使徒行传 22 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

使徒行传 22:1-30

1“各位父老兄弟,请听我解释!” 2在场的人听见保罗讲的是希伯来话,更加安静了。保罗说: 3“我是犹太人,生于基利迦大数,在耶路撒冷长大,曾在迦玛列门下严格地按着我们祖先的律法接受教育,像你们今日一样热心事奉上帝。 4我曾经把信奉这道的男女信徒抓进监狱,迫害他们,置他们于死地。 5大祭司和众长老都可以为我作证。我还拿着他们写给大马士革犹太人的信去拘捕那里的信徒,押回耶路撒冷受刑。

6“当我快到大马士革的时候,大约中午时分,突然从天上有一道强光四面照着我。 7我就扑倒在地,听见有声音对我说,‘扫罗扫罗!你为什么迫害我?’ 8我回答说,‘主啊,你是谁?’他说,‘我就是你迫害的拿撒勒人耶稣!’ 9我的同伴虽然也看见那道强光,却听不懂那位说话者的声音。 10接着我又问,‘主啊!我该怎么办?’主说,‘起来,到大马士革去,那里会有人将指派给你的事告诉你。’

11“那道耀眼的光照得我双眼失明,于是同行的人拉着我的手,带我进了大马士革12那里有一个严守律法的虔诚人名叫亚拿尼亚,深受当地所有犹太人的尊敬。 13他来探望我,站在我身边说,‘扫罗弟兄,重见光明吧!’就在那一刻,我抬头看见了他。 14他又说,‘我们祖先的上帝拣选了你,要你明白祂的旨意,又让你亲自看见那位公义者、听到祂的声音。 15因为你将做祂的见证人,把所见所闻告诉万民。 16现在你还等什么呢?起来求告祂的名,接受洗礼,洗净你的罪。’

17“后来,我回到耶路撒冷,在圣殿里祷告的时候,进入异象, 18看见主对我说,‘赶快离开耶路撒冷,因为这里的人不会接受你为我做的见证。’ 19我说,‘主啊!他们都知道我从前搜遍各会堂,逮捕、毒打信你的人。 20当你的见证人司提凡为你流血殉道时,我自己也站在旁边赞同杀他的人,还替他们保管衣服。’ 21主却对我说,‘去吧!我要差遣你到遥远的外族人那里。’”

因罗马公民身份而免刑

22众人一听到这里,就高喊:“从世上除掉这样的人!他不配活着!” 23百姓咆哮着脱掉外衣,扬起尘土。 24千夫长下令把保罗押回营房,预备鞭打拷问他,要查出众人向他咆哮的缘由。 25他们把保罗绑起来正要鞭打,保罗问旁边的百夫长:“未经定罪就拷打罗马公民合法吗?”

26百夫长一听,立刻去禀告千夫长说:“你看该怎么办?这人是罗马公民。”

27千夫长就来问保罗:“告诉我,你是罗马公民吗?”

保罗说:“是的。”

28千夫长说:“我花了很多钱才当上罗马公民!”

保罗说:“我生来就是。”

29那些准备拷问保罗的士兵立刻退下了。千夫长也害怕起来,因为发现保罗罗马公民,他却下令捆绑了保罗

保罗在公会申辩

30第二天,千夫长想知道保罗犹太人指控的真相,就为保罗松了绑,并招聚了祭司长和全公会的人,然后将保罗带来,让他站在众人面前。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 22:1-30

1“Anuanom ne agyanom, muntie mʼanoyi yi.”

2Wɔtee sɛ ɔka Arameike no, wɔyɛɛ komm koraa.

Paulo toaa so se, 3“Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetew me wɔ Yerusalem wɔ Gamaliel nan ase. Misuaa sɛnea wodi Yudafo mmara ne wɔn amanne so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam sɛnea mo nyinaa nso reyɛ nnɛ yi. 4Metaa nnipa a wodi Awurade asɛm so no nyinaa kunkum wɔn. Mekyeree mmea ne mmarima de wɔn guu afiase. 5Ɔsɔfopanyin ne agyinatufo no nyinaa di me adanse sɛ, asɛm a mereka yi yɛ nokware. Wɔn nkyɛn mpo na migyee tumi nhoma sɛ mede rekɔma anuanom Yudafo a wɔwɔ Damasko no. Saa nhoma no na anka megyina so makyekyere nnipa a wodi Awurade asɛm so no agu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, de wɔn aba Yerusalem na wɔatwe wɔn aso.

6“Owigyinae a mereyɛ adu Damasko no, mpofirim na hann bi twa faa me ho. 7Mitwa hwee fam, na metee nne bi a ɛrebisa me se, ‘Saulo! Saulo! Adɛn nti na wotaa me?’

8“Mibisae se, ‘Ɛyɛ wo hena, Awurade?’

“Nne no buaa me se, ‘Ɛyɛ me Nasareni Yesu a wotaa me no.’ 9Nnipa a na wɔne me nam no huu hann no de, nanso wɔante nne a ɛkasa kyerɛɛ me no.

10“Mibisae se, ‘Dɛn na menyɛ, Awurade?’

“Awurade ka kyerɛɛ me se, ‘Sɔre na kɔ Damasko, na hɔ na mɛkyerɛ wo biribiara a mepɛ sɛ woyɛ.’ 11Hann no hyerɛn ano den no maa mʼani furae enti nnipa a na me ne wɔn rekɔ no susoo me nsa de me kɔɔ Damasko.

12“Na Onipa bi a wɔfrɛ no Anania a odi Mose mmara so a na Yudafo nyinaa di no ni no te Damasko hɔ. 13Ɔbaa me nkyɛn bɛkae se, ‘Onua Saulo, hu ade bio!’ ” Na hɔ ara mʼani buei.

14“Ɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛn nenanom Nyankopɔn ayi wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛyɛ nʼapɛde na woahu ɔtreneeni no, na wobɛte nʼankasa ne nne sɛ ɛkasa kyerɛ wo. 15Wubedi adanse afa biribiara a woahu na woate wɔ Awurade ho no akyerɛ nnipa nyinaa. 16Afei, dɛn na woretwɛn bio? Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne wɔ Yesu din mu.’

Wɔsoma Paulo Amanamanmufo Nkyɛn

17“Mesan kɔɔ Yerusalem na merebɔ mpae wɔ asɔredan mu no, 18mihuu Awurade wɔ anisoadehu mu na ɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛ ntɛm fi Yerusalem ha, efisɛ nnipa a wɔwɔ ha no rentie adanse a wudi fa me ho no.’

19“Mekae se, ‘Awurade, wɔn nyinaa nim pefee sɛ mekɔɔ hyiadan mu kɔkyekyeree asuafo boroo wɔn. 20Saa ara na bere a wokum wo dansefo Stefano no, na mewɔ hɔ bi. Mepenee ne kum no so, hwɛɛ awudifo no ntama so.’

21“Awurade ka kyerɛɛ me se, ‘Sɔre na kɔ, efisɛ mɛsoma wo akɔ akyirikyiri, amanamanmufo nkyɛn!’ ”

22Bere a Paulo kae se wɔasoma no amanamanmufo nkyɛn pɛ na dɔm no fii ase teɛteɛɛ mu dennen se, “Munkum no! Ɔmfata sɛ ɔtena wiase!”

23Nnipa no kɔɔ so teɛteɛɛ mu, hugyaa wɔn ntama saw mfutuma tow petee wim. 24Roma sahene no hyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu nkɔbɔ no mmaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka nea enti a nnipa no nyinaa mpɛ sɛ wotie nʼasɛm no. 25Bere a wɔkyekyeree no wiee a wɔrebɛbɔ no mmaa no, Paulo bisaa ɔsraani panyin a na ogyina hɔ no se, “Mowɔ ho kwan sɛ mobɔ Romani a wonnii nʼasɛm mmuu no fɔ no mmaa ana?”

26Bere a ɔsraani panyin no tee saa asɛm no, ɔkɔɔ ɔsahene no nkyɛn kobisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ yi? Onipa no yɛ Romani!”

27Afei ɔsahene no kɔɔ Paulo nkyɛn kobisaa no se, “Woyɛ Romani ana?”

Paulo buaa no se, “Yiw meyɛ Romani.”

28Ɔsahene no kae se, “Mituaa sika bebree na mede tɔɔ me Roma maniyɛ.”

Paulo nso kae se, “Me de, wɔwoo me sɛ Romani.”

29Ntɛm ara, nnipa a na wɔrebebisa Paulo nsɛm no twee wɔn ho fii ne nkyɛn. Ɔsafohene no tee sɛ Paulo yɛ Romani no, osuroe sɛ wama wɔagu Paulo nkɔnsɔnkɔnsɔn.

Paulo Gyina Asennii

30Esiane sɛ na ɔsafohene no pɛ sɛ ohu nea enti a Yudafo no asɔre atia Paulo no nti, ade kyee no, ɔhyɛ ma woyii Paulo fii nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Ɔmaa asɔfo mpanyin ne agyinatufo no nyinaa hyiae. Afei ɔde Paulo kɔɔ se wɔnhwehwɛ nʼasɛm no mu.