列王纪上 9 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

列王纪上 9:1-28

耶和华再次向所罗门显现

1所罗门建完耶和华的殿、自己的王宫和所有要建的建筑后, 2耶和华像在基遍一样再次向他显现, 3对他说:“我听了你的祷告和祈求。我已使你建的殿成为圣洁之地,让我的名永在其中,我会一直眷顾这殿。 4如果你像你父亲大卫一样存诚实正直的心事奉我,遵行我的一切吩咐,谨守我的律例和典章, 5我必使你的王位在以色列永远稳固,正如我曾向你父亲大卫应许要使他的王朝永不中断。

6“然而,如果你们及你们的子孙离弃我,不守我的诫命和律例,去供奉、祭拜别的神明, 7我必把以色列人从我赐给他们的土地上铲除,并离弃我为自己的名而使之圣洁的这殿,使以色列人在万民中成为笑柄,被人嘲讽。 8这殿虽然宏伟,但将来经过的人必惊讶,讥笑说,‘耶和华为什么这样对待这地方和这殿呢?’ 9人们会回答,‘因为他们背弃曾领他们祖先离开埃及的耶和华——他们的上帝,去追随、祭拜、供奉别的神明,所以耶和华把这一切灾祸降在他们身上。’”

所罗门的事迹

10所罗门用二十年的时间兴建了耶和华的殿和自己的王宫。 11泰尔希兰供应了所罗门所需要的一切香柏木、松木和黄金,所罗门王就把加利利一带的二十座城送给他。 12希兰泰尔去视察这些城,然后满心不悦地对所罗门说: 13“兄弟啊,你送给我的是什么城邑呀?”因此,他称这个地区为迦步勒9:13 迦步勒”希伯来文的意思为“没有价值”。,沿用至今。 14希兰供应了所罗门王约四吨金子。

15所罗门征召劳役兴建耶和华的殿、自己的王宫、米罗堡和耶路撒冷的城墙以及夏琐米吉多基色16从前埃及王法老攻陷基色,火烧全城,杀了城内的迦南人,把基色赐予女儿,即所罗门之妻作嫁妆。 17所罗门现在重建基色、下伯·和仑18巴拉和境内沙漠地区的达莫19他还建造了所有的储货城、屯车城、养马城和计划在耶路撒冷黎巴嫩及全国兴建的城邑。

20当时国中有亚摩利人、人、比利洗人、希未人和耶布斯人的后裔, 21以色列人没能灭绝这些外族人,所罗门让他们服劳役,至今如此。 22所罗门王没有让以色列人服劳役,而是让他们做战士、官长、统帅、将领、战车长和骑兵长。 23他还任命五百五十名监工负责监管工人。

24法老的女儿从大卫城迁到为她建造的宫殿以后,所罗门动工兴建米罗堡。 25耶和华的殿落成以后,所罗门每年三次在他为耶和华筑的坛上献燔祭、平安祭并在耶和华面前烧香。

26所罗门王在以东境内的红海边、靠近以禄以旬·迦别制造船只。 27希兰派有经验的水手与所罗门的水手一起出海, 28俄斐所罗门王运回了十四吨黄金。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 9:1-28

Awurade Mmuaeɛ

1Ɛberɛ a Salomo wiee Awurade asɔredan no ne ahemfie no sie no, ɔhunuu sɛ wayɛ deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ no nyinaa awie. 2Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ no ne mprenu so, sɛdeɛ na wada ne ho adi akyerɛ no wɔ Gibeon dada no. 3Awurade ka kyerɛɛ no sɛ:

“Mate wo mpaeɛbɔ ne wʼadesrɛ. Mate saa asɔredan yi a woasi no ho, sɛdeɛ wɔbɛhyɛ me din animuonyam wɔ hɔ afebɔɔ. Mɛhwɛ so na mama mʼani aku ho.

4“Na wo, sɛ wode nokorɛ ne nyamesuro di mʼakyi, sɛdeɛ wʼagya Dawid yɛeɛ, na ɔdii me mmara ne mʼahyɛdeɛ nyinaa so no a, 5mɛtim wʼahennie nnidisoɔ ase wɔ Israel afebɔɔ, sɛdeɛ meka kyerɛɛ wʼagya Dawid sɛ, ‘Ɛremma sɛ worennya ɔbarima bi nntena Israel ahennwa no so da no.’

6“Na sɛ wo anaa wo mmammarima dane firi me ho, na wɔbu me mmara ne mʼahyɛdeɛ a mede ama mo no so, na sɛ wɔfiri akyire kɔsom anyame afoforɔ sɔre wɔn a, 7ɛnneɛ, mɛtwa Israel afiri asase a mede ama wɔn no so, na mapo saa asɔredan a mate ho wɔ me din mu no. Ɛbɛma Israel atɔ sin, na ayɛ aseredeɛ wɔ nnipa nyinaa mu. 8Na ɛwom sɛ saa Asɔredan yi yɛ fɛ deɛ, nanso, wɔn a wɔbɛtwam wɔ ho no bɛtwiri no, adi ho abooboo, abisa sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ayɛ asase yi ne Asɔredan yi saa?’ 9Nnipa bɛbua sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, wɔapa Awurade, wɔn Onyankopɔn, a ɔyii wɔn agyanom firii Misraim no akyi, na wɔde wɔn ho akɔdan anyame afoforɔ a wɔresom wɔn, sɔre wɔn. Ɛno enti na Awurade ama saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi aba wɔn so no.’ ”

Salomo Ne Huram Nhyehyɛeɛ

10Mfeɛ aduonu a Salomo de sii Awurade asɔredan no ne ahemfie no akyi, 11ɔhene Salomo de nkurotoɔ aduonu a ɛwɔ Galilea maa Tirohene Huram, ɛfiri sɛ, Huram maa no ntweneduro nnua ne pepeaa nnua ne sikakɔkɔɔ a na ɔhia. 12Huram firii Tiro kɔhwɛɛ nkuro a Salomo de ama no no, nanso nʼani ansɔ koraa. 13Ɔbisaa sɛ, “Me nua, na nkuro bɛn na wode ama me yi? Saa nkuro yi nni mu!” Enti, ɔfrɛɛ hɔ Kabul, “Deɛ ɛnni mu” de bɛsi ɛnnɛ. 14Na Huram asoma ma wɔde sikakɔkɔɔ tɔno 4 akɔma Salomo.

Salomo Mpontuo Nnwuma

15Ɛkwan a ɔhene Salomo faa so tintim, hyɛɛ nnipa, ma wɔsii Awurade asɔredan no ne nʼahemfie, Milo, Yerusalem ɔfasuo ne Hasor, Megido ne Geser nkuro no nie: 16Misraimhene kɔtuaa Geser, gyee hɔ faeɛ. Ɔkumm Kanaanfoɔ a wɔte kuro no mu nyinaa, hyee hɔ pasaa. Ɔde kuropɔn no maa ne babaa no sɛ akyɛdeɛ ɛberɛ a ɔwaree Salomo no. 17Enti, Salomo sane kyekyeree Geser kuropɔn no. Afei, ɔsane kyekyeree nkuro a ɛwɔ Bet-Horon anafoɔ, 18Baalat ne Tamar wɔ ɛserɛ so, nʼasase so. 19Ɔkyekyeree nkuro a na wɔkora nnuane wɔ hɔ, kyekyeree nkuropɔn nso a na wɔkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree Yerusalem ne Lebanon ne nʼahemman nyinaa, sɛdeɛ nʼakoma pɛ.

20Na nnipa bi da so te asase no so a wɔnyɛ Israelfoɔ. Wɔne Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. 21Yeinom ne aman a na Israel nwiee wɔn asetɔre korakora no asefoɔ. Enti, Salomo hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ nʼadwumayɛfoɔ, na wɔda so yɛ de bɛsi ɛnnɛ. 22Nanso, Salomo anhyɛ Israelfoɔ amma wɔanyɛ ɔhyɛ nnwuma. Mmom, ɔmaa wɔyɛɛ asraafoɔ, aban adwumayɛfoɔ. Ɔmaa ebinom yɛɛ nʼakodɔm, ne nteaseɛnam ne ne nteaseɛnamkafoɔ so asahene. 23Afei, ɔyii wɔn mu ahanum ne aduonum maa wɔhwɛɛ ne nkɔso nnwuma ahodoɔ so.

24Ɛberɛ a Salomo yii ne yere a ɛyɛ Farao babaa no firii Dawid kuro no mu, de no kɔɔ ahemfie foforɔ a wasi ama no no mu no, ɔsii Milo.

25Afe biara mu, na Salomo bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade wɔ afɔrebukyia a ɔsiiɛ no so mprɛnsa. Na ɔhye aduhwam nso ma Awurade. Enti, ɔde wiee asɔredan no si.

26Akyire no, ɔhene Salomo yɛɛ ɛpo so ahyɛn wɔ Esion-Geber,9.26 Salomo nsa a ɛkaa hyɛngyinabea a ɛwɔ Esion kuro a ɛwɔ Edom no na ɛmaa ɔnyaa ɛkwan kɔɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ne India Ɛpohahanaa no so. hyɛngyinabea a ɛbɛn Elot a ɛwɔ Edom asase so hɔ a ɛwɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mpoano. 27Na Huram maa nʼahyɛn mu adwumayɛfoɔ a wɔnim hyɛn mu adwuma yie no, ne Salomo nkurɔfoɔ de ahyɛn no yɛɛ adwuma. 28Wɔyɛɛ adwuma kɔɔ Ofir, na wɔsane de sikakɔkɔɔ tɔno 16 brɛɛ Salomo.