以赛亚书 8 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 8:1-22

预言灾难降临

1耶和华对我说:“你去拿块大的写字板,用通用的文字在上面写上‘玛黑珥·沙拉勒·哈施·罢斯8:1 玛黑珥·沙拉勒·哈施·罢斯”意思是“快速掳掠,迅速抢夺”。2我会吩咐忠信的祭司乌利亚耶比利迦的儿子撒迦利亚为这事做见证。” 3以赛亚与妻子同房,她就怀孕生了个儿子。耶和华对我说:“给他取名叫玛黑珥·沙拉勒·哈施·罢斯4因为这孩子会叫父亲母亲之前,亚述王必把大马士革的财富和撒玛利亚的战利品洗劫一空。” 5耶和华又对我说: 6“因为这些人拒绝接受我如西罗亚河缓缓流水般的温柔照顾,反倒因与利迅利玛利的儿子结盟而欢喜, 7我要差来亚述王的军队,使他们像幼发拉底河的洪流一样汹涌而来,淹没一切水道,漫过河岸, 8席卷犹大,使整个犹大几遭灭顶之灾。他必展开双翼横扫你的土地。”愿上帝与我们同在!

9列国啊,你们必被打垮、击溃!

远方的人啊,你们要听!

整装备战吧,但你们必被击垮!

整装备战吧,但你们必被击垮!

10你们设计谋吧,但休想得逞!

你们定策略吧,但休想成功!

因为上帝与我们同在。

当敬畏主

11耶和华大能的手按在我身上,警告我不可效法这些人。祂说: 12“他们认为是阴谋的,你们不要认为是阴谋。他们所怕的,你们不要怕,也不要畏惧。 13你们当尊万军之耶和华为圣,当敬畏祂,畏惧祂。 14祂必作人的圣所,也要作以色列犹大的绊脚石和使人跌倒的磐石,作耶路撒冷居民的陷阱和网罗。 15许多人必被绊倒,摔得粉身碎骨;他们必被网罗缠住、捕获。” 16我的门徒啊,你们要把上帝的训诲卷起来,用印封好。 17虽然耶和华掩面不顾雅各家,但我仍要等候祂,冀望于祂。 18看啊,我和祂所赐给我的儿女在以色列是征兆。这征兆来自住在锡安山的万军之耶和华。 19有人让你们去求问那些念念有词的巫师和术士,你们不要去。你们要去求问你们的上帝,活人的事怎能求问死人呢? 20人应该遵循耶和华的训诲和法度。人若不遵循祂的话,必看不到曙光。 21他们必困苦,饥饿,到处流浪,并在饥饿中怒气冲冲地咒骂他们的君王,亵渎上帝。 22他们抬头望天,低头看地,看到的尽是患难、痛苦和黑暗。他们必被扔进黑暗中。

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 8:1-22

Asiria, Awurade Nsa Mu Dadeɛ

1Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa nwoma mmobɔeɛ kɛseɛ no na fa twerɛdua biara twerɛ so. 2Na mɛfrɛ ɔsɔfoɔ Uria ne Yeberekia babarima Sakaria sɛ mʼadansefoɔ nokwafoɔ aba.” 3Afei mekɔɔ nkɔmhyɛni baa no ho, na ɔnyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas. 4Ansa na abarimaa no bɛtumi aka, ‘Mʼagya’ anaa sɛ ‘me maame’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahodeɛ ne Samaria afodeɛ nyinaa akɔ.”

5Awurade kasa kyerɛɛ me bio sɛ,

6“Esiane sɛ saa nkurɔfoɔ yi apo

Siloa nsuo a ɛresene brɛoo

na wɔdi ahurisie wɔ Resin

ne Remalia babarima no ho enti,

7Awurade reyɛ de Asubɔnten no

yire kɛseɛ no atia wɔn,

Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa.

Ɛbɛyiri afa ne mmɔnka nyinaa mu,

na abu afa ne nkonkɔn so

8na apra abɛfa Yuda, akontono afa ho,

atene afa mu abɛdeda ɛkɔn mu.

Na atrɛtrɛ akata asase no nyinaa so

Ao Immanuel.”

9Momma ɔko nteamu so, mo aman na wɔndwɛre mo!

Montie mo akyirikyiri aman.

Monsiesie mo ho mma ɔko, na wɔndwɛre mo!

Monsiesie mo ho mma ɔko, na wɔndwɛre mo!

10Hwehwɛ ɛkwan a wobɛfa soɔ, nanso wɔbɛsɛe no;

da wo nsusuiɛ adi, nanso ɛrennyina,

ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.

Suro Nyankopɔn

11Awurade de ne nsa denden no too me so, ka kyerɛ me bɔɔ me kɔkɔ sɛ, mennante saa nkurɔfoɔ yi kwan so. Ɔkaa sɛ,

12“Ɛnyɛ biribiara a saa nkurɔfoɔ yi frɛ no tirisopam

na ɛyɛ tirisopam.

Monnsuro deɛ wosuro,

na momma ɛmmɔ mo hu.

13Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wobu no kronkron,

ɔno na ɛsɛ sɛ wosuro no,

ɔno na ne ho yɛ hu,

14ɔbɛyɛ kronkronbea:

nanso Israel afie mmienu no deɛ,

ɔbɛyɛ suntiboɔ

ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase.

Na ne nnipa a ɛwɔ Yerusalem deɛ

ɔbɛyɛ afidie a ɛbɛyi wɔn.

15Wɔn mu bebree bɛsuntisunti;

wɔbɛhwe ase a wɔnnsɔre bio;

wɔbɛsum wɔn afidie na ayi wɔn.”

16Kyekyere adanseɛ no

sɔ mmara no ano ma mʼasuafoɔ.

17Mɛtwɛn Awurade

a wayi nʼani afiri Yakob efie so

mede me werɛ bɛhyɛ ne mu.

18Me ne mma a Awurade de wɔn ama me no nie. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne ahyɛnsodeɛ wɔ Israel, na yɛfiri Asafo Awurade a ɔte Sion Bepɔso no nkyɛn.

19Sɛ nnipa tu mo fo sɛ monkɔ hunu asamanfrɛfoɔ ne nnunsifoɔ a wɔkasa aso mu na emu nteɛ a, adɛn enti na wɔmmmisa wɔn Onyankopɔn? Adɛn enti na mobisa adeɛ wɔ awufoɔ nkyɛn ma ateasefoɔ? 20Sɛ wɔannyina mmara ne adanseɛ yi so anka asɛm yi a, wonni adekyeɛ mu hann. 21Wɔde ahohiahia ne ɛkɔm bɛnantenante asase no so; na sɛ wɔtɔ baha a, wɔn bo bɛfu na wɔbɛma wɔn ani so adome wɔn ɔhene ne wɔn Onyankopɔn. 22Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wobɛhunu ahohiahia ne esum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛne esum kabii mu.