使徒行传 23 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

使徒行传 23:1-35

1保罗注视着公会的人,说:“弟兄们,我在上帝面前行事为人一向问心无愧。” 2大祭司亚拿尼亚一听,就命那些站在旁边的人打保罗的嘴。 3保罗亚拿尼亚说:“你这伪君子23:3 伪君子”希腊文是“粉饰的墙”。,上帝要击打你!你坐在那里不是应当依法审问我吗?你怎么违法叫人打我?”

4站在旁边的人说:“你竟敢辱骂上帝的大祭司?” 5保罗说:“弟兄们,我不知道他是大祭司。我知道圣经上说,‘不可咒诅百姓的官长。’”

6保罗发现他们一些是法利赛人,一些是撒都该人,就在公会中高声说:“弟兄们,我是法利赛人,也是法利赛人的子孙。我因为盼望死人复活,才在这里受审!” 7这句话立刻引起法利赛人和撒都该人之间的争论,公会分成了两派。 8因为撒都该人认为没有复活,也没有天使和灵,而法利赛人认为这些都有。

9众人大声喧嚷,有几个法利赛派的律法教师站起来争辩说:“我们找不出这人有什么错处,也许真的有灵或天使跟他说过话。” 10争论越来越激烈,千夫长怕保罗会被他们扯碎了,就派人把他从人群中救出来,带回军营。

11当天晚上,主站在保罗身旁对他说:“要勇敢!正如你在耶路撒冷为我做了见证,你也必须在罗马为我做见证。”

阴谋杀害保罗

12天亮后,犹太人设下阴谋,并起誓说:“不杀保罗,誓不吃喝!” 13有四十多人参与了这个阴谋。 14他们去见祭司长和长老,说:“我们已经发了誓,不杀保罗不吃饭。 15请你们和公会出面通知千夫长,请他把保罗押到你们这里来,就说要进一步审讯他。我们准备在他到达之前杀掉他!”

16保罗的外甥听到这一阴谋,就去军营通知保罗17保罗请来一位百夫长,说:“请赶快带这青年去见千夫长,他有要事禀告!” 18百夫长领那青年去见千夫长,说:“那囚犯保罗叫我带这青年来,说有要事禀告。”

19千夫长就拉着那青年的手走到一旁,私下问他:“你有什么事要告诉我?” 20他说:“那些犹太人约好了,要请求你明天带保罗到公会受审,假装要详细审问他的事。 21你不要答应他们,因为他们有四十多个人会埋伏在半路,并且还起誓说,‘不杀保罗就不吃不喝’。他们现在已经准备就绪,就等你答应了。”

22千夫长听后,就叫他回去,并叮嘱道:“你向我禀告的事,不要告诉别人。”

保罗被押往凯撒利亚

23于是,千夫长召来两名百夫长,吩咐道:“预备二百名步兵、七十名骑兵、二百名长枪手,今晚九时出发去凯撒利亚24要给保罗预备坐骑,护送他安全抵达腓利斯总督那里。”

25千夫长写了公文给腓利斯总督,内容如下: 26克劳狄·吕西亚敬问腓利斯总督大人安。 27这人被犹太人抓住,险些被他们杀害。我得知他是罗马公民,便带兵去救了他。 28为了弄清楚他们控告他的缘由,我押他到犹太人的公会受审, 29发现他被控告与他们的律法有关,他并没有犯该被监禁或处死的罪。 30我得知有人准备暗杀他,便立即护送他到你那里,并通知他的控告者去你那里告他。”

31军兵奉命行事,连夜护送保罗安提帕底32第二天,由骑兵继续护送,其余军兵返回军营。 33他们到了凯撒利亚,将公文呈交总督,把保罗交给他。 34总督看过公文,便问保罗是哪省的人,得知保罗基利迦人,就说: 35“等告你的人来了,我会审理你的案子。”于是下令把保罗关在希律的王府里。

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 23:1-35

1Paulo hwɛɛ agyinatufoɔ no dinn, kaa sɛ, “Anuanom, ahonim pa na mede mayɛ Onyankopɔn adwuma de abɛsi ɛnnɛ da yi.” 2Anania a na ɔyɛ Ɔsɔfopanin no hyɛɛ nnipa a na wɔgyina Paulo ho no sɛ wɔmmɔ nʼano so. 3Paulo ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo a wote sɛ ɔfasuo a wɔasra ho fitaa, Onyankopɔn bɛbɔ wo. Wote ha de mmara rebu me atɛn, nanso wobu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me!”

4Nnipa a na wɔgyina Paulo nkyɛn no bisaa no sɛ, “Sei na ɛsɛ sɛ wokasa kyerɛ Onyankopɔn sɔfopanin?”

5Paulo buaa wɔn sɛ, “Anuanom, mennim sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin. Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Nka asɛmmɔne mfa wo ɔman panin ho.’ ”

6Ɛberɛ a Paulo hunuu sɛ nnipa no bi yɛ Sadukifoɔ na ebi yɛ Farisifoɔ no, ɔteaam wɔ agyinatufoɔ no anim sɛ, “Me nuanom, meyɛ Farisini. Mʼawofoɔ yɛ Farisifoɔ. Gyidie a mewɔ wɔ awufosɔreɛ mu no enti na megyina ha ama wɔredi mʼasɛm yi.” 7Asɛm a Paulo kaeɛ yi maa ntawantawa sii Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ntam maa wɔn mu kyɛɛ mmienu, 8ɛfiri sɛ, na Sadukifoɔ no nnye owusɔreɛ, abɔfoɔ ne honhom nni. Nanso, Farisifoɔ no de, wɔgye saa nneɛma mmiɛnsa no di.

9Nteateamu no kɔɔ so kɔsii sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu bi a wɔyɛ Farisifoɔ no sɔre gyinaa hɔ kaa sɛ, “Yɛnhunu bɔne biara a saa onipa yi ayɛ! Ebia honhom anaa ɔbɔfoɔ na ɔkasa kyerɛɛ no!” 10Akasakasa no mu yɛɛ den maa ɔsafohene no suroeɛ sɛ anhwɛ a wɔbɛtete Paulo mu; ɛno enti, ɔhyɛɛ nʼasraafoɔ sɛ, wɔnkɔ nnipa no mu na wɔnkɔgye Paulo mfiri wɔn nsam mfa no nkɔ aban mu.

11Anadwo no, Awurade bɛgyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro! Sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ wɔ Yerusalem ha no, saa ara nso na kɔdi me ho adanseɛ wɔ Roma.”

Wɔbɔ Paulo Ho Pɔ

12Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ bi hyia kaa ntam, dii nse sɛ wɔrennidi na wɔrennom nso kɔsi sɛ wɔbɛkum Paulo. 13Na saa nnipa no dodoɔ bɛboro aduanan. 14Afei, wɔkɔɔ asɔfoɔ mpanin ne mpanin no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛaka ntam, adi nse sɛ hwee renka yɛn ano kɔsi sɛ yɛbɛkum Paulo. 15Mo ne agyinatufoɔ no nsoma nkɔ Roma ɔsafohene no nkyɛn nhyɛ da nka sɛ, mopɛ sɛ mobisa Paulo deɛ wayɛ no mu yie. Nanso, ansa na wɔde no bɛduru hɔ no, na yɛakum no dada.”

16Nanso, Paulo wɔfaase bi tee pɔ a wɔabɔ no enti, ɔkɔɔ aban mu hɔ kɔbɔɔ Paulo amaneɛ.

17Paulo frɛɛ asraafoɔ mpanin no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne aberanteɛ yi nkɔ ɔsafohene no nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.” 18Ɔsraani panin no ne aberanteɛ no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn.

Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔsafohene no sɛ, “Paulo a ɔda afiase no asoma me sɛ memfa aberanteɛ yi mmɛhunu wo na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.”

19Ɔsafohene no sɔɔ aberanteɛ no nsa de no kɔgyinaa nkyɛn baabi bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na wowɔ ka kyerɛ me?”

20Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Yudafoɔ mpanin no abɔ pɔ sɛ ɔkyena wɔbɛhyɛ da abɛsrɛ wo na woama wɔde Paulo abrɛ agyinatufoɔ no sɛ wɔrebɛbisa no ne nsɛm no mu yie. 21Nanso, mma wɔnnaadaa wo. Ɛfiri sɛ, mmarima bɛboro aduanan bi a wɔaka ntam, adi nse sɛ wɔremfa hwee nka wɔn ano kɔsi sɛ wɔbɛnya Paulo akum no no bɛtetɛ no wɔ ɛkwan so. Deɛ wɔretwɛn ara ne sɛ, wobɛma ho ɛkwan.”

22Ɔsafohene no gyaa aberanteɛ no kwan ka kyerɛɛ no sɛ, “Nka nkyerɛ obiara sɛ woabɛka asɛm biara akyerɛ me.”

Wɔde Paulo Kɔ Kaesarea

23Ɔsafohene no frɛɛ nʼasraafoɔ mpanimfoɔ baanu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mompɛ asraafoɔ ahanu ne apɔnkɔsotefoɔ ne mpeakurafoɔ ahanu na momfiri ha anadwo nnɔnkron yi ara nkɔ Kaesarea. 24Mompɛ ɔpɔnkɔ mma Paulo na momfa no nkɔma Amrado Felike dwoodwoo.”

25Afei, ɔsafohene no twerɛɛ nwoma a emu nsɛm ka sɛ:

26Me Klaudio Lisia

a meretwerɛ wo Onimuonyamfoɔ Amrado Felike saa nwoma yi,

kyea wo!

27Yudafoɔ kyeree saa ɔbarima yi a anka wɔrekum no, nanso metee sɛ ɔyɛ Romani no, me ne mʼasraafoɔ kɔgyee no firii wɔn nsam. 28Mepɛɛ sɛ mehunu bɔne ko a wayɛ, enti mede no kɔmaa wɔn agyinatufoɔ no. 29Mehunuiɛ sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wɔgyina so kum no anaasɛ wɔde no to afiase. Asɛm a wɔka too ne so no fa wɔn mmara ho. 30Ɛno enti, ɛberɛ a metee sɛ Yudafoɔ bi abɔ ne ho pɔ sɛ wɔbɛtɛ no akum no no, meyɛɛ mʼadwene sɛ mede no bɛbrɛ wo. Maka makyerɛ wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia no no sɛ, wɔmmra wʼanim mmɛka.

31Asraafoɔ no yɛɛ biribiara a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Anadwo no ara wɔde Paulo kɔɔ Antipatri. 32Adeɛ kyeeɛ no, asraafoɔ a wɔnam fam no sane wɔn akyi, na wɔn a wɔte apɔnkɔ so no toaa so kɔɔ Kaesarea. 33Wɔduruiɛ no, wɔde nwoma no maa Amrado no de Paulo hyɛɛ ne nsa. 34Amrado no kenkanee nwoma no wieeɛ no ɔbisaa Paulo ɔman ko a ɔfiri mu. Ɔtee sɛ ɔfiri Kilikia no, ɔka kyerɛɛ no sɛ. 35“Wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia wo no ba a na mɛtie wʼasɛm.” Afei, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo nkɔ Herode ahemfie na asraafoɔ nwɛn no.