列王纪上 3 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

列王纪上 3:1-28

所罗门求智慧

1所罗门娶了埃及法老的女儿,与法老结盟。他在自己的王宫、耶和华的殿和耶路撒冷的城墙完工之前,让她一直住在大卫城。 2那时候,用来尊崇耶和华之名的殿还没有建成,以色列人仍然在丘坛献祭。 3所罗门爱耶和华,遵行他父亲大卫的律例,只是仍然在丘坛献祭烧香。

4有一次,所罗门王上基遍献了一千头祭牲作燔祭,因为那里有最重要的丘坛。 5基遍,耶和华晚上在梦中向所罗门显现,对他说:“你想要什么,只管向我求。”

6所罗门说:“你的仆人——我父大卫本着诚实、公义、正直的心在你面前行事,你就向他大施恩慈,并且一如既往地以厚恩待他,让他儿子今天继承他的王位。 7我的上帝耶和华啊,你让仆人继承我父亲大卫的王位,但仆人还年幼无知,不懂得如何治理国家。 8仆人住在你所拣选的子民中,这些子民多得不可胜数。 9求你赐我智慧治理你的子民,并能辨别是非;不然,我又怎能治理你这众多的子民呢?” 10主喜悦所罗门的祈求, 11对他说:“既然你不为自己求寿、求财富,也不求灭绝仇敌,只求有智慧治理我的子民, 12我必应允你,赐给你空前绝后的智慧和悟性。 13你没有求富贵和尊荣,但我会一并赐给你,使你有生之年在列王中无人能比。 14你若像你父亲大卫一样遵行我的道,遵守我的律例和诫命,我必使你长寿。”

15所罗门醒来,发现是在做梦。他回到耶路撒冷,站在耶和华的约柜前献上燔祭和平安祭,又宴请群臣。

智断死婴案

16一天,两个妓女到王面前告状。 17其中一个说:“我主啊,我跟这女人同住,我生了一个男孩,当时她也在场。 18我生产后三天,她也生了一个男孩。我们住在一起,除了我们二人,屋里没有别人。 19一天晚上,她不小心压死了自己的孩子。 20她半夜起来,趁我熟睡的时候抱走了我身边的孩子,放在她怀中,把她的死孩子放在我怀中。 21天快亮的时候,我起来给孩子喂奶,发现孩子死了。天亮后,我仔细察看孩子,发现孩子不是我生的。” 22另一个女人说:“不对!活孩子是我的,死孩子是你的。”第一个女人说:“不对!死孩子是你的,活孩子是我的。”两个女人在王面前争吵起来。 23王见她们二人都说活孩子是自己的,死孩子是对方的, 24就命人拿刀来。侍从把刀拿来后, 25王下令将那活孩子劈成两半,让她们各得一半。 26活孩子的母亲心疼自己的孩子,就说:“我主啊,把孩子给她吧,千万不要杀他!”但另一个女人却说:“孩子不归我,也不归你,把他劈开吧!”

27王说:“不可杀这孩子,把他交给刚才为孩子求情的女人吧!她是孩子的母亲。” 28以色列人听见王这样断案,都敬畏他,因为他们知道他有上帝所赐的智慧,可以秉公执法。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 3:1-28

Salomo Bisa Nyansa

1Salomo ne Misraimhene Farao yɛɛ apam, nam so waree ne babaa. Ɔde no bɛtenaa Dawid kurom kɔsii sɛ ɔsii nʼahemfie, sii Awurade Asɔredan, na ɔtoo Yerusalem ho ɔfasuo nso wieeɛ. 2Saa ɛberɛ no mu, na Israelfoɔ gu so bɔ afɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea, ɛfiri sɛ, na wɔnsii asɔredan, mfaa Awurade din ntoo so. 3Salomo kyerɛɛ ne dɔ a ɔwɔ maa Awurade, ɛfiri sɛ, na ɔnam nʼagya Dawid nkyerɛkyerɛ anammɔn so pɛpɛɛpɛ. Mmom na ɔbɔ afɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, hye aduhwam wɔ hɔ nso.

4Gibeon na na afɔrebukyia no mu atitire wɔ, ɛhɔ na Salomo kɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ apem wɔ afɔrebukyia so. 5Anadwo no, Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Salomo wɔ daeɛ mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo.”

6Salomo kaa sɛ, “Woada adɔeɛ kɛseɛ pa ara adi akyerɛ mʼagya Dawid, ɛfiri sɛ, na ɔdi wo nokorɛ, yɛ ɔteneneeni a nʼakoma mu nso da hɔ. Woatoa so ayɛ no saa adɔeɛ kɛseɛ yi ara, na ɛnnɛ yi ara, woama no ɔbabarima sɛ ɔntena nʼahennwa nso so.

7“Afei, Ao Awurade, me Onyankopɔn, woasi wʼakoa ɔhene,3.7 Salomo dii adeɛ sɛ ɔhene no, na wadi bɛyɛ mfeɛ aduonu. sɛ mensi mʼagya Dawid anan mu, nanso meyɛ abɔfra ketewaa bi a mennim sɛdeɛ mɛsi ayɛ mʼadwuma. 8Ɛha na wʼakoa abɛduru wɔ nnipa a woapa wɔn no mu; nnipa a wɔn dodoɔ enti, obi ntumi nkan wɔn. 9Ɛno enti, ma wʼakoa nhunumu akoma a ɔbɛtumi de adi wo nkurɔfoɔ so, na ɔbɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ. Na hwan koraa na ɔno nko ara bɛtumi adi saa ɔman a wɔdi mu, a wɔyɛ wo dea yi so?”

10Awurade ani sɔɔ Salomo mmuaeɛ no, na nʼani gyee sɛ ɔbisaa nyansa. 11Enti, Awurade buaa sɛ, “Esiane sɛ woabisa nyansa a wode bɛdi me manfoɔ so, na woammisa nkwa tenten anaa sika amma wo ho anaa woammisa sɛ wo ɔtamfoɔ bi nwu no enti, 12mede deɛ woabisa no bɛma wo. Mɛma wo nyansa ne nteaseɛ a obiara nnyaa bi da, na obiara nso nnya bi da. 13Na deɛ woammisa no nso, mede bɛka wo ho—sika ne animuonyam. Na ɔhene biara a ɔwɔ ewiase nso rentumi mfa ne ho nto wo ho, wo nkwa nna nyinaa mu. 14Na sɛ wodi mʼakyi, na wodi me mmara so sɛ wʼagya Dawid a, mɛma wo nkwa tenten.” 15Na Salomo nyaneeɛ, na ɔhunuu sɛ ɛyɛ daeɛ. Ɔkɔɔ Yerusalem kɔgyinaa Awurade Apam Adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔhyiaa ne mpanimfoɔ nyinaa, too wɔn ɛpono.

Salomo Bu Atɛntenenee

16Akyire yi, mmaa nnwamanfoɔ baanu bi baa ɔhene no nkyɛn, pɛɛ sɛ ɔka wɔn asɛm bi ma wɔn. 17Wɔn mu baako hyɛɛ aseɛ sɛ, “Me wura, mesrɛ wo meka sɛ, saa ɔbaa yi ne me te fi korɔ mu. Mewoo ɔba ɛberɛ a ɔne me te efie hɔ. 18Nnansa akyi no, ɔno nso woo ba. Na yɛn nko ara na yɛte fie hɔ a obiara nka yɛn baanu ho.

19“Nanso, anadwo no, ɔpere kɔdaa ne ba no so, kumm no. 20Na ɔsɔree anadwo no faa me ba firii me nkyɛn ɛberɛ a mada. Ɔde ne ba a wawu no too mʼabasa so, na ɔfaa me deɛ no kɔtoo ne nkyɛn, ma ɔdaeɛ. 21Adeɛ kyeeɛ a mepɛɛ sɛ mema me ba no nufoɔ no, na wawu. Nanso, anim tetee kakra a mehwɛɛ abɔfra no yie no, mehunuu sɛ, ɛnyɛ me ba no koraa.”

22Ɛhɔ ara na ɔbaa baako no gyee hwanyan kaa sɛ, “Abɔfra a wawuo no yɛ wo ba no, ɛnna deɛ ɔnwuiɛ no nso yɛ me deɛ no.”

Ɛnna ɔbaa a ɔdi ɛkan no nso se, “Dabi, deɛ wawuo no yɛ wo ba no, ɛnna deɛ ɔnwuiɛ no nso yɛ me deɛ no.” Enti, wɔtwee asɛm no saa ara wɔ ɔhene no anim.

23Ɔhene no kaa sɛ, “Momma yɛmpɛ asɛm no mu nokorɛ yie. Mo baanu nyinaa, obiara se abɔfra a ɔnwuiɛ no yɛ ne dea, na abɔfra a wawuo no deɛ, ɔnyɛ obiara dea.

24“Sɛ saa na ɛte deɛ a, mommrɛ me akofena.” Enti, wɔde akofena brɛɛ ɔhene no. 25Afei, ɔkaa sɛ, “Mompae abɔfra a ɔnwuiɛ no mu mmienu, na momfa ɛfa mma mmaa no mu biara.”

26Na ɔbaa a nokorɛm, ɔyɛ abɔfra a ɔte ase no maame a ɔpɛ ne ba yi asɛm yie no teateaam sɛ, “Ao! Dabi me wura! Fa abɔfra no ma no. Mesrɛ wo nku no!”

Nanso, ɔbaa baako no kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛbɛbɔ yɛn baanu nyinaa. Kyɛ ne mu ma yɛn!”

27Ɛhɔ na ɔhene no kaa sɛ, “Monnku no, na mmom, momfa abɔfra no mma ɔbaa a ɔpɛ sɛ abɔfra no tena ase no, na ɔno ne ne maame no.”

28Ɔhene yi atemmuo no trɛ faa Israel mmaa nyinaa, na ɔmanfoɔ no ho dwirii wɔn wɔ nyansabun a Onyankopɔn de ama no, a ɛma no bu atɛntenenee no ho.