出埃及记 3 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 3:1-22

上帝呼召摩西

1摩西为岳父米甸祭司叶忒罗放羊。一天他领着羊群穿越旷野,来到上帝的山——何烈山。 2忽然有耶和华的天使在荆棘里的火焰中向他显现。摩西看见荆棘虽然在燃烧,却没有被烧毁。 3摩西想:“我要过去看这个奇异的景象,荆棘为什么没有被烧掉呢?” 4耶和华上帝见他要上前观看,就从荆棘丛中呼唤他说:“摩西摩西!”摩西说:“我在这里。” 5上帝说:“别再靠近,脱下你脚上的鞋子,因为你所站的地方是圣地。” 6又说:“我是你祖先的上帝,是亚伯拉罕的上帝,以撒的上帝,雅各的上帝。”摩西害怕看上帝,就把脸蒙起来。 7耶和华说:“我已经看见我子民在埃及所受的苦难,听见了他们因监工的压迫而发出的呼求。我知道他们的痛苦。 8我下来是要从埃及人手中救他们,带他们离开那里,到一个辽阔肥沃的奶蜜之乡,就是现在迦南人、人、亚摩利人、比利洗人、希未人和耶布斯人居住的地方。 9现在,以色列人的呼求传到我耳中,我也看到了埃及人怎样压迫他们。 10现在去吧,我要派你到法老那里,带领我的以色列子民离开埃及。” 11摩西对上帝说:“我是谁啊?怎么能去见法老,把以色列人从埃及领出来呢?” 12上帝说:“我必与你同在,你带百姓离开埃及后,你们必在这座山上事奉我——这将是我派你去的证据。” 13摩西问上帝:“假如我到以色列人那里,对他们说,‘你们祖先的上帝派我来你们这里。’他们如果问我,‘祂叫什么名字?’我该怎样回答他们呢?” 14上帝对摩西说:“我是自有永有者。你要这样回答以色列人,‘那位自有永有者派我到你们这里。’” 15上帝又对摩西说:“你要告诉以色列人是我派遣你到他们那里,我是他们祖先的上帝耶和华,是亚伯拉罕的上帝,以撒的上帝,雅各的上帝。耶和华是我的名字,直到永远,世世代代的人都要这样称呼我。 16你去招聚以色列的长老,对他们说,‘你们祖先的上帝耶和华,就是亚伯拉罕以撒雅各的上帝向我显现,说祂关切你们,知道你们在埃及的遭遇。 17祂应许要带领你们脱离在埃及所受的苦难,到迦南人、人、亚摩利人、比利洗人,希未人和耶布斯人住的地方,那里是奶蜜之乡。’ 18以色列的长老们必定听从你的话,你就跟他们一起去见埃及王,对他说,‘希伯来人的上帝耶和华向我们显现。现在请你容许我们走三天的路程,到旷野去,向我们的上帝耶和华献祭。’ 19我也知道除非我用大能的手向他施压,不然埃及王不会让你们离开。 20因此,我必伸手行各种神迹攻击埃及,之后他必让你们离开。 21我必使埃及人恩待你们,好叫你们不致空手离开埃及22你们的妇女只管向埃及邻居及住在邻居家的妇女索取金器、银器和衣服,给自己的儿女穿戴,你们必这样夺取埃及人的财物。”

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 3:1-22

Mose Ne Gyaframa No

1Ɛda bi na Mose rehwɛ nʼase Yetro a ɔyɛ Midian ɔsɔfoɔ nnwan. Ɔde nnwan no wuraa ɛserɛ no mu kɔɔ akyirikyiri kɔduruu Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ3.1 Onyankopɔn bepɔ yɛ Bepɔ Sinai. no so. 2Prɛko pɛ, na Awurade ɔbɔfoɔ daa ne ho adi sɛ gyaframa wɔ wira no mu kyerɛɛ no. Mose hunuu sɛ wira no redɛre nanso na ɛnhye. 3Enti, Mose kaa sɛ, “Mɛkɔ akɔhwɛ anwanwadeɛ yi ahunu deɛ enti a wira no nhye.”

4Ɛberɛ a Awurade hunuu sɛ ɔrekɔhwɛ no, ɔfrɛɛ no firii wira no mu sɛ, “Mose! Mose!”

Mose gyee so sɛ, “Me nie.”

5Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mmɛn me. Yi wo nan mu mpaboa na baabi a wogyina no yɛ asase kronkron.” 6Ɔtoaa so sɛ, “Mene wʼagyanom Onyankopɔn—Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn.” Mose kataa nʼanim, ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn anim.

7Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Mahunu amanehunu a me manfoɔ a wɔwɔ Misraim no wɔ mu, na mate wɔn nkotosrɛ a ɛfa wɔn nnwuma wuranom ho, na menim wɔn ahohiahia. 8Maba sɛ merebɛgye wɔn afiri Misraimfoɔ nsam na mayi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase pa so—asase a ɛtrɛ; asase a ɛwoɔ ne nufosuo wɔ so—asase a Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ te soɔ no so. 9Mate Israelfoɔ no su, na mahunu nya a Misraimfoɔ di wɔn no. 10Afei, merebɛsoma wo akɔ Farao nkyɛn, akɔyi me ɔman Israel afiri Misraim.”

11Mose bisaa sɛ, “Mene hwan a mɛtumi akɔ Farao anim akɔka sɛ merebɛyi Israelfoɔ afiri Misraim asase so?”

12Onyankopɔn buaa no sɛ, “Mɛka wo ho. Adansedeɛ a ɛkyerɛ sɛ me na masoma wo no nie. Sɛ woyi nnipa no firi Misraim a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ saa bepɔ yi so.”

13Mose bisaa sɛ, “Sɛ mekɔ Israelfoɔ no nkyɛn kɔka sɛ, wɔn agyanom Onyankopɔn na wasoma me na wɔbisa me sɛ. ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuaeɛ bɛn na memfa mma wɔn?”

14Ɔbuaa Mose sɛ, ka sɛ, “Mene deɛ ɔwɔ hɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Me Ara na wasoma me mo nkyɛn.’ ”

15Onyankopɔn toaa so sɛ, “Awurade a ɔyɛ mo nananom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.” Yei ne me edin a wɔde bɛkae me ɛda biara firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.

16Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ nyinaa hyia na ka hunu a wohunuu Awurade wɔ wira a na ɛredɛre mu no kyerɛ wɔn. Afei, ka asɛm a meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Makɔsra me nkurɔfoɔ na mahunu deɛ aba wɔn so wɔ Misraim no kyerɛ wɔn. 17Mehyɛ bɔ sɛ mɛyi wɔn afiri amanehunu ne animguaseɛ a wɔwɔ mu no mu na mede wɔn akɔ asase a Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ te so ɛnnɛ yi a ɛwoɔ ne nufosuo wɔ so no so.’

18“Israelfoɔ mpanimfoɔ bɛtie wʼasɛm na wɔne wo akɔ Misraimhene hɔ akɔka akyerɛ no sɛ, ‘Awurade, Hebrifoɔ Onyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn sɛ, yɛntu nnansa ɛkwan nkɔ ɛserɛ so nkɔbɔ afɔdeɛ mma no. Enti, ma yɛn ɛkwan.’ 19Nanso, menim sɛ Misraimhene remma mo ɛkwan da, gye sɛ wɔhyɛ no ketee. 20Enti, mɛhyɛ no ketee sɛdeɛ ɛsɛ. Menam anwanwakwan so bɛsɛe Misraim na akyire no, wama mo akɔ.

21“Mɛma mo anim aba nyam Misraimfoɔ no anim na wɔahyehyɛ akyɛdeɛ ama mo, na moankɔ no nsapan. 22Ɔbaa biara mmisa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinneɛ ne ntoma pa mfiri nʼafipamfoɔ ne ne fiefoɔ mmaa nkyɛn na wɔmfa nsiesie wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa ho. Wɔnam saa yɛ so bɛpansam Misraimfoɔ ahonyadeɛ te sɛ deɛ wɔafom asadeɛ.”