创世记 10 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

创世记 10:1-32

挪亚三个儿子的后代

1洪水以后,挪亚的儿子雅弗都生养了儿女,以下是他们的后代。

2雅弗的儿子是歌篾玛各玛代雅完土巴米设提拉3歌篾的儿子是亚实基拿利法陀迦玛4雅完的儿子是以利沙他施基提多单5雅弗的这些后裔按宗族、语言和民族分散在各海岛。

6的儿子是古实麦西10:6 麦西”希伯来文是Mizraim,就是“埃及”,13节亦同。迦南7古实的儿子是西巴哈腓拉撒弗他拉玛撒弗提迦拉玛的儿子是示巴底但

8古实也是宁录之父,宁录是世上第一位勇士, 9在耶和华眼中是个孔武有力的猎人,因此有俗话说:“要像宁录那样在耶和华眼中是个孔武有力的猎人。” 10他首先在示拿地区的巴别以力亚甲甲尼各地建国, 11后来扩展到亚述,在那里建立了尼尼微利河伯迦拉各城, 12又在尼尼微迦拉之间建立了利鲜大城。

13麦西的后代有路低人、亚拿米人、利哈比人、拿弗土希人、 14帕斯鲁细人、迦斯路希人和迦斐托人。非利士人是迦斐托人的后代。

15迦南生长子西顿和次子16他的后代还有耶布斯人、亚摩利人、革迦撒人、 17希未人、亚基人、西尼人、 18亚瓦底人、洗玛利人和哈马人。后来迦南各宗族散居在各地。 19迦南的疆域从西顿基拉耳延伸,远至迦萨,再向所多玛蛾摩拉押玛洗扁延伸,远至拉沙20以上记载的都是的子孙,他们根据自己的宗族、语言、地域和民族散居各处。

21雅弗的哥哥希伯子孙的祖先。 22的儿子是以拦亚述亚法撒路德亚兰23亚兰的儿子是乌斯户勒基帖玛施24亚法撒沙拉沙拉希伯25希伯有两个儿子,一个名叫法勒,意思是分开,因为那时人们分地而居。法勒的兄弟叫约坍26约坍亚摩答沙列哈萨玛非耶拉27哈多兰乌萨德拉28俄巴路亚比玛利示巴29阿斐哈腓拉约巴。这些都是约坍的儿子。 30他们居住的地方,从米沙直到东边的西发山区。 31以上记载的都是的子孙,他们按着自己的宗族、语言、地域和民族散居各处。

32这些人都是洪水以后挪亚三个儿子所生的子孙,他们按着自己的族系散居在各地,后来成为地上不同的民族。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 10:1-32

Noa Awoɔ Ntoatoasoɔ

1Yeinom ne Noa mmammarima: Wɔn ne Sem, Ham ne Yafet asefoɔ. Wɔwowoo mmammarima nsuyire no akyiri.

Yafet Asefoɔ

2Yafet asefoɔ nie:

Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

3Gomer asefoɔ nie:

Askenas, Rifat ne Togarma.

4Yawan asefoɔ nie:

Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim. 5Na wɔn asefoɔ bɛyɛɛ ɛpo so adwumayɛfoɔ wɔ nsase ahodoɔ so a na abusuakuo biara ka ne kasa nko.

Ham Asefoɔ

6Ham asefoɔ nie:

Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

7Kus10.7 Kus aman ahodoɔ nson no nyinaa wɔ Arabia. asefoɔ nie:

Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka.

Na Raama asefoɔ nso ne:

Saba ne Dedan.

8Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ wɔ asase so. 9Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokoɔdurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no no ho. 10Nʼahennie hyɛɛ aseɛ wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a, ne nyinaa wɔ Sinear10.10 Sinear kyerɛ tete Babilonia. asase so. 11Ɔfirii saa asase no so trɛɛ nʼahennie mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne 12Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kuro kɛseɛ wɔ saa ahemman no mu.

13Na Misraim woo

Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ, 14Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔyɛ Filistifoɔ10.14 Filistifoɔ ase firi tu firii Kreta (Yer 47.4; Amos 9.7). Mfeɛ ɔha ne dumienu mu a ansa na wɔrewo Kristo no (AWK) na wɔdii Misraim so. Wɔpamoo wɔn firii Misraim no, wɔkɔbɔɔ atenaseɛ wɔ Kanaan mpoano. agyanom.

15Na Kanaan woo nʼabakan

Sidon ne Het. 16Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ, 17Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ, 18Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ.

Akyire yi, Kanaanfoɔ mmusua no peteeɛ. 19Kanaan nsase ahyeɛ trɛ firii Sidon kɔduruu Gerar de kɔsii Gasa kɔduruu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kɔsi Lasa.

20Yeinom ne Ham asefoɔ a wɔn mmusuakuo, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.

Sem Asefoɔ

21Sem a na ne nua panin ne Yafet no nso woo mmammarima. Sem nananom ne Eber mma.

22Sem asefoɔ nie:

Elam, Asur,10.22 Asur yɛ Asiria tete din. Arfaksad, Lud ne Aram.

23Aram asefoɔ nie:

Us, Hul, Geter ne Mas.

24Na Arfaksad woo Sela,

ɛnna Sela woo Eber.

25Eber woo mmammarima baanu.

Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.

26Yoktan woo

Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, 27Hadoram, Usal, Dikla, 28Obal, Abimael, Seba, 29Ofir, Hawila ne Yobab.

30Asase a wɔte so no trɛ firi Mesa kɔsi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔ so wɔ apueeɛ fam no.

31Yeinom ne Sem mmammarima, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.

32Yeinom ne Noa mmammarima mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ te wɔ wɔn amanaman mu. Na ɛfiri yeinom mu na nsuyire no akyiri amanaman petee asase so.