出埃及记 20 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 20:1-26

十诫

1以下是上帝的训示:

2“我是你的上帝耶和华,曾把你领出埃及,使你不再受奴役。

3“除我以外,你不可有别的神。

4“不可为自己雕刻神像,不可仿照任何飞禽走兽或水族的样子造神像, 5不可跪拜它们,也不可供奉它们,因为我——你的上帝耶和华痛恨不贞,我必追讨背弃我之人的罪,从父到子直到三四代。 6但那些爱我、遵守我诫命的人,我必以慈爱待他们,直到千代。

7“不可妄用你上帝耶和华的名,违者必被耶和华定罪。

8“要记住安息日,守为圣日。 9你一周可工作六天, 10但第七天是你的上帝耶和华的安息日,这一天你和儿女、仆婢、牲畜及你那里的外族人不可做任何工。 11因为耶和华用六天造了天、地、海和其中的万物,第七天便休息了,所以耶和华赐福这日,把它定为圣日。

12“要孝敬父母,以便在你的上帝耶和华赐给你的土地上享长寿。

13“不可杀人。

14“不可通奸。

15“不可偷盗。

16“不可作伪证陷害人。

17“不可贪恋别人的房屋,不可贪恋别人的妻子、仆婢、牛驴或其他任何物品。”

18那时雷电交加,号角嘹亮,山上冒烟,百姓看见此情景,都吓得浑身颤抖,不敢挨近。 19他们对摩西说:“求你跟我们说话,我们必听从。不要让上帝直接跟我们说话,恐怕我们会丧命!” 20摩西对百姓说:“不用害怕,上帝降临是要试验你们,好让你们时时敬畏祂,不致犯罪。”

21百姓都站得远远的,摩西独自走进上帝所在的密云中。 22耶和华吩咐摩西以色列百姓说:“既然你们已经亲眼看见我从天上向你们说话, 23除了敬拜我之外,不可为自己制造金银神像。 24你们要为我筑一座土坛,把你们的牛羊献在坛上作燔祭和平安祭。凡是我使自己的名号被尊崇的地方,我会亲临那里赐福给你们。 25你们若为我筑石坛,不可用凿刻的石头,因为用工具凿刻的石头会玷污祭坛。 26不可踩着台阶登我的祭坛,免得露出你们的下体。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 20:1-26

Mmaransɛm Edu No

1Afei, Onyankopɔn kaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn:

2“Mene Awurade, mo Onyankopɔn a meyii mo firii nkoasom mu wɔ Misraim no.

3“Monnsom onyame foforɔ biara nnka me ho.

4Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ adeɛ a ɛwɔ ewiem, anaa deɛ ɛwɔ asase so, anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu, anaa deɛ ɛwɔ asase ase. 5Monnkoto ohoni biara nsom no ɛkwan biara so, na me, Awurade mo Onyankopɔn, meyɛ ninkunfoɔ. Na me ne onyame foforɔ bi nkyɛ mo dɔ a modɔ me no. Na sɛ nnipa bi bɔne a wayɛ enti metwe wɔn aso a, metwe wɔn aso kɔsi wɔn awontoatoasoɔ a wɔtan me no nyinaa so. 6Na medɔ awoɔ ntoatoasoɔ mpem a wɔdɔ me na wɔdi mʼahyɛdeɛ so.

7Mommmɔ Awurade Onyankopɔn din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, ɔbɛbu mo fɔ.

8Monkae homeda na monni no sɛ ɛda kronkron. 9Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa, 10na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma Awurade Onyankopɔn. Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmammarima, mo mmabaa anaa mo asomfoɔ anaa mo anantwie anaa mo ahɔhoɔ yɛ adwuma biara. 11Ɛfiri sɛ, Awurade de nna nsia na ɛbɔɔ ɛsoro, asase ne ɛpo ne biribiara a ɛwɔ ne nyinaa mu, ɛnna ɔhomee ne nnanson so; enti ɔhyiraa homeda no so sɛ wɔmfa nhome.

12Di wʼagya ne wo maame ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Onyankopɔn, de bɛma wo no.

13Nni awu.

14Nsɛe awadeɛ.

15Mmɔ korɔno.

16Nni adansekurumu.

17Mma wʼani mmerɛ wo yɔnko fie anaa ne yere anaa nʼasomfoɔ anaa nʼanantwie anaa ne mfunumu anaa biribiara a ɛyɛ ne dea.”

18Nnipa no nyinaa hunuu ayerɛmo ne wisie kumɔnn wɔ bepɔ no so. Wɔtee aprannaa ne totorobɛnto nne a ɛyɛ hu a ɛrebɔ dendeenden. Enti, wɔte gyinaeɛ a ehu ama wɔn ho rewoso. 19Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn, na yɛbɛtie. Na mma Onyankopɔn ankasa nkasa nkyerɛ yɛn na yɛanwuwu.”

20Mose nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔda ne tumi adi kyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, mobɛsuro sɛ mobɛyɛ bɔne atia no.”

21Nanso, nnipa no tee wɔn ho gyinaa akyirikyiri baabi. Mose deɛ, ɔwuraa esum kabii no mu kɔɔ baabi a Onyankopɔn wɔ hɔ.

Afɔrebukyia No Ho Mmara

22Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka saa asɛm yi kyerɛ Israelfoɔ no. ‘Modi ho adanseɛ nokorɛm sɛ, mefiri soro ada me pɛ adi akyerɛ mo. 23Monkae sɛ ɛnsɛ sɛ moyɛ anaa mosom ahoni a wɔde sika anaa dwetɛ anaa biribi foforɔ ayɛ.

24“ ‘Dɔteɛ afɔrebukyia na monyɛ mma me. Ɛso na mommɔ mo afɔdeɛ mma me. Mo ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a mode nnwan ne anantwie bɔ no nyinaa mommɔ mma me. Baabi a mɛkyerɛ mo sɛ monsi afɔrebukyia no na monsi na mɛba hɔ abɛhyira mo. 25Motumi de aboɔ nso si afɔrebukyia, nanso aboɔ a wɔntwaeɛ na momfa nsi. Sɛ mode afidie bi twa aboɔ no di no adwini a, ɛnyɛ sɛ wɔde si, ɛfiri sɛ, moagu ho fi. 26Monnyɛ atrapoe mma afɔrebukyia no anyɛ saa a, obi bɛhwɛ mo ntadeɛ ase ahunu mo adagya mu.’