出埃及记 36 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 36:1-38

1摩西说:“比撒列亚何利亚伯以及所有蒙耶和华赐智慧聪明、有技能、懂得如何建造圣所的人,都要按照耶和华的吩咐去做。”

2于是,摩西召来比撒列亚何利亚伯和所有蒙耶和华赐智慧、有技能、愿意参与建造的人。 3他们从摩西那里领取了以色列百姓奉献出来建造圣所的一切礼物。每天早上,百姓仍然甘心乐意地来奉献礼物, 4以致所有建造圣所的能工巧匠都放下自己的工作, 5前来对摩西说:“百姓的奉献太多了,我们建造耶和华吩咐的圣所用不了。”

6于是,摩西传令全营:“大家不用再为圣所奉献礼物了。”百姓这才停止奉献。 7因为所献的材料已经足够建造圣所,而且绰绰有余。

8工人中的能工巧匠用十幅幔子做成了圣幕,幔子用细麻线和蓝色、紫色、朱红色的线织成,上面精工绣制了基路伯天使。 9每幅幔子的尺寸都一样,长十二米、宽两米。 10又把每五幅幔子连在一起,共连成两幅大幔子。 11然后在每幅大幔子边缘钉上了蓝色的扣环, 12每幅各钉上五十个扣环,都是两两相对。 13又做了五十个金钩,把两幅大幔子连在一起,成为圣幕。

14比撒列用山羊毛织成十一幅幔子,做圣幕的罩棚, 15每幅幔子的尺寸都一样,长十三米、宽两米。 16然后把五幅连成一大幅,余下的六幅又连成一大幅。 17又在这两幅大幔子边缘各钉上五十个对称的扣环, 18再用五十个铜钩,把两幅大幔子连在一起,成为一个罩棚, 19并在罩棚上面盖一层染成红色的公羊皮,再盖一层海狗皮做顶盖。

20他用皂荚木做支撑圣幕的木板, 21每块木板长四米,宽六十六厘米, 22上面都有两个接榫,用来把木板连接在一起。圣幕的所有木板都这样做。 23圣幕的南面共有二十块木板, 24在这些木板下面又造了四十个带凹槽的银底座,每块木板下面有两个,套在木板的两个接榫上。 25圣幕北面也有二十块木板, 26木板下面同样有四十个带凹槽的银底座,每块木板下面有两个银底座。 27圣幕的后面,就是西面,有六块木板, 28圣幕的两个拐角各有两块木板, 29木板的下端连于底座,顶端用一个环固定。两个拐角都要这样做。 30这样后面共有八块木板,每块木板下面各有两个银底座,一共是十六个银底座。

31-32他用皂荚木做横闩,圣幕左右两边和后面的墙板上各有五根横闩, 33拦腰固定墙板的那根横闩从这端贯穿到那端。 34所有的木板和横闩都包上金,并在木板上造金环,用来穿横闩。

35他用细麻线和蓝色、紫色、朱红色的线织成一幅幔子,精工绣上基路伯天使, 36把这幅幔子挂在四根用皂荚木造的柱子上,柱子外面包上金,加上金钩,四根柱子下面有四个银底座。 37他又用细麻线和蓝色、紫色、朱红色的线绣制圣幕的门帘, 38用皂荚木做五根挂门帘的柱子,上面有金钩,柱顶和横杆包上金。柱子的五个底座是铜造的。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 36:1-38

1Adwumfoɔ a wɔaka a Onyankopɔn ama wɔn adom akyɛdeɛ no nyinaa bɛboa Besaleel ne Oholiab na wɔasi asiesie Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, sɛdeɛ Awurade kaeɛ no.”

2Enti, Mose ka kyerɛɛ Besaleel ne Oholiab ne wɔn a wɔaka na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa dwumadie no sɛ wɔnhyɛ aseɛ. 3Mose de nneɛma a nnipa no de bɛkyɛeɛ no maa wɔn, na adekyeeɛ biara nso, na wɔnya akyɛdeɛ foforɔ. 4Akyire no, adwumayɛfoɔ no nyinaa gyaee wɔn adwumayɛ no 5kɔɔ Mose nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nneɛma a yɛn nsa aka no dɔɔso sen deɛ yɛhia.”

6Enti, Mose somaa obi ma ɔkɔɔ wɔn nyinaa so kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, afei deɛ, obiara mmɛkyɛ wɔn adeɛ bio. Na obiara amfa hwee amma bio. 7Ɛfiri sɛ, na nneɛma a wɔwɔ no bɛso dwuma no die aboro so mpo.

8Deɛ ɛdi ɛkan, Ahyiaeɛ Ntomadan no sie no, adenwonofoɔ pa ara no de asaawa a wɔafira yɛɛ nsɛnanotam edu a emu bi yɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu. 9Nsɛnanotam edu no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan mmienu na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nsia. 10Wɔkekaa ntoma bamma enum sisii animu nyaa nsɛnanotam baako. Ɛnna wɔkekaa ntoma bamma enum a aka no nso sisii animu nyaa nsɛnanotam foforɔ. 11Wɔde ntoma bibire bamma aduonum wurawuraa nsɛnanotam a wɔkeka sisii animu no mu biara ano 12a kantankorowa baako biara ne baako di nhwɛanimu. 13Afei, wɔyɛɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum de sosɔɔ nkantankorowa no mu maa nsɛnanotam ahodoɔ mmienu no yɛɛ nsɛnanotam baako.

14Wɔde ntoma nkatasoɔ dubaako a wɔde mmirekyie nwi na ayɛ 15a ne nyinaa tenten yɛ anammɔn aduanan enum na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia kataa Ntomadan no so. 16Besaleel kekaa saa nkatasoɔ yi enum sisii animu ma ɛyɛɛ bamma tenten baako ɛnna ɔsane de afoforɔ nsia sisii animu maa ɛno nso yɛɛ bamma tenten baako. 17Afei, ɔbobɔɔ nkantankorowa aduonum wɔ emu biara ano 18ɛnna ɔyɛɛ kɔbere nkɔtɔkorɔ aduonum de koakoaa nkantankorowa no, sɛdeɛ ɛbɛma nkataho no bɛkyere pintinn. 19Wɔsiesiee nneɛma ahodoɔ mmienu de kataa ɛdan no so. Deɛ ɛdi ɛkan no yɛ odwennini wedeɛ a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu yɛ abirekyie wedeɛ a ɛsɔ.

20Wɔde okuo yɛɛ ntaaboo de twaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho. 21Taaboo biara ɔsorokɔ no yɛ anammɔn dunum na ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn mmienu ne kakra. 22Nkɔtɔkorɔ mmienu wɔ taaboo biara ase, na taaboo biara yɛ pɛ. 23Na Ahyiaeɛ Ntomadan no ntaaboo aduonu kyerɛ nʼanafoɔ 24a wɔn ase sisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so. Nsisisoɔ no mmienu mmienu hyehyɛ taaboo biara ase. 25Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam nso, na wɔde ntaaboo aduonu atwa ho 26a ɛsisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so a taaboo baako bɛsi nsisisoɔ mmienu so. 27Ahyiaeɛ Ntomadan no fa a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no yɛ nʼakyi. Ɛno nso, wɔde ntaaboo nsia na ɛtwa ho, 28ɛnna ne twɛtwɛwa biara so nso, ntaaboo mmienu sisi. 29Wɔde nkɔtɔkorɔ bɛsosɔ ntaaboo mmienu no soro ne ne fam. 30Enti, ntaaboo nwɔtwe na wɔde bɛyɛ ɛdan no fa hɔ a wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ dunsia so. Taaboo biara bɛfa nsisisoɔ mmienu.

31Afei, ɔyɛɛ okuo nnua bi de beabeaa ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no enum kɔ ntaaboo no fa baako. 32Wɔyɛɛ afoforɔ enum nso kɔɔ ɛfa baako. Na mmeamu nnua no enum nso bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntomadan no akyi, a ani kyerɛ atɔeɛ fam no. 33Wɔbɔɔ mmeamu dua baako de bɔɔ ntaaboo no mfimfini. Wɔde twaa mu firi tire kɔkaa tire. 34Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ntaaboo no ho, na wɔde sikakɔkɔɔ nkawa asosɔ mmeamu nnua no mu ama no agyina. Na sikakɔkɔɔ dura mmeamu nnua no nso ho.

35Wɔde ntoma pa a ɛyɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu fɛfɛɛfɛ na ayɛ ntwamutam wɔ Ntomadan no mu. 36Na wɔyɛɛ okuo nnua fadum ɛnan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho ne sikakɔkɔɔ nsosɔmu ɛnan maa ntwamutam no. Na fadum ɛnan no mu biara si dwetɛ nnyinasoɔ ɛnan so. 37Afei, wɔyɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nkatanimu. Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ a wɔde tuntum, bibire ne koogyan adi mu adwini na ɛyɛeɛ. 38Wɔde nkɔtɔkorɔ enum na asosɔ saa nkatanimu yi de akyekyere nnua enum no. Nnua no ne ɛho nneɛma ne mpomma no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura ho na ne nnyinasoɔ enum no nso, wɔde kɔbere na ɛyɛeɛ.