传道书 11 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

传道书 11:1-10

1当慷慨施舍11:1 当慷慨施舍”或译“当把你的资财投入海外贸易”。

因为日后必有收获。

2当把你的资财分给多人,

因为你不知道日后会有什么灾难临到世上。

3云中满了水,就会下雨。

树不论倒向南或倒向北,

倒在哪里就躺在哪里。

4你若等待完美的天气,

必无法撒种,无法收割。

5正如你不知道风的路线,不知道骨骼在母胎中如何形成,你也无法了解创造万物之上帝的作为。 6你要早晚不停地撒种,因为你不知道什么时候撒的种子会发芽生长,或许所撒的都会带来收获。 7光真美好,能够看见阳光真好! 8人一生不论活多久,都要活得快乐,但不要忘记死后有许多黑暗的日子。将来的一切都是虚空。 9年轻人啊,在年轻时要快乐,要在青春岁月里使自己的心欢畅。心里想做什么就去做,眼睛想看什么就去看。然而,要切记:上帝必照你所行的一切审判你。 10所以,你要抛开心中的烦恼和肉体的痛苦,因为青春年华转瞬即逝。

Asante Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafoɔ 11:1-10

Burodo A Ɛwɔ Nsuo Ani

1To wo burodo gu nsuo ani,

na daakye bi wo nsa bɛka bio.

2Kyekyɛ mu ma nnipa baason, mpo nnipa baawɔtwe,

ɛfiri sɛ, wonnim amanehunu a ɛbɛba asase no so.

3Sɛ omununkum mu wɔ nsuo a,

ɛtɔ gu asase so.

Sɛ dua bi bu hwe anafoɔ fam anaa atifi fam a,

deɛ ɛhweeɛ no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.

4Obiara a ɔtwɛn ewiem nsakraeɛ no rennua,

na deɛ ɔhwɛ omununkum no nso rentwa.

5Sɛdeɛ wonhunu ɛkwan a mframa nam soɔ,

anaa sɛdeɛ wɔnwono onipadua wɔ yafunu mu no,

saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase.

Adeɛ nyinaa Yɛfoɔ no.

6Dua wʼaba anɔpa,

na anwummerɛ nso ma wo nsa nna ho,

na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie,

sɛ yei anaa yei

anaasɛ ebia mmienu no nyinaa bɛyɛ yie.

Kae Wo Ɔbɔfoɔ Wɔ Wo Mmeranteɛ Ɛberɛ Mu

7Hann yɛ fɛ;

na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ɔhunu owia.

8Mfeɛ dodoɔ a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaa

ɛsɛ sɛ ɔnya ahotɔ.

Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔne

na ɛbɛdɔɔso.

Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhudeɛ.

9Ma wʼani nnye, aberanteɛ, ɛberɛ a woyɛ ɔbabunu,

ma wʼakoma mma wo anigyeɛ wɔ wo mmeranteberɛ mu.

Di deɛ wʼakoma pɛ

ne deɛ wʼaniwa hunu akyi,

nanso hunu sɛ yeinom nyinaa ho

Onyankopɔn de wo bɛba atemmuo mu.

10Enti yi adwendwene biara firi wʼakoma mu

na to ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu,

ɛfiri sɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhudeɛ.