以赛亚书 7 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 7:1-25

给亚哈斯王的信息

1乌西雅的孙子、约坦的儿子亚哈斯犹大王时,亚兰利迅利玛利的儿子以色列比加来攻打耶路撒冷,却无法攻破。 2亚兰以色列结盟的消息传到犹大王那里,举国上下都吓得胆战心惊,好像林中被风吹动的树木。 3耶和华对以赛亚说:“你带着儿子施亚雅述出去,到上池水沟的尽头——通往漂布场的路上迎见亚哈斯4告诉他要谨慎镇定,不要害怕,不要因亚兰利迅利玛利的儿子的怒气而胆怯,他们不过是两个冒烟的火把头。 5亚兰王和以法莲利玛利的儿子阴谋毁灭他, 6企图攻打并瓜分犹大,改立他比勒的儿子为王。 7但主耶和华说,

“‘这阴谋必无法得逞。

8亚兰的都城是大马士革

大马士革的首领是利迅

六十五年之内,

以色列必亡国。

9以色列的都城是撒玛利亚

撒玛利亚的首领是利玛利的儿子。

你们信心若不坚定,

必无法坚立。’”

10耶和华又对亚哈斯说: 11“向你的上帝耶和华求个征兆吧,或显在天上,或显在阴间。” 12亚哈斯说:“我不求,我不要试探耶和华。” 13以赛亚说:“大卫的子孙啊,你们听着!你们使人厌烦还不够吗?还要使我的上帝厌烦吗? 14所以,主会亲自给你们一个征兆,必有童贞女7:14 童贞女”或译“女子”。怀孕生子并给祂取名叫以马内利7:14 以马内利”意思是“上帝与我们同在”。15他将吃奶酪和蜂蜜,一直到他能明辨是非。 16然而,在他能明辨是非之前,你所惧怕的这二王的国土必荒废。

17“之后,耶和华必让亚述王来攻击你们。这是你全家及你的人民自以色列犹大分裂以来从未有的日子。 18那时,耶和华的哨声一响,埃及的大军必像苍蝇一样从遥远的尼罗河飞扑而来,亚述的人马必如黄蜂一样蜂拥而至, 19遍布险峻的山谷、岩穴、一切荆棘丛和草场。 20那时,主必使用幼发拉底河对岸的亚述王来毁灭你们,就像用租来的剃刀剃光你们的头发、胡须和身上的汗毛。

21“那时,一个人将养活一头母牛和两只羊。 22因出产的奶丰富,他就有奶酪吃,境内剩下的人都将吃奶酪和蜂蜜。 23那时,本来有千株葡萄、价值千金的园子必长满荆棘和蒺藜, 24人们必带着弓箭去打猎,因为遍地长满了荆棘和蒺藜。 25你因惧怕荆棘和蒺藜,将不再去从前用锄头开垦的山地,那里将成为牧放牛羊的地方。”

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 7:1-25

Immanuel Ho Nsɛnkyerɛnneɛ

1Ɛberɛ a Usia babarima Yotam babarima Ahas7.1 Ɛbɛyɛ afe 735 AWK mu no, Israel ne Siria ka bɔɔ mu tiaa Asiria, na wɔpɛɛ sɛ wɔhyɛ Ahas a na ɔyɛ Yuda ɔhempɔn no na ɔne wɔn bom kɔko. bɛdii Yudaman so ɔhene no, Aramhene Resin ne Remalia babarima Peka a ɔyɛ Israelhene baa Yerusalem ne wɔn bɛkoeɛ, nanso wɔantumi anni ne so.

2Na wɔka kyerɛɛ Dawid fie sɛ, “Aram ne Efraim ayɛ apam.” Enti Ahas ne ne nkurɔfoɔ ho wosoeɛ sɛdeɛ kwaeɛm nnua woso wɔ mframa ano no.

3Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia sɛ, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkɔhyia Ahas wɔ Atifi Tadeɛ no subɔnka a ɛwɔ Ntomasifoɔ Afuo no kwan so. 4Ka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ yie, yɛ komm na nsuro. Mma wʼakoma ntu wɔ saa nnyentia mmienu a ɛrefiri wisie yi ho; wɔ Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuhyeɛ no enti. 5Aram, Efraim ne Remalia babarima abɔ wo sɛeɛ ho pɔ sɛ, 6“Momma yɛnto nhyɛ Yuda so, na yɛntete wɔn mu na yɛnkyɛ mfa, na yɛnsi Tabeel babarima ɔhene wɔ so.” 7Nanso deɛ Asafo Awurade seɛ nie:

“ ‘Ɛremma so,

na ɛrensi da,

8Aram tiri ne Damasko,

na Resin pɛ na ɛyɛ Damasko ti.

Mfirinhyia aduosia enum mu no

Efraim mu bɛtete koraa a ɛrentumi nnyɛ ɔman.

9Efraim tiri ne Samaria

Remalia babarima pɛ ne Samaria ti.

Sɛ woannyina pintinn wɔ wo gyidie mu a,

worennyina koraa.’ ”

10Awurade kasa kyerɛɛ Ahas bio sɛ, 11“Bisa Awurade wo Onyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnneɛ, sɛ ɛwɔ ebunu ase tɔnn anaa ɔsorosoro nohoa.”

12Nanso, Ahas buaa sɛ, “Meremmisa. Merensɔ Awurade nhwɛ.”

13Na Yesaia kaa sɛ, “Montie Dawid fie! Ɛnnɔɔso mma mo sɛ mobɛsɔ nnipa ntoboaseɛ ahwɛ? Na mobɛsɔ me Onyankopɔn nso ntoboaseɛ ahwɛ anaa? 14Ɛnneɛ, Onyankopɔn ankasa bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ; ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na ɔbɛfrɛ no Immanuel. 15Ɔbɛdi nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ ɛberɛ a wahunu deɛ ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa deɛ ɛyɛ. 16Nanso, ansa na abarimaa no bɛhunu deɛ ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa deɛ ɛyɛ no, wɔbɛma ahemfo mmienu a wosuro wɔn no nsase ada mpan. 17Awurade de ɛberɛ bi bɛba wo ne wo nkurɔfoɔ ne wʼagya fie so a ɛso bi mmaa da, ɛfiri ɛberɛ a Efraim tee ne ho firii Yuda ho; ɔde Asiriahene bɛba.”

18Ɛda no, Awurade bɛhyɛn abɛn afrɛ nwansena afiri nsuwansuwa a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Misraim ne nwowa a wɔfiri Asiria asase so. 19Wɔn nyinaa bɛba abɛgu mmɔnhwa a emu dɔ ne ntokuro a ɛwɔ abotan mu, nkyɛkyerɛ ne nsuka mu. 20Ɛda no, Awurade de oyiwan a ɔbɛgye wɔ Asubɔnten no agya nohoa wɔ Asiriahene nkyɛn, na ɔde ayi motiri so ne monan ho nwi na wayi mo abɔgyesɛ nso. 21Saa ɛda no, obiara bɛyɛn nantwiburuwa baako ne mpɔnkye mmienu. 22Na ɛsiane nufosuo dodoɔ a wɔbɛma enti, ɔbɛnya nufosuo ani sradeɛ adi. Wɔn a wɔbɛka wɔ asase no so nyinaa bɛdi nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ. 23Saa ɛda no, baabiara a na anka bobe apem a ne boɔ yɛ dwetɛ kilogram dubaako ne fa wɔ no, wɔbɛhunu nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ. 24Nnipa de agyan ne tadua bɛkɔ hɔ, ɛfiri sɛ nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ agye hɔ. 25Nkokoɔ a na anka kane no wɔde nsɔ yɛ so adwuma no, nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ ho hu enti wɔrenkɔ hɔ bio. Ɛbɛdane mmeammea a wogyaa anantwie ne nnwan ma wɔkɔ.