ baabi a wɔsiee me mpanimfoɔ no.”

Yosef hyɛɛ bɔ sɛ, “Mɛdi asɛm a woaka no so.”

31Yakob kaa bio sɛ, “Ka ntam kyerɛ me.” Yosef kaa ntam no, na Israel nso butuu ne poma so sɔree Onyankopɔn.