出埃及记 39 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 39:1-43

祭司的衣服

1比撒列按照耶和华对摩西的吩咐,用蓝色、紫色、朱红色的线精工制作在圣所供职时穿的礼服,又为亚伦制作圣衣。 2用金线和细麻线及蓝色、紫色、朱红色的线精工制作以弗得, 3把金子打成薄片,剪成细线,与细麻线和蓝色、紫色、朱红色的线巧妙地织在一起。 4他做了两条肩带,固定在以弗得两边,用来连接以弗得。 5又按耶和华对摩西的吩咐,照以弗得的做法用金线和细麻线及蓝色、紫色、朱红色的线精工制作腰带,缝在以弗得上。 6他选了两块红玛瑙,用刻图章的方法刻上以色列十二个儿子的名字,镶在两个金框里, 7再缝在以弗得的两条肩带上,作以色列人的纪念石。这些都是照耶和华对摩西的吩咐做的。

8他精工制作胸牌,与以弗得一样用金线和细麻线及蓝色、紫色、朱红色的线织成。 9胸牌呈正方形,叠成两层,长宽各二十二厘米。 10上面镶上四行宝石:第一行是红宝石、黄玉和翠玉; 11第二行是绿宝石、蓝宝石和金刚石; 12第三行是紫玛瑙、白玛瑙和紫晶; 13第四行是水苍玉、红玛瑙和碧玉。以上四行宝石都镶在胸牌的金框内。 14他用刻图章的方法,在十二颗宝石上刻上以色列儿子的名字,代表以色列的十二支派。

15他用纯金拧成两条像绳子一样的链子,连在胸牌上, 16又造两个金框和两个金环,把金环安在胸牌两端。 17把两条金链分别穿在两个金环里, 18又把两条金链的另一端分别连在以弗得前面肩带的两个金框上。 19在靠近以弗得内侧、胸牌下面的两端造了两个金环。 20在以弗得肩带下端、接近腰带的地方又造了两个金环。 21用一条蓝色的带子系住以弗得和胸牌上面的金环,使胸牌贴在精工织成的以弗得腰带上,不会从以弗得上松脱。这些都是照耶和华对摩西的吩咐做的。

22以弗得的外袍用纯蓝色的线织成, 23上面有领口,领口上织领边,像铠甲上的领口一样,免得领口破裂。 24外袍的底边用细麻线和蓝色、紫色、朱红色的线做成石榴状的饰物, 25又造纯金的铃铛挂在外袍底边的石榴间, 26一个石榴一个金铃铛,相间排列,围在外袍的底边。这件外袍是祭司供职时穿的,正如耶和华对摩西的吩咐。

27他用细麻布为亚伦父子们缝制内袍、 28礼冠、头巾和裤子, 29还用细麻线和蓝色、紫色、朱红色的线绣制腰带。这是照耶和华对摩西的吩咐做的。 30又用纯金造了牌子,就是圣冠,上面用刻图章的方法刻上“奉献给耶和华”的字样, 31然后用一条蓝色的带子把这个牌子系在礼冠上。这些都是照耶和华对摩西的吩咐做的。

圣幕完工

32圣幕,就是会幕的工作就这样全部完成了,都是以色列人照耶和华对摩西的吩咐做的。 33他们把圣幕和各样器具都送到摩西那里,即钩子、木板、横闩、柱子、带凹槽的底座; 34海狗皮顶盖、遮掩约柜的幔子、染成红色的公羊皮盖; 35约柜、抬约柜的横杠、施恩座; 36桌子、桌上的一切器具和供饼; 37纯金的灯台、灯盏、灯台的一切器具、灯油; 38金坛、膏油、芬芳的香;会幕的门帘; 39铜祭坛、祭坛的铜网、抬祭坛的横杠、祭坛用的一切器具、洗濯盆和盆座; 40院子的帷幔、柱子、带凹槽的底座、院子入口的门帘、绳子、橛子和会幕,即圣幕所需的一切器具; 41在圣所供职时穿的精制礼服、亚伦祭司的圣衣及其众子供祭司之职时穿的衣服。 42这一切都是以色列人照耶和华对摩西的吩咐做的。 43摩西察看这一切工作,见他们都是按照耶和华的吩咐做的,就给他们祝福。

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 39:1-43

Asɔfotade

1Nnipa no de ntama tuntum, bibiri ne koogyan a ɛyɛ fɛ pam asɔfotade maa asɔfo no a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea hɔ. Saa ntadetam no ara bi na wɔde pam Aaron ntade kronkron no sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

2Wɔde asaawatam bi a wɔanwen afi asaawa a wɔato mu na ɛpam asɔfotade nkataase no. 3Besaleel boroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ tratraa, ɛnna otwitwaa no nteanteaa sɛ hama na ɔde bobɔɔ ntama tuntum, bibiri ne koogyan no mu. Ɛyɛ nsaanoadwuma a ɛte apɔw yiye. 4Wɔde nwoma a wɔapam susoo nkataase no mu fi ase besii mmati ahama abien no mu. 5Na wɔde ntama tuntum, bibiri, koogyan ne sikakɔkɔɔ yɛɛ nkyekyeremu sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ Mose no.

6Abo apopobibiri abien a wotwa de femfam mmati ahama abien no a eso asɔfotade no nkataase no mu no, sikakɔkɔɔ na wɔde kyerɛw Israelfo mmusuakuw no nyinaa din guu so sɛnea wɔkyerɛw nsateaa so kaa so no. 7Saa abo yi yɛ nkae ade de ma Awurade fa Israelfo ho, na wɔyɛɛ ne nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no ara pɛ.

8Wɔpam adɛbo no te sɛ asɔfotade a wɔde nwera ankasa yɛe, na wɔde sikakɔkɔɔ hama ne asaawa tuntum, bibiri ne koogyan na ɛnwen mu. 9Na ɛyɛ ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa akron a wɔabu abɔ so. 10Na wɔhyehyɛɛ abo a ɛsom bo sesaa so nnidiso nnidiso anan wɔ mu. Nnidiso a edi kan no yɛ bogyanambo, akraatebo ne ahabammono bo; 11nnidiso a ɛto so abien no yɛ nsrammabo, hoabo ne dɛnkyɛmmo; 12nea ɛto so abiɛsa no yɛ akutuhonobo, mfrafraebo ne beredumbo; 13na nea ɛto so anan no yɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo a wɔde sikakɔkɔɔ atwa emu biara ho ahyia. 14Wɔyɛɛ abo no te sɛ nsɔwanode bi kyerɛw Israel mmusuakuw dumien no din guu so.

15Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de adɛbo no aso asɔfotade no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ nkaa hyehyɛɛ asɔfotade no mmati ntareso abien no so. 16Wɔsan yɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa abien de hyehyɛɛ adɛbo no ntwɔtwɔw so wɔ soro. 17Wɔde sikakɔkɔɔ ahama abien no hyehyɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa a ɛwɔ adɛbo no mu no mu. 18Wɔde ahama no ti no bobɔɔ sikakɔkɔɔ no a esuso asɔfotade no mu no mu. 19Wɔde sikakɔkɔɔ nkaa abien nso hyehyɛɛ adɛbo no ntwea abien no a egu asɔfotade no so pɛɛ no so. 20Wɔde sikakɔkɔɔ nkaa abien susoo asɔfotade no mmati ntareso no mu ma ɛbɛn nkyekyeremu a wɔanwen no fɛfɛɛfɛ ne asɔfotade no ahyiae so no. 21Sɛnea ɛbɛyɛ na adɛbo no begyina pɛpɛɛpɛ wɔ nkyekyeremu fɛfɛ no so nti, wɔde ntama tuntum kyekyeree nkaa a esuso adɛbo no ne asɔfotade no mu. Eyinom nyinaa, Awurade na ɔhyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ.

22Asɔfotade no fa kɛse no ara de, wɔde ntama tuntum na ɛnwenee 23na wotwaa mfimfini tokuru pempam bi faa so maa ano no yɛɛ den sɛnea wɔhyɛ a ɛrentetew. 24Na wɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan a wɔanwen yɛɛ biribi te sɛ atoaa aba de sensɛn batakari no ase mmuano no ano. 25Na wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nnɔnnɔmma na wɔde biribi te sɛ atoaa aba no hyehyɛɛ ntam ne ntam wɔ batakari no ase mmuano no ano de twaa ho hyiae. 26Sɛ Aaron hyɛ asɔfotade yi a, na ɛkyerɛ sɛ ɔrekɔsom Awurade sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no.

27Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ pam asɔfotade no bi maa Aaron ne ne mmabarima. 28Wɔde ntama a ɛyɛ fɛ na ɛpam adɛbo, abotiri, kyɛw ne nhyɛasetam ahorow no. 29Bio, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ na ɛpam nkyekyeremu no na wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan dii mu adwinni sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no.

30Na afei, wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ abɔanim a wɔakyerɛw so:

Kronkron Ma Awurade.

31Wɔde ntama tuntum na asina abɔanim no abɔ abotiri no mu sɛnea Awurade hyɛe no.

32Eyi nyinaa akyi no, wowiee Ahyiae Ntamadan no si sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wonsi no no. 33Afei, wɔde Ahyiae Ntamadan no ne emu nneɛma nyinaa brɛɛ Mose:

Nkyerewa, nnyinaso, mmeamu nnua, mpuran ne nsisiso;

34adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, abirekyi nwoma a wɔahyɛ, nkataano,

35adaka no a Mmaransɛm Du no wɔ mu no, nnua a wɔde soa Mpata agua;

36ɔpon no ne ɛho nneɛma, Ɔkyerɛ Brodo,

37sika akaneadua ne nʼakanea, ɛho nneɛma ne ngo wɔde sɔ kanea;

38sikakɔkɔɔ afɔremuka, ɔsrango, aduhuam ne Ahyiae Ntamadan no nkataano,

39kɔbere Afɔremuka, kɔbere ntwitae, nnua no ne ɛho nneɛma,

nea wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaamu,

40ntwahotam a wɔde twa adiwo hɔ fasu ho, ne ɛho nnua a esuso mu,

nnyinasode ne ntwahotam a ɛwɔ adiwo pon ano,

ntampehama ne nnadewa ne biribiara a wɔde boaa Ahyiae Ntamadan no si.

41Wɔde asɔfotade a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛe. Afei, wɔde Aaron asɔfotade kronkron no nso ne ne mmabarima de a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no.

42Enti Israelfo no dii nsɛm a Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa so. 43Na Mose hwɛɛ nnwuma no nyinaa huu sɛ biribiara ntɔ kyima wɔ ho no, ohyiraa wɔn, efisɛ sɛnea Awurade hyɛe no ara pɛ na wɔyɛe.