出埃及记 4 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 4:1-31

上帝赐摩西能力

1摩西回答说:“他们不会相信我或听我的话,他们会说,‘耶和华根本没有向你显现。’” 2耶和华对摩西说:“你手里拿的是什么?”摩西说:“是一根手杖。” 3耶和华说:“把它丢在地上!”于是,摩西把杖丢在地上,杖变成了一条蛇。摩西连忙跑开。 4耶和华说:“你伸手抓住它的尾巴!”摩西就伸手抓蛇的尾巴,蛇在他手中变回了杖。 5耶和华说:“这样,他们就会相信他们祖先的上帝耶和华,就是亚伯拉罕以撒雅各的上帝,曾经向你显现。”

6耶和华又说:“把手放进怀里。”摩西把手放进怀里,手抽出来的时候,竟患了麻风病,像雪一样白。 7耶和华说:“再把手放进怀里。”摩西又把手放进怀里,这次再抽出来的时候,手已经复原,跟其他地方的皮肉一样。 8耶和华说:“纵然他们不听你的话,不信第一个神迹,也必定相信第二个神迹。 9如果他们两个神迹都不相信,还是不听你的话,你就从尼罗河里取些水来倒在旱地上,那水就会在旱地上变成血。”

10摩西对耶和华说:“主啊!我向来不善言辞,即使你对仆人说话以后,我还是不善言辞,因为我是个拙口笨舌的人。” 11耶和华对他说:“是谁造人的口舌?是谁使人变成哑巴或聋子?是谁使人目明或眼瞎?不都是我耶和华吗? 12去吧!我必赐给你口才,指示你说什么话。” 13但是摩西说:“主啊,请派其他人去吧。” 14耶和华向摩西发怒说:“利未亚伦不是你哥哥吗?他是个能言善辨的人,正要来迎接你。他见到你一定很欢喜。 15你要把该说的话传给他,我会赐你们口才,教你们如何行事。 16他要替你向百姓说话,做你的发言人,你对他来说就像上帝一样。 17你要把手杖带在身边,以便行神迹。”

18摩西回到家里,对他的岳父叶忒罗说:“求你让我回埃及去探望我的亲人,看看他们是否在世。”叶忒罗说:“你平安地去吧。” 19耶和华在米甸摩西说:“你只管放心回埃及去,想害你性命的人都已经死了。” 20于是,摩西拿着上帝的杖,带着妻子和儿子骑驴返回埃及21耶和华对摩西说:“你到了埃及,见到法老的时候,务要照我赐给你的能力在法老面前行神迹。但我要使他的心刚硬,他必不让百姓离开。 22那时,你就告诉法老,‘耶和华说,以色列是我的长子, 23我对你说过让我的长子出去事奉我,但你执意不肯。看啊,我要杀你的长子。’”

24摩西在途中夜宿的时候,耶和华遇见摩西,想要杀他。 25他的妻子西坡拉拿起锋利的火石,割下儿子的包皮,放在摩西脚前,说:“你真是我的血郎。” 26这样,耶和华才没杀他。当时,西坡拉说“血郎”是指割礼一事。

27耶和华对亚伦说:“你到旷野去迎接摩西。”他就在上帝的山上遇见摩西,并亲吻他。 28摩西把耶和华吩咐他的以及要他行的神迹都告诉了亚伦29摩西亚伦一起回去招聚以色列的众长老, 30亚伦把耶和华对摩西的吩咐详细地告诉他们。摩西又在百姓面前行了那些神迹, 31百姓相信了。以色列人听见耶和华眷顾他们、看到了他们的苦难,都俯伏敬拜祂。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 4:1-31

Awurade Tumi Ho Nsɛnkyerɛnneɛ

1Na Mose buaa no sɛ, “Wɔrennye me nni. Asɛm a mɛka no, wɔrenni so. Wɔbɛka sɛ, ‘Awurade nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo!’ ”

2Awurade bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wokura yi?”

Ɔbuaa sɛ, “Odwanhwɛfoɔ poma.”

3Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “To twene fam.”

Enti ɔto twenee fam ma ɛdanee ɔwɔ. Mose dwane firii aboa no ho. 4Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɔ ɔwɔ no dua mu kyere no!” Ɔsɔɔ ne dua mu kyeree no no, ɛsane danee poma no bio. 5Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔyɛ saa na wɔbɛgye wo adi. Ɛbɛma wɔahunu sɛ wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn ada ne ho adi akyerɛ wo ampa.

6“Afei, fa wo nsa hyɛ wo bo.” Ɔde ne nsa hyɛɛ ne bo na ɔyiiɛ no, na kwata ayɛ ne nsa ho fitaa.

7Awurade ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Fa wo nsa hyɛ wo bo bio.” Ɔde ne nsa hyɛɛ ne bo bio na ɔyiiɛ no, na kwata no agyae ama ne nsa no ho ayɛ sɛdeɛ ɛte kane no.

8Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wɔannye anwanwadeɛ a ɛdi ɛkan no anni a, wɔbɛgye deɛ ɛtɔ so mmienu no adi. 9Na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ mmienu yi akyiri wɔannye wo anni a, kɔsa nsuo firi Asubɔnten Nil mu na bɛhwie gu asase wesee bi so na ɛbɛdane mogya.”

10Nanso, Mose srɛɛ sɛ, “Ao, Awurade, mennim kasa. Ɛbɛsi ɛnnɛ anaa ɛfiri ɛberɛ a wo ne me kasaeɛ mpo no, mʼano nte.”

11Awurade bisaa no sɛ, “Hwan na ɔyɛɛ onipa ano? Ɛnyɛ me Awurade na meyɛeɛ? Hwan na ɔbɔ onipa ma ɔtumi kasa anaa ɔmma no nkasa? Hwan na ɔma no hunu adeɛ anaa ɔmma no nhunu adeɛ? Hwan na ɔma no tumi te asɛm anaa ɔmma no nte asɛm? 12Afei, kɔ na kɔyɛ deɛ maka akyerɛ wo no na mɛboa wo ama woatumi akasa yie, na mɛkyerɛ wo deɛ wobɛka nso.”

13Nanso Mose kaa sɛ, “Awurade mesrɛ wo, soma onipa foforɔ.”

14Awurade bo fuiɛ enti ɔkaa sɛ, “Na wo nua Aaron, Lewini no nso ɛ? Menim sɛ nʼano ate. Na hwɛ ɔno na ɔrebɛhyia wo no, na sɛ ɔhunu wo a, nʼani bɛgye. 15Wobɛkasa akyerɛ no na woaka deɛ ɛsɛ sɛ ɔka akyerɛ no. Mɛboa mo baanu ama moakasa, na makyerɛ mo deɛ mobɛyɛ. 16Ɔbɛyɛ wo ɔkyeame ɔman no anim, na wo nso woayɛ sɛ ne Onyankopɔn aka asɛm a wopɛ sɛ ɛda edwa akyerɛ no. 17Sɛ worekɔ a, fa wo poma no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛtumi de ayɛ anwanwadeɛ a makyerɛ wo no.”

18Mose kɔɔ efie kɔbɔɔ nʼase Yetro nsɛm a asie no ho amanneɛ. “Mɛsrɛ wo ɛkwan na makɔ Misraim makɔsra mʼabusuafoɔ. Mennim mpo sɛ, wɔte ase.”

Yetro penee so sɛ, “Kɔ. Mehyira wo kosɛkosɛ.”

19Ansa na Mose rebɛfiri Midian no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro sɛ wobɛsane akɔ Misraim, ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔrehwehwɛ wo akum wo no nyinaa awuwu.” 20Enti, Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfunumu so sɛ ɔrekɔ Misraim a na Onyankopɔn poma no hyɛ ne nsam.

21Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɛ woduru Misraim a, kɔ Farao hɔ na kɔyɛ anwanwadeɛ a makyerɛ wo yi kyerɛ no, nanso mɛma nʼaso ayɛ den, enti ɔremma nnipa no nkɔ. 22Na sɛ ɛba no saa a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Awurade se, Israel yɛ mʼabakan 23na mahyɛ wo sɛ, “Ma no ɛkwan na ɔnkɔ na ɔnkɔsom me.” Nanso woampene enti mɛkum wʼabakan.’ ”

24Mose ne nʼabusuafoɔ nam no, adeɛ saa wɔn ma wɔpɛɛ baabi daeɛ. Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Mose na ɔhunahunaa no sɛ ɔbɛkum no. 25Enti, ne yere Sipora faa sekammoa de twaa ne babarima kumaa twetia to twenee Mose nan ase kaa sɛ, “Mmogya ayeforɔkunu ne wo.” 26Enti Awurade gyaa Mose. Na Sipora kaa sɛ, “Woyɛ okunu a twetiatwa ama mogya aka wo.”

27Afei, Awurade ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Kɔ ɛserɛ no so kɔhyia Mose.” Enti, Aaron kɔɔ Onyankopɔn Bepɔ Horeb so kɔhyiaa Mose wɔ hɔ. Wɔhyiaeɛ no, wɔde mfeano kyeakyeaa wɔn ho fɛw so. 28Mose kaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no ɛberɛ a ɔresoma no no ne anwanwadeɛ a ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ nyinaa kyerɛɛ Aaron.

29Enti, Mose ne Aaron sane kɔɔ Misraim frɛɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu. 30Aaron kaa nsɛm a Awurade aka akyerɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn enti, Mose yɛɛ anwanwadeɛ no ma wɔhwɛeɛ. 31Yei maa mpanimfoɔ no gye dii sɛ, ampa, Awurade na wasoma wɔn. Afei, wɔtee sɛ Awurade akɔsra wɔn, na ɛnam so ama wahunu wɔn haw, na enti wayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛgye wɔn afiri saa ɔhaw no mu no, wɔde anigyeɛ buu nkotodwe sɔreeɛ.