出埃及记 9 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 9:1-35

瘟疫之灾

1耶和华对摩西说:“你再进宫见法老,告诉他,‘希伯来人的上帝耶和华说,让我的子民去事奉我。 2如果你不让他们走,继续扣留他们, 3我就会使你田间所有的牲畜,包括马、驴、骆驼和牛羊,都染上严重的瘟疫。 4但我要把埃及以色列的牲畜分开,以色列人的牲畜必丝毫无损。’” 5耶和华定了日期,说:“明天耶和华必在此地行这事。” 6第二天,耶和华就这样行了,埃及的牲畜都死了,但以色列人的牲畜一头也没死。 7法老派人去探查,发现以色列人的牲畜真的安然无恙。可是,他仍然顽固,不肯让以色列人离开。

脓疮之灾

8耶和华对摩西亚伦说:“你们去取几把窑里的灰,摩西要在法老面前把灰抛向空中。 9这灰要变成尘土,散布在埃及每一个角落,落在人或牲畜身上,就会起疱长疮。” 10摩西亚伦便取了一些窑里的灰,站在法老面前,摩西把灰抛向空中,埃及人和牲畜身上就开始起疱长疮。 11埃及的巫师无法与摩西对抗,因为他们及所有埃及人身上都长了脓疮。 12耶和华使法老的心刚硬,他就不听他们的话,正如耶和华对摩西说的。

冰雹之灾

13耶和华对摩西说:“明天一早你再去见法老,对他说,‘希伯来人的上帝耶和华这样说,你要让我的子民出去事奉我。 14这一次,我要降下大灾祸在你及你的臣仆和百姓身上,好叫你知道普天之下我独一无二。 15我若用瘟疫攻击你和你的百姓,你们早就灭亡了。 16我让你活到现在,是为了向你彰显我的权能,使我的名传遍天下。 17但你竟然在我的子民面前狂傲自大,不让他们离开。 18明天这个时候,我要使天上降下大冰雹,是你们埃及立国以来从没有见过的。 19现在,你要叫人赶快到田间把牲畜和属于你的一切都带到安全的地方。凡留在田间的人或牲畜都会被冰雹打死。’” 20有些法老的臣仆听了耶和华的话就很害怕,赶忙把在田间的仆人和牲畜都召回屋里。 21但那些不把耶和华的话放在心上的,仍把他们的奴仆和牲畜留在田间。 22耶和华对摩西说:“你向天伸杖,天就会降下冰雹,落在埃及的一切人畜身上,摧毁田间的一切农作物。” 23摩西向天伸出手杖,耶和华就发出雷电和冰雹,火光飞向大地。耶和华在埃及降下冰雹。 24那时冰雹夹杂着火降下来,极为严重,在埃及史无前例。 25冰雹摧毁了埃及境内田间的一切,包括人和牲畜,摧毁了田里的一切作物,打断了所有的树木, 26只有以色列人所住的歌珊没有冰雹。 27法老派人召来摩西亚伦,对他们说:“这次我犯罪了,耶和华是对的,我和我的百姓错了。 28请你们向耶和华祷告,好止住雷电和冰雹。我准许以色列人出去,你们不必再留在这里了。” 29摩西回答说:“我一出城,就向耶和华举手祷告,雷电和冰雹必立刻停止,这样你就知道普天下都属于耶和华。 30但我知道你和你的臣仆还是不敬畏上帝耶和华。”

31这场冰雹发生在大麦吐穗和亚麻开花的时候。 32小麦和粗麦较晚成熟,没有被冰雹打坏。 33摩西离开法老,走出城外向耶和华举手祷告,雷和冰雹便停止了,豪雨也不下了。 34法老看见灾祸停止,就又犯罪,他和他的臣仆都心里顽固。 35法老硬着心,不让以色列人离开,正如耶和华借摩西所言。

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 9:1-35

Nyɛmmoa Wu

1Awurade hyɛɛ Mose se, “San kɔ Farao nkyɛn na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛnea Awurade a ɔyɛ Hebrifo Nyankopɔn no se ni,’ Ma me nkurɔfo no nkɔ na wɔatumi abɔ afɔre ama me.” 2Sɛ wampene amma wɔn ankɔ a, 3Onyankopɔn nsa de ɔyaredɔm bɛba abekum mo apɔnkɔ, mo mfurum, mo yoma, mo anantwi, mo nguan ne mo mmirekyi nyinaa. 4Nanso Awurade de nsonoe bɛto Israelfo mmoa ne Misraimfo mmoa ntam. Israelfo mmoa de, ɔbaako mpo renwu.

5Awurade ahyɛ bere pɔtee na ɔkae se, Ɔkyena, Awurade bɛyɛ eyi wɔ asase no so. 6Na ade kyee no, nyɛmmoa a wɔwɔ Misraim no wuwui, nanso Israelfo no ayɛmmoa baako mpo koraa anwu. 7Farao somaa nnipa kɔɔ Israel kɔhwɛɛ sɛ ampa ara ɛhɔ nyɛmmoa no bi anwu koraa ana. Nnipa no bɛbɔɔ Farao amanneɛ se Israelfo nyɛmmoa baako mpo koraa anwu, nanso nʼadwene ansesa. Wamma nnipa no ankɔ.

8Enti Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Monkɔsaw nso mfi fononoo mu, na Mose ntow mpete wim wɔ Farao anim. 9Na ɛbɛbɔ apete Misraim asase so nyinaa sɛ mfutuma ama mpɔmpɔnini abobɔ nnipa ne mmoa a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa.”

10Enti wɔkɔsaw nso fii fononoo mu de kɔɔ Farao anim, na ɔrehwɛ no, Mose tow petee wim na ɛdan mpɔmpɔnini bobɔɔ nnipa ne mmoa a wɔwɔ Misraim nyinaa. 11Ɛbaa saa no, nkonyaayifo no antumi ne Mose anni asi, efisɛ na mpɔmpɔnini no bi asisi wɔn nyinaa. 12Nanso Farao pirim ne koma ara, enti wantie asɛm a Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ no no.

Mparuwbo

13Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɔre kɔ Farao nkyɛn anɔpahema na kɔka kyerɛ no se, Hebrifo Awurade Nyankopɔn no se, Ma me nkurɔfo nkɔsom me, 14anyɛ saa a, mede ɔhaw na ɛbɛto mo so na ɛno na ɛbɛma wo ne wʼadwumayɛfo ne Misraimfo nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn biara nni asase yi so ka me ho. 15Sɛ mepɛ a anka matɔre mo nyinaa ase, anka mede ɔyaredɔm bekum mo nyinaa. 16Nanso manyɛ no saa, efisɛ na mepɛ sɛ meda me tumi adi kyerɛ wo ne asase sofo nyinaa. 17Woayɛ kyenkyenee wɔ me nkurɔfo so a ɛno nti, womma wɔnkɔ. 18Ɔkyena saa bere yi ara mu, mɛma mparuwbo a ano yɛ den a bi ntɔɔ Misraimman mu da atɔ. 19Ntɛm! Monka mo anantwi a mode wɔn kɔ adidi no mmra fie. Efisɛ mparuwbo no bekum nnipa ne mmoa a wɔbɛka wuram no nyinaa.”

20Misraimfo a asɛm no bɔɔ wɔn hu no de wɔn anantwi ne wɔn asomfo nyinaa baa fie. 21Na wɔn a wɔammu Awurade asɛm a ɔkae no gyaw wɔn anantwi ne wɔn asomfo wɔ wuram maa mparuwbo no kaa wɔn.

22Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa kyerɛ soro na ma mparuwbo no ntɔ ngu nnipa, mmoa ne nnua a ɛwɔ Misraim nyinaa so.” 23Enti Mose de ne nsa kyerɛɛ wim maa Awurade maa anyinam ne aprannaa twitwae. 24Na ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu yiye. Efisɛ efi Misraim abɔse de kosi saa bere no, na aprannaa mmobɔɔ saa da. 25Misraimman sɛee pasaa. Biribiara a ɛkaa wuram, sɛ ɛyɛ nnipa anaa mmoa no, wɔn nyinaa wuwui. Nnua nso bubu maa nnɔbae sɛesɛee. 26Faako a mparuwbo no antɔ wɔ ɔman no mu no yɛ Gosen asase so a na Israelfo no te hɔ no.

27Afei, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, mahu me mfomso. Awurade di bem na me ne me nkurɔfo ayɛ bɔne ama atra so. 28Monsrɛ Awurade mma me, na ɔmma aprannaa ne mparuwbo dodow yi to ntwa na mɛma mo akɔ ntɛm so.”

29Mose kae se, “Sɛ mifi kuropɔn yi mu ara pɛ a, mɛma me nsa so abɔ Awurade mpae na aprannaa no ne mparuwbo no agyae. Eyi bɛma mo ahu sɛ Awurade na asase nyinaa hyɛ ne nsa. 30Nanso minim yiye sɛ wo ne wo mpanyimfo de, eyinom nyinaa akyi no, mubepirim mo koma.”

31Aprannaa no sɛee wɔn awi ne wɔn asaawa a na ɛresow aba no nyinaa. 32Nanso atoko ne aburow de, ansɛe, efisɛ na emfifii ɛ.

33Enti Mose fii Farao anim wɔ kurow no mu maa ne nsa so kyerɛɛ Awurade maa aprannaa no ne mparuwbo no ne osu no gyaee tɔ. 34Farao ne ne mpanyimfo huu sɛ biribiara ayɛ yiye wɔ hɔ no, wɔkɔɔ so pirim wɔn koma yɛɛ bɔne de buu bɔ a wɔhyɛɛ Awurade no so. 35Enti Farao amma nkurɔfo no ankɔ sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ ho nkɔm kyerɛɛ Mose no.