列王纪上 20 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

列王纪上 20:1-43

亚兰王攻打撒玛利亚城

1亚兰便·哈达率领全军,联合三十二个王,带着车马围攻撒玛利亚2他派遣使者进城对以色列亚哈说: 3便·哈达说,‘你的金银和你家中最美的妻妾儿女都是我的。’” 4以色列王说:“我主我王啊,我答应你的要求,我和我的一切都是你的。”

5不久,使者又来对他说:“便·哈达说,‘我已派人吩咐你把金银、妻妾和儿女都给我。 6明天这个时候,我会派属下搜查你的王宫和你臣仆的家,他们要拿走你珍爱的一切。’” 7以色列亚哈召集国中的长老,说:“你们看,这人是在找麻烦。他派人来要我的妻妾、孩子和金银,我没有拒绝他。” 8长老和百姓都说:“别听从他,别答应他。”

9于是,他对使者说:“你们告诉我主我王,他第一次所要的,仆人可以照办,但这一次所要的,仆人不能从命。”使者就去回复便·哈达10便·哈达又派人去对亚哈说:“若撒玛利亚的尘土够我的士兵每人抓一把,愿神明重重地惩罚我。” 11以色列王说:“你去告诉便·哈达,叫他别刚穿上盔甲就夸口,打完仗卸下盔甲再夸口吧。” 12便·哈达和诸王正在营中饮酒,听见这话,就吩咐属下准备攻城。

亚哈打败便·哈达

13一位先知来见以色列亚哈,说:“耶和华说,‘你看见这大队人马了吗?今天我必将他们交在你手里,这样你就知道我是耶和华。’” 14亚哈问:“谁来完成这任务呢?”先知答道:“耶和华说,省长属下的青年军。”亚哈问:“谁来做统领呢?”先知答道:“你。”

15于是,亚哈召集了省长属下的青年军二百三十二人,又召集以色列全军,共七千人。

16中午,便·哈达正跟盟军的三十二个王在营中狂饮的时候,亚哈率军出发了。 17省长属下的青年军率先出城。便·哈达派出的巡逻队禀告他说:“有人从撒玛利亚城出来了。” 18便·哈达说:“不管他们是来求和还是求战,都要生擒他们!” 19省长属下的青年军率先出城,大军紧随其后, 20他们见敌人就杀。亚兰人败逃,以色列人乘势追击。亚兰便·哈达骑着马与一些骑兵落荒而逃。 21以色列王出城攻击敌军车马,重创亚兰人。

22先知又来见以色列王,说:“你要加强防卫,做好准备,因为明年春天亚兰王必卷土重来。”

23臣仆给亚兰王献计说:“以色列人的神是山神,所以他们占了上风,我们若在平原上跟他们交战,一定会取胜。 24王应该撤去诸王,委任将领代替他们, 25再招募军兵,补充失去的战车和人马,好在平原上跟他们交战,这样我们一定会取胜。”王采纳了他们的建议。

26第二年春天,便·哈达召集亚兰人进军亚弗,攻打以色列人。 27以色列人也召集军队,准备粮草,迎战敌军。他们在亚兰人对面安营,像两小群山羊,而敌军却满山遍野。 28有位上帝的仆人来见以色列王,说:“耶和华说,‘亚兰人以为我耶和华是山神,不是平原的神,所以我必将这大队人马交在你手里,这样你们就知道我是耶和华。’”

29以色列人和亚兰人两军对峙,一连七天。第七天,两军交战,以色列军一天杀了十万亚兰步兵, 30残余的亚兰人都逃进亚弗城,但城墙倒塌压死了两万七千人。便·哈达也逃进城,躲在一间房子的内室里。 31臣仆对他说:“我们听说以色列王很仁慈。现在,我们不如腰束麻布,头套绳索,向以色列王请降,或许他会饶王一命。” 32他们便腰束麻布,头套绳索,来见以色列王,说:“仆人便·哈达求王开恩饶命啊!”亚哈回答说:“他还活着吗?他是我的兄弟。” 33他们听见亚哈的口气温和,连忙附和说:“是啊,便·哈达是王的兄弟。”亚哈便吩咐他们去把便·哈达带来见他,然后让便·哈达登上他的战车。 34便·哈达亚哈说:“我必归还我父亲从你父亲那里夺来的城邑,你可以在大马士革设立贸易区,就像我父亲在撒玛利亚所设立的一样。”亚哈回答说:“你依此立个约,我就放你走。”立约之后,亚哈就放便·哈达走了。

先知责备亚哈

35众先知中有一位奉耶和华的命令对他的同伴说:“你打我吧!”同伴却不肯动手。 36那位先知就对他说:“既然你不听从耶和华的吩咐,你一离开我,就会被狮子咬死。”那同伴走后,果然遇见狮子,被咬死了。 37那先知又找了一个人,叫那人打他,那人就打他,把他打伤了。 38先知用头巾蒙着眼睛,乔装改扮,在路旁等候亚哈王。 39亚哈王经过的时候,他向王喊道:“仆人在打仗的时候,有人押来一个俘虏,要我看管,他说如果俘虏跑掉,我就要以性命抵偿或赔偿三十四公斤银子。 40可是那俘虏趁仆人忙乱之际跑掉了。”亚哈王说:“这是你自己的过失,你要自负其咎。” 41先知立刻拿去蒙眼的头巾,以色列王认出他是个先知。 42他对王说:“耶和华说,‘你放走了我决定要毁灭的人,所以你的命要抵他的命,你百姓的命要抵他百姓的命。’” 43以色列王闷闷不乐地回撒玛利亚的王宫去了。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 20:1-43

Ben-Hadad To Hyɛ Samaria So

1Yeinom akyi, Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakodɔm ano, a nteaseɛnam ne apɔnkɔ a wɔyɛ ahemfo aboafoɔ aduasa mmienu dea ka ne ho. Wɔkɔtuaa Israel kuropɔn Samaria, to hyɛɛ so. 2Ben-Hadad somaa abɔfoɔ kɔɔ kuro no mu sɛ wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Ahab sɛ, “Ben-Hadad se, 3‘Mo dwetɛ ne mo sikakɔkɔɔ yɛ me dea. Saa ara na mo yerenom ne mo mma mu papa no nso yɛ me dea.’ ”

4Ahab buaa sɛ, “Mate, me wura! Deɛ mewɔ nyinaa yɛ wo dea.”

5Ankyɛre biara Ben-Hadad abɔfoɔ sane baa bio bɛkaa sɛ, “Ben-Hadad se, ‘Maka dada sɛ momfa mo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, mo yerenom ne mo mma mma me. 6Ɔkyena sɛsɛɛ, mɛsoma me mpanimfoɔ, na wɔabɛhwehwɛ mo ahemfie ne mo nkurɔfoɔ afie. Na biribiara a ɛsom bo ma mo no, wɔbɛfa de akɔ.’ ”

7Na Ahab frɛɛ asase no so ntuanofoɔ no nyinaa, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ sɛdeɛ saa ɔbarima yi pɛ sɛ ɔde ɔhaw ba. Mapene so dada sɛ mede me yerenom, me mma, me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ bɛma no.”

8Ntuanofoɔ ne nnipa no nyinaa kaa sɛ, “Sɛ ɔbisaa biribi foforɔ biara bio a, mfa mma no.”

9Enti, Ahab ka kyerɛɛ abɔfoɔ a wɔfiri Ben-Hadad nkyɛn baeɛ no sɛ, “Monkɔka saa asɛm yi nkyerɛ me wura ɔhene sɛ, ‘Biribiara a ɔbisaa kane no deɛ, mede bɛma no. Na deɛ ɔbisaa no akyire no deɛ, merentumi mfa mma no.’ ” Enti, Ben-Hadad abɔfoɔ no sane kɔbɔɔ no amaneɛ.

10Na Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Sɛ mansɛe Samaria pasaa, na emu mfuturo dodoɔ bi ka a ɛbɛboro asraafoɔ no mu biara nsabuo ma a, anyame no ntwe mʼaso denden so.”

11Israelhene nso soma ma wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a ɔrefa nʼakofena akɔ akono, tu ne ho sɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a wadi nkonim dada.”

12Ahab mmuaeɛ yi duruu Ben-Hadad ne ahemfo a wɔaka no asom ɛberɛ a na wɔrenom nsã wɔ wɔn ntomadan mu. Ɔhyɛɛ ne mmarima no sɛ, “Monsiesie mo ho nkɔko.” Enti, wɔsiesiee wɔn ho sɛ wɔrekɔto ahyɛ kuropɔn no so.

Ahab Di Ben-Hadad So Nkonim

13Na odiyifoɔ bi bɛhunuu ɔhene Ahab ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ‘Wohunu saa atamfoɔ dɔm yi? Ɛnnɛ, mede wɔn bɛhyɛ wo nsa. Na wobɛhunu sɛ mene Awurade.’ ”

14Ahab bisaa sɛ, “Na sɛn na ɔbɛyɛ no?” Na odiyifoɔ no buaa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ‘Akodɔm asahene a wɔtuatua amansini ano no na wɔbɛyɛ.’ ”

Ahab bisaa sɛ, “Enti, yɛnni ɛkan nto nhyɛ wɔn so?”

Odiyifoɔ no buaa sɛ, “Aane.”

15Enti, Ahab boaboaa ɔmansin no asahene ahanu aduasa mmienu akodɔm ano. Afei, ɔfrɛɛ nʼakodɔm a wɔaka a wɔn dodoɔ yɛ mpem nson no. 16Ɛbɛyɛ owigyinaeɛ a Ben-Hadad ne nʼapamfoɔ ahemfo aduasa mmienu gu so reboro nsã wɔ wɔn ntomadan mu no, 17amansini asahene akodɔm no tuu nten, firii kuro no mu. Wɔrebɛn no, Ben-Hadad akwansrafoɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “Akodɔm bi firi Samaria reba.”

18Ben-Hadad hyɛɛ sɛ, “Sɛ wɔbaa asomdwoeɛ anaa ɔko so a, monkyere wɔn anikann.”

19Nanso, saa ɛberɛ no, na Ahab amansini asahene no adi akodɔm no anim, kɔ ɔko no. 20Na Israel ɔsraani biara kumm ne ɔtamfoɔ Aram ɔsraani a ɔne no dii asie. Ɛno enti, amonom hɔ ara, Aram asraafoɔ no bɔɔ hu, dwaneeɛ. Israelfoɔ no taa wɔn, nanso ɔhene Ben-Hadad ne ne nkurɔfoɔ kakra bi deɛ, wɔtenaa apɔnkɔ so dwaneeɛ. 21Nanso wɔsɛee apɔnkɔ ne nteaseɛnam a ɛkaa hɔ no nyinaa, kunkumm Aramfoɔ no.

22Akyire yi, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Siesie wo ho ma ɔko foforɔ na Aramhene bɛba osutɔberɛ mu.”

Ben-Hadad Ntohyɛsoɔ A Ɛtɔ So Mmienu

23Wɔdii Ben-Hadad so no, ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Israel anyame no yɛ mmepɔ anyame, na ɛno enti na ɛma wɔdii nkonim no. Na sɛ wɔduru tata so a, yɛbɛdi wɔn so nkonim a yɛremmrɛ ho koraa. 24Deɛ ɛho hia ara ne sɛ, saa ɛberɛ yi, ɛsɛ sɛ wode akono asahene sisi ahemfo no ananmu. 25Momfa asraafoɔ foforɔ a wɔn dodoɔ te sɛ wɔn a wohweree wɔn no ara. Ma yɛn apɔnkɔ no dodoɔ, nteaseɛnam ne mmarima dodoɔ saa ara, na yɛbɛtumi ne wɔn adi asie wɔ tata so. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ yɛbɛdi wɔn so.” Enti, ɔhene Ben-Hadad yɛɛ wɔn abisadeɛ maa wɔn.

26Na afe so no, ɔfrɛɛ Aram asraafoɔ, tuu nten kɔɔ Israelfoɔ so wɔ Afek sɛ wɔne wɔn rekɔko. 27Israel boaboaa nʼasraafoɔ ano, twaa sa, de wɔn ho hyɛɛ ɔko no mu. Na sɛ wɔde Israel akodɔm no toto Aram akodɔm no dodoɔ a wɔahyɛ hɔ ma no ho a, na Israel akodɔm no dodoɔ te sɛ mmirekyikuo nketewa mmienu bi.

28Onyankopɔn onipa no kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Aramfoɔ no aka sɛ, ‘Awurade yɛ mmepɔ Awurade na ɔnyɛ tata so Awurade. Enti, mɛboa wo ma woadi akodɔm buburugyaa yi so. Na ɛbɛma woahunu sɛ, mene Awurade no.’ ”

29Asraadɔm mmienu yi bobɔɔ wɔn atenaeɛ, ma ɛdii nhwɛanimu nnanson. Na nnanson so no, ɔko no hyɛɛ aseɛ. Ɛda no ara, Israelfoɔ no kunkumm Aram anammɔntwa asraafoɔ no ɔpeha. 30Nkaeɛ no dwane kɔtɛɛ Afek ɔfasuo akyi, nanso ɔfasuo no bu guu wɔn so, kumm ɔpeduonu nson. Ben-Hadad dwane kɔtɛɛ kɔkoam dan bi mu wɔ kuro no mu.

31Ben-Hadad mpanimfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, yɛate sɛ Israel ahemfo wɔ ahummɔborɔ. Ɛno enti, momma yɛmfira ayitoma, mfa ahoma mmɔ yɛn ti ase, mfa nkyerɛ ahobrɛaseɛ. Na ebia, ɔhene Ahab bɛma woatena ase.”

32Enti, wɔfirafiraa ayitoma, de nhoma bobɔɔ wɔn ti, kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Wo ɔsomfoɔ Ben-Hadad se, ‘Mesrɛ wo, ma me ntena nkwa mu.’ ” Israelhene no bisaa sɛ, “Ɔda so te ase anaa? Ɔyɛ me nuabarima!”

33Mmarima no yɛɛ ntɛm sɔɔ anidasoɔ a ɛnni nnyinasoɔ yi mu, buaa sɛ, “Aane, wo nua Ben-Hadad.”

Israelhene no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔfa no mmra.” Ɛberɛ a wɔde Ben-Hadad baeɛ no, Ahab ma ɔkɔtenaa ne teaseɛnam mu.

34Ben-Hadad ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede nkuro a mʼagya gye firii wʼagya nsam no bɛsane ama wo, na woahyehyɛ adwadie wɔ Damasko, sɛdeɛ mʼagya yɛɛ wɔ Samaria no.”

Na Ahab kaa sɛ, “Saa nhyehyɛeɛ yi so na mɛgyina na magyaa wo.” Enti, wɔyɛɛ apam, na wɔgyaa Ben-Hadad.

Odiyifoɔ Bi Bu Ahab Atɛn

35Ɛberɛ no ara mu, Awurade see adiyifokuo no mu baako sɛ, ɔnka nkyerɛ ɔfoforɔ sɛ, “Fa wʼakodeɛ no bɔ me.” Nanso wanyɛ.

36Na saa odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ɔfoforɔ no sɛ, “Sɛ woantie Awurade nne enti, sɛ wofiri ha ara pɛ a, gyata bɛkye wo, akum wo.” Ampa ara, ɔfirii hɔ ara pɛ na gyata kyeree no kumm no.

37Na odiyifoɔ no kɔɔ ɔbarima foforɔ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wʼakodeɛ yi bɔ me.” Ɔno deɛ, ɔbɔɔ odiyifoɔ no, piraa no.

38Odiyifoɔ no twɛn ɔhene no wɔ kwankyɛn a ɔde ntomaban akyekyere nʼani, de pɛɛ sɛ ɔsakyera ne ho. 39Ɔhene no retwam no, odiyifoɔ no frɛɛ no sɛ, “Owura, na mewɔ akono na ɔbarima bi de odeduani brɛɛ me. Ɔkaa sɛ, ‘Wɛn saa ɔbarima yi, na sɛ biribi enti ɔdwane a, wɔbɛkum wo anaasɛ wɔbɛbɔ wo ka dwetɛ kilogram aduasa nwɔtwe.’ 40Na ɛberɛ a mʼani abere redi dwuma bi no, odeduani no dwaneeɛ. Na ɔhene no kaa sɛ, ‘Ɛyɛ wʼankasa wo mfomsoɔ. Wo ara woabu wo ho atɛn.’ ”

41Ɛhɔ ara na odiyifoɔ no sanee ntomaban no firii nʼani, na Israelhene no hunuu no sɛ ɔyɛ adiyifoɔ no mu baako. 42Na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Esiane sɛ woagyaa ɔbarima a mekaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkum no no enti, ɛsɛ sɛ wɔkum wo seesei si nʼanan mu. Na anka ɛsɛ sɛ ne nkurɔfoɔ na mokunkum wɔn, na mmom, wo nkurɔfoɔ na wɔbɛkunkum wɔn.” 43Enti, Israelhene a ne bo afu ne ho no kɔɔ Samaria.