创世记 24 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

创世记 24:1-67

亚伯拉罕为以撒娶妻

1亚伯拉罕已经年迈,耶和华在一切的事上都赐福给他。 2亚伯拉罕对他的老总管说:“请你把手放在我大腿底下, 3我要你凭耶和华——掌管天地的上帝起誓,你不会找这迦南的女子做我儿子的妻子。 4你要回到我的家乡,在我的亲族中为以撒物色妻子。” 5老总管问他:“如果那女子不肯跟我到这里来,我要把你儿子带回你的家乡吗?” 6亚伯拉罕说:“你千万不可带我的儿子回那里! 7因为带领我离开父家和本乡的耶和华——天上的主,曾经向我说话,起誓应许把这片土地赐给我的后代。祂必派天使在你前面引路,帮助你在那里为我儿子找到妻子。 8如果那女子不肯跟你来,你也算履行了你向我起的誓,只是你不可带我儿子回那里。” 9于是,老总管就把手放在他主人亚伯拉罕的大腿底下,为这事向他起誓。

10老总管带着主人的十匹骆驼和各种上好的礼物,启程前往美索不达米亚,来到拿鹤住的城。 11黄昏,妇女们出来打水的时候,他让骆驼跪在城外的井旁, 12然后祷告说:“我主人亚伯拉罕的上帝耶和华啊,求你施恩给我家主人亚伯拉罕,让事情今天能够成就。 13现在,我站在这泉水旁,城里的少女正出来打水。 14如果我对哪个少女说‘请放下你的水罐,让我喝点水’,如果她说‘请喝,我也打水给你的骆驼喝’,愿那女子做你为自己的仆人以撒选定的妻子。这样,我可以知道你施恩给我的主人了。”

老总管井旁遇利百加

15老总管的话还没有说完,就有一位名叫利百加的少女肩上扛着水罐走出来。她是彼土利的女儿,彼土利亚伯拉罕的兄弟拿鹤密迦所生的儿子。 16利百加长得非常美丽,是个处女,没有男人亲近过她。她下到井旁,把水罐盛满了水后上来。 17老总管跑上前去对她说:“求你给我一点水喝。” 18她回答说:“我主,请喝!”说完,立刻放下水罐,托在手上让他喝。 19等他喝完以后,利百加又说:“我再为你的骆驼打些水来,让它们喝个饱。” 20于是,她马上把水罐里的水倒进水槽里,又跑到井边为所有的骆驼打水。 21当时,老总管在一旁静静地注视着利百加,要看看耶和华是否使他此行顺利。

22骆驼喝过水以后,老总管拿出一只约六克重的金环和一对约一百一十克重的金镯给利百加23对她说:“请问你是谁的女儿?你父亲家里有地方让我们住宿吗?” 24利百加回答说:“我是彼土利的女儿,我父亲是拿鹤密迦的儿子。 25我家里有充足的粮草,也有地方让你留宿。” 26老总管听了,就俯伏敬拜耶和华, 27说:“我主人亚伯拉罕的上帝耶和华当受称颂,因为祂一直以慈爱和信实对待我的主人,引导我一路走到我主人兄弟的家里。”

28利百加跑回家中,把这事告诉了母亲和家人。 29利百加有个哥哥名叫拉班30他看见妹妹的金环和手上的金镯,听了她叙述老总管的话,就跑到井旁,见老总管跟骆驼仍然站在那里, 31便对他说:“你这蒙耶和华赐福的人,请到我家。为什么站在外面呢?我已经为你预备好了房间,也为骆驼预备了地方。” 32老总管就到了拉班的家里,拉班卸下骆驼背上的东西,给骆驼喂上草料,打水给老总管和随行的人洗脚。 33他们备好了晚餐给他吃,老总管却说:“不,等我说明来意后再吃。”拉班说:“请说。”

34老总管说:“我是亚伯拉罕的仆人。 35耶和华赐给我主人极大的福气,使他非常富有。耶和华赐给他牛群、羊群、金子、银子、男女仆婢、骆驼和驴。 36我主人的妻子撒拉在晚年生了一个儿子,主人把所有的财产都给了他。 37主人要我起誓,他说,‘你不可以给我的儿子娶迦南女子为妻, 38你要到我家乡的亲族中为我儿子物色妻子。’ 39我问我的主人,‘如果那女子不愿意跟我回来怎么办?’ 40他说,‘我一向事奉的耶和华必会派天使与你同行,使你一路顺利,为我儿子在家乡的亲族中物色妻子。 41你去就是履行了你向我起的誓,如果我的亲族不肯把女子交给你,你也算履行了你向我起的誓。’

42“所以,今天我来到井旁时曾祷告说,‘我主人亚伯拉罕的上帝耶和华啊,求你使我一路顺利。 43我现在站在井旁,有女子出来打水的时候,我会向她要水喝, 44如果她说,请喝,我也打水给你的骆驼喝,就让她做你为我家主人的儿子预备的妻子吧。’

45“我心中的话还没有说完,就看见利百加肩上扛着水罐到井旁打水。我上前向她要水喝, 46她就连忙放下肩上的水罐,说,‘请喝,我也打水给你的骆驼喝。’我喝了,她又打水给骆驼喝。 47我问她是谁家的女儿,她说,‘是拿鹤密迦的儿子彼土利的女儿。’我就替她戴上金鼻环和金手镯, 48然后俯伏敬拜耶和华——我主人亚伯拉罕的上帝,因为祂引导我走正确的路,找到了主人兄弟的孙女儿给主人的儿子做妻子。 49现在,你们若愿意以慈爱和信实对待我的主人,答应这门亲事,请告诉我;如果不答应,也请告诉我,好让我知道应该怎么办。”

50拉班彼土利回答说:“既然是耶和华的安排,我们不能再多说什么。 51你看,利百加就在这里,你可以照耶和华的话,把她带回去给你主人的儿子做妻子。” 52亚伯拉罕的仆人听见这话,就俯伏在地上敬拜耶和华, 53然后拿出金银首饰和衣裳送给利百加,又把贵重的礼物送给她的哥哥和母亲。 54老总管和随行的人用过晚饭以后,在那里住了一夜。第二天早晨,老总管说:“请让我返回我主人那里。” 55利百加的哥哥和母亲说:“让利百加和我们住上十来天再去吧!” 56可是,老总管说:“既然耶和华已经使我一路顺利,请你们不要挽留我,请让我回到我主人那里。” 57他们说:“我们问问利百加的意见吧。” 58他们就叫来利百加,问她:“你愿意跟这个人同去吗?”利百加说:“我愿意!” 59于是,他们让利百加和她的奶妈跟老总管及随行的人一同离去, 60并为利百加祝福,说:

“我们的妹妹啊,

愿你成为千万人之母!

愿你的后代战胜仇敌!”

以撒与利百加成婚

61于是,利百加和她的婢女们准备妥当,骑上骆驼,跟着老总管离去。

62那时,以撒住在南地,他刚从庇耳·拉海·莱回来。 63傍晚的时候,以撒来到田间默想,他抬头一看,见一队骆驼迎面而来。 64利百加抬头看见以撒,就从骆驼上下来, 65问老总管:“那从田间来迎接我们的是谁?”老总管说:“是我的主人!”利百加听了就蒙上面纱。 66老总管向以撒讲述整个事情的经过。 67以撒就带利百加进入他母亲撒拉的帐篷,娶她为妻,并且很爱她。自从母亲去世后,以撒这才得到安慰。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 24:1-67

Isak Ware Rebeka

1Na Abraham anyini a ne mfeɛ kɔ ɛkan yie. Awurade hyiraa no akwan ahodoɔ nyinaa so. 2Ɛda koro bi, Abraham ka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ panin a ɔhwɛ nʼagyapadeɛ nyinaa so sɛ, “Fa wo nsa ka me srɛ ase. 3Mepɛ sɛ woka Awurade a ɔyɛ ɔsoro ne asase Onyankopɔn ntam sɛ, worenware Kanaanfoɔ a me ne wɔn te yi babaa biara mma me babarima Isak. 4Na mmom, wobɛkɔ me ɔman mu, mʼabusuafoɔ nkyɛn, akɔware ɔbaa abrɛ no.”

5Ɔsomfoɔ no bisaa Abraham sɛ, “Me wura, na sɛ ɛba sɛ ɔbaa no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no ɛdeɛn? Memfa wo babarima no nkɔ wo ɔman no mu anaa?”

6Abraham kaa sɛ, “Hwɛ yie na woamfa me babarima no ankɔ hɔ da. 7Awurade, ɔsoro Onyankopɔn a ɔde me firi mʼagya fie ne mʼasase so baa ha, na ɔkaa ntam hyɛɛ me bɔ sɛ, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ no.’ Ɔno ara na ɔbɛsoma ne ɔbɔfoɔ adi wʼanim akɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛnya ɔyere afiri hɔ ama me babarima no. 8Sɛ ɛba sɛ, ɔbaa no ampene sɛ ɔne wo bɛba a, wo ntam a wokaeɛ no nkyekyere wo. Ɛnsɛ sɛ wode me babarima no kɔ hɔ.” 9Enti, ɔsomfoɔ no de ne nsa kaa ne wura Abraham srɛ ase, kaa saa asɛm yi ho ntam.

10Afei, ɔsomfoɔ no faa ne wura nyoma no mu edu kɔeɛ. Ɔrebɛkɔ no, ɔgyee ne wura Abraham nkyɛn nnepa ahodoɔ bebree kaa ho. Ɔde nʼani kyerɛɛ Mesopotamia, kɔduruu Nahor kuro mu. 11Ɔduruu Nahor kurotia no, ɔmaa nyoma no butubutuu abura bi a ɛwɔ hɔ ho. Na onwunu adwo a ɛyɛ ɛberɛ a mmaa bɛto nsuo wɔ abura no mu.

12Na ɔsomfoɔ no bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, me wura Abraham Onyankopɔn, hunu me wura Abraham mmɔbɔ, na boa me, na mʼakwantuo yi nsi yie. 13Hwɛ, megyina abura yi so, na kuro yi mu mmabaawa rebɛto nsuo. 14Ma ɛmmra mu sɛ, ababaawa biara a mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsuo no bi nnom no,’ sɛ ɔka sɛ, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ a, ɔnyɛ ababaawa a woapa no ama wʼakoa Isak. Ɛnam yei so bɛma mahunu sɛ, woahunu me wura mmɔbɔ.”

15Ɔgu so rebɔ mpaeɛ no na Rebeka baeɛ a ne sukuruwa si nʼabati so. Saa Rebeka no yɛ Betuel ba. Betuel no nso yɛ Abraham nuabarima Nahor ne ne yere Milka babarima. 16Na Rebeka no yɛ ɔbaabunu a ne ho yɛ fɛ yie. Na ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da. Ɔsiane kɔɔ abura no so, kɔhyɛɛ ne sukuruwa no nsuo ma, sane baeɛ.

17Ɔsomfoɔ no de ahoɔherɛ kɔhyiaa Rebeka, ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, hwie wo sukuruwa no mu nsuo no kakra ma mennom.”

18Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kaa sɛ, “Me wura, gye bi nom.”

19Rebeka maa ɔsomfoɔ no nsuo no bi nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Mɛsane akɔtwe nsuo no bi abrɛ wo nyoma no nyinaa nso anom.” 20Enti, Rebeka de ahoɔherɛ hwiee ne nsuo no guu anomeeɛ bi mu, sane kɔtwee nsuo a ɛbɛso nyoma no nyinaa nom de baeɛ. 21Ɔsomfoɔ no hwɛɛ Rebeka komm, karii no pɛɛ sɛ ɔhunu sɛ Awurade ama nʼakwantuo no asi no yie anaa.

22Nyoma no nom nsuo no wieeɛ no, ɔsomfoɔ no yii sikakɔkɔɔ hwenemukawa a emu duru kari gram nsia ne sikakɔkɔɔ nkapo mmienu a ɛno nso mu duru yɛ gram ɔha dunan. 23Afei, ɔbisaa sɛ, “Hwan ba ne wo? Mesrɛ wo, yɛbɛnya daberɛ wɔ wo agya fie ama adeɛ akye anaa?”

24Rebeka buaa no sɛ, “Betuel babaa ne me. Me nananom ne Milka ne Nahor.” 25Ɔka kaa ho sɛ, “Yɛwɔ ɛserɛ ne mmoa aduane bebree ne baabi a, mo nso, mobɛda.”

26Afei, ɔsomfoɔ no buu nkotodwe, sɔree Awurade Onyankopɔn sɛ, 27“Nhyira nka Awurade, me wura Abraham Onyankopɔn, sɛ ɔnnyaee nokorɛdie ne ayamyɛ a ɔyɛ ma me wura no. Me deɛ, Awurade adi mʼanim wɔ mʼakwantuo yi mu, de me abɛduru me wura abusuafoɔ fie.”

28Rebeka tuu mmirika kɔkaa nsɛm a asisie no nyinaa kyerɛɛ ne maame fiefoɔ. 29Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Laban tee asɛm no, ɔde ahoɔherɛ kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no so. 30Laban hunuu hwenemukawa no ne nkapo a ɛgu ne nuabaa no nsa no, na ɔtee asɛm a ɔbarima no ka kyerɛɛ Rebeka no, ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn kɔhunuu sɛ ɔgyina nyoma no ho wɔ asubura no so. 31Laban ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ no sɛ, “Bra, wo a Awurade ahyira wo.” Ɔbisaa ɔsomfoɔ no sɛ, “Adɛn enti na wogyina kurotia ha? Masiesie wo daberɛ ne baabi a nyoma no nso bɛda.”

32Enti, ɔsomfoɔ no kɔɔ efie hɔ maa Laban yiyii nneɛma a ɛsoso nyoma no. Wɔmaa nyoma no ɛserɛ ne aduane, afei Laban maa ɔsomfoɔ no ne nnipa a wɔka ne ho no nsuo de hohoroo wɔn nan ho. 33Yei akyiri no, ɔtoo wɔn ɛpono. Nanso, ɔsomfoɔ no kaa sɛ, “Merempɛ sɛ mɛdidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.”

Laban kaa sɛ, “Bɔ wʼamanneɛ ɛ.”

34Enti, ɔsomfoɔ no bɔɔ nʼamanneɛ sɛ, “Meyɛ Abraham ɔsomfoɔ. 35Awurade ahyira me wura bebree, ama wayɛ ɔdefoɔ. Wama no nnwan ne anantwie, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa ne nyoma ne mfunumu. 36Bio, me wura yere Sara awo ɔbabarima ama no wɔ ne mmerewaberɛ mu; Awurade na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ama no. 37Me wura maa mekaa ntam sɛ, ‘Worenware Kanaanfoɔ a me ne wɔn te yi babaa biara mma me babarima Isak. 38Na mmom, wobɛkɔ me ɔman mu, mʼabusuafoɔ nkyɛn, akɔware ɔbaa wɔ hɔ abrɛ me babarima Isak.’

39“Na mebisaa me wura sɛ, ‘Na sɛ ɛba sɛ, ɔbaa no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no ɛdeɛn?’

40“Me wura Abraham buaa sɛ, ‘Awurade a manante nʼanim no bɛsoma ne ɔbɔfoɔ, adi wʼanim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wʼakwantuo no bɛsi yie, na woanya ɔyere ama me babarima afiri mʼabusua mu a ɛyɛ mʼagya fie no mu. 41Afei, sɛ ɛba sɛ, woba mʼabusua mu, na sɛ wɔamfa ɔbaa no amma wo a, wo ntam a wokaeɛ no renkyekyere wo.’

42“Mebaa asubura no so ɛnnɛ no, mesrɛɛ sɛ, ‘Ao, Awurade, me wura Abraham Onyankopɔn, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma akwantuo yi nsi me yie! 43Hwɛ, megyina abura yi so. Sɛ ababaawa bi bɛto nsuo wɔ ha, na meka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsuo no kakra nnom” no, 44na sɛ ɔka sɛ, “Nom bi, na mɛma wo nyoma no nso bi anom” a, ɔnyɛ ababaawa a Awurade apa no ama me wura Abraham babarima Isak no.’

45“Ansa na mɛwie mʼakoma mu mpaeɛbɔ no, Rebeka puee a sukuruwa si ne batiri so. Rebeka kɔɔ abura no so, kɔtoo nsuo, na meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma me nsuo no bi nnom.’

46“Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kaa sɛ, ‘Me wura, gye bi nom na mɛsane atwe nsuo no bi abrɛ wo nyoma no nyinaa nso anom.’ Enti, menom nsuo no bi, na ɔmaa nyoma no nyinaa nso bi nomeeɛ.

47“Mebisaa no sɛ, ‘Hwan ba ne wo?’

“Rebeka buaa sɛ, ‘Betuel ba ne me. Me nananom ne Milka ne Nahor.’

“Ɛhɔ ara na mede hwenemukawa no hyɛɛ ne hwenemu, ɛnna mede nkapo no nso guu ne nsa. 48Afei, mebɔɔ me mu ase sɔree Awurade. Mekamfoo Awurade a ɔyɛ me wura, Abraham Onyankopɔn, a wadi mʼanim de me afa ɛkwan pa so, ama manya me wura nuabarima nana aware ama ne babarima no. 49Afei, sɛ wobɛyɛ me wura adɔeɛ adi no nokorɛ a, ka kyerɛ me. Sɛ ɛnte saa nso a, ka kyerɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛhunu ɛkwan ko a mɛfa so.”

50Laban ne Betuel buaa sɛ, “Saa asɛm yi firi Awurade enti, yɛnni ho asɛm biara. 51Rebeka ni. Momfa no nkɔ, na ɔnkɔware mo wura no babarima no, sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.”

52Ɛberɛ a Abraham ɔsomfoɔ no tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔbuu nkotodwe wɔ Awurade anim. 53Afei, ɔsomfoɔ no yii sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwinneɛ ne ntadeɛ maa Rebeka. Ɔsane de nneɛma a ɛsom bo yie yɛɛ Rebeka nuabarima ne ne maame ayɛ. 54Afei, ɔsomfoɔ no ne nnipa a wɔka ne ho no didi nomeeɛ, na wɔda maa adeɛ kyeeɛ.

Adeɛ kyee anɔpa a wɔsɔreeɛ no, ɔsomfoɔ no kaa sɛ, “Monnya me ɛkwan, na mensane nkɔ me wura nkyɛn.”

55Nanso, Rebeka nuabarima no ne ne maame buaa ɔsomfoɔ no sɛ, “Ma ababaawa no ntena yɛn nkyɛn bɛyɛ sɛ dadu bi, na ɛno akyiri, wode no akɔ.”

56Akoa no buaa wɔn sɛ, “Awurade ahyira mʼakwantuo yi so ama me yi deɛ, mesrɛ mo, monnnye me nka ha. Monnya me ɛkwan, na mensane nkɔ me wura nkyɛn.”

57Afei, wɔsii gyinaeɛ sɛ, “Momma yɛmfrɛ ababaawa no, na yɛmmisa nʼadwene.” 58Enti, wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ anaa?”

Rebeka buaa sɛ, “Aane, mɛkɔ!”

59Enti, wɔgyaa Rebeka ne ɔbaa a ɔgyegyee no ne nkwadaaberɛm ne Abraham ɔsomfoɔ no ne ne nkurɔfoɔ ɛkwan. 60Wɔhyiraa Rebeka sɛ,

“Onuabaa, Awurade nka wo ho,

na wʼase nnɔ mpempem!

Awurade mma wʼasefoɔ no

nni wɔn atamfoɔ nyinaa so nkonim.”

61Afei, Rebeka ne ne mmaawa siesiee wɔn ho, tenatenaa wɔn nyoma so ne Abraham ɔsomfoɔ no kɔeɛ. Yei ne ɛkwan a Abraham ɔsomfoɔ no faa so de Rebeka kɔeɛ.

62Saa ɛberɛ no, na Isak a na anka ɔte Negeb no firi hɔ abɛtena Beer-Lahai-Roi. 63Ɛda koro anwummerɛ bi a Isak kɔtuu mpase srɛ so refa adwene no, ɔtoo nʼani hunuu sɛ nyoma sa so reba. 64Rebeka nso too nʼani, na ɔhunuu Isak. Rebeka si firii ne yoma no so, 65bisaa Abraham ɔsomfoɔ no sɛ, “Ɔbarima bɛn na ɔnam ɛserɛ yi so rebɛhyia yɛn yi?”

Ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Ɔyɛ me wura babarima.” Enti, Rebeka yii ne nkatanimu de kataa nʼanim.

66Abraham ɔsomfoɔ no bɔɔ Isak nsɛm a asisie no nyinaa ho amaneɛ. 67Isak de Rebeka kɔɔ ne maame Sara ntomadan mu. Na ɔwaree no, ma ɔbɛyɛɛ ne yere. Na ɔdɔ no yie. Yei maa Isak werɛ kyekyereeɛ wɔ ne maame Sara wuo akyiri.