以赛亚书 59 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 59:1-21

因罪与主隔绝

1看啊,耶和华的臂膀并非没有力量拯救,

祂的耳朵并非聋得听不见。

2你们的罪过使你们与上帝隔绝,

你们的罪恶使祂转脸不看你们,

也不听你们的祈求。

3你们的手染满了血污,

手指沾满了罪恶。

你们的嘴唇吐出谎言,

舌头嘀咕恶事。

4无人按公义诉讼,

无人凭诚实申辩。

你们依靠诡辩,口出谎言,

心怀鬼胎,生出罪恶。

5你们孵毒蛇蛋,

人吃了这蛋必死,

蛋破后爬出毒蛇。

你们编蜘蛛网,

6这网不能做衣服遮盖你们。

你们行为邪恶,

做事残暴。

7你们奔向邪恶,

急于滥杀无辜;

你们心怀恶念,

所到之处大肆毁灭。

8你们不知道平安之路,

你们的行径毫无公正;

你们走歪门邪道,

跟从你们的必得不到平安。

9因此,正义远离我们,

公义临不到我们。

我们渴望光明,却得到黑暗;

我们渴望曙光,却仍然走在幽暗中。

10我们像盲人一样沿墙摸索,

像无眼睛的人一样探路。

我们在中午也跌跌撞撞,

如同走在晚上。

我们在强壮人当中如同死人。

11我们像熊一样咆哮,

如鸽子一般哀鸣。

我们渴望正义,却得不到;

渴望得到拯救,却遥不可及。

12因为我们在上帝面前过犯累累,

我们的罪恶向我们发出控诉。

我们被过犯缠身,自知有罪。

13我们悖逆,否认耶和华,

离弃我们的上帝,

说欺压、叛逆的话,

吐露心中编织的谎言。

14正义被赶逐,

公义不能靠近,

真理倒在街上,

正直被拒之门外。

15真理无处可寻,

远离恶事的人反成了猎物。

耶和华因正义荡然无存而不悦。

16祂因无人、

无一个人主持公道而惊讶,

于是亲自伸出臂膀,

以自己的公义施行拯救。

17祂以公义作铠甲,

以救恩作头盔,

以复仇作衣服,

以热忱作外袍。

18祂必按各人的行为报应各人,

向祂的敌人发烈怒,

惩罚祂的仇敌,

向众海岛施行报应。

19这样,日落之处的人必敬畏耶和华的名,

日出之地的人必对祂的荣耀肃然起敬。

祂必奔来,如被耶和华之气推动的急流。

20耶和华说:“必有一位救赎主来到锡安

雅各那些离弃罪恶的子孙那里。”

21耶和华说:“我亲自与他们立约,我赐给他们的灵和我放在他们口中的话,必不离开他们和他们的子子孙孙,从现在直到永远。这是耶和华说的。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 59:1-21

Bɔne, Bɔneka Ne Ogye

1Ampa ara Awurade nsa nyɛ tiaa sɛ ɛrennye nkwa,

na nʼasom nyɛ den sɛ ɛrente asɛm.

2Nanso mo amumɔyɛ na atetew

mo ne mo Nyankopɔn ntam;

mo bɔne ama nʼanim ahintaw mo,

a enti ɔrente.

3Na mogya akeka mo nsa ho,

afɔdi asra mo nsateaa ho.

Mo ano akeka atosɛm,

mo tɛkrɛma de amumɔyɛsɛm di nseku.

4Obiara nhwehwɛ atɛntrenee;

obiara mfa nokwaredi mmɔ ne nkurow.

Wɔde wɔn ho to nsɛnhuhuw so na wotwa nkontompo;

wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne.

5Wosow nhurutoa nkesua

na wɔnwen ananse ntontan.

Nea odi wɔn nkesua biara bewu,

mu baako nso bɔ a, ɛpae ahurutoa.

6Wɔn ntontan nye mma adurade;

wɔrentumi mfa nea wɔyɛ nkata wɔn ho.

Wɔn nneyɛe yɛ nneyɛe bɔne,

na wodi akakabensɛm.

7Wotu mmirika kɔyɛ bɔne;

wɔnkyɛ opira ne awudi ho.

Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa.

8Asomdwoe kwan no, wonnim;

atɛntrenee nni wɔn akwan so.

Wɔadan wɔn akwan kɔntɔnkye

obiara a ɔnantew so no rennya asomdwoe.

9Enti atɛntrenee ne yɛn ntam aware,

na adetrenee mmɛn yɛn.

Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa yɛ sum;

nea ɛhyerɛn, nanso yɛnam sum kabii mu.

10Te sɛ anifuraefo no, yɛkeka wɔ afasu ho

hwehwɛ ɔkwan te sɛ nnipa a wonni ani.

Owigyinae no yehintihintiw sɛnea onwini adwo;

yedu ahoɔdenfo mu a yɛte sɛ awufo.

11Yɛn nyinaa woro so te sɛ sisi;

yɛde awerɛhow kurum sɛ mmorɔnoma.

Yɛhwehwɛ atɛntrenee nso yenhu bi;

ogye, nanso ɛwɔ akyirikyiri.

12Efisɛ, yɛn mfomso adɔɔso wɔ wʼani so,

na yɛn bɔne di adanse tia yɛn.

Yɛn mfomso da yɛn anim daa,

na yegye yɛn amumɔyɛ to mu:

13atuatew ne nkontompo a etia Awurade,

yɛn akyi a yɛdan kyerɛ yɛn Nyankopɔn,

nhyɛso ne atuatew a yɛfoa so,

atosɛm a efi koma mu a yɛka.

14Enti wɔapam atɛntrenee kɔ nʼakyi,

na adetrenee akogyina baabi;

nokware ahwe ase wɔ mmɔnten so

nokwaredi ntumi mma mu.

15Nokware nni baabiara,

obiara a ɔtwe ne ho fi bɔne ho no bɛyɛ ɔtamfo.

Awurade hwɛe na ansɔ nʼani

sɛ atɛntrenee nni hɔ.

16Ohuu sɛ obiara nni hɔ,

ɛyɛɛ no nwonwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata;

enti ɔno ankasa basa dii nkwagye ho dwuma maa no,

na ne trenee wowaw no.

17Ɔhyɛɛ trenee sɛ nkatabo,

ne nkwagye dadekyɛw wɔ ne ti so.

Ɔhyɛɛ aweretɔ ntade

na ofuraa mmɔdemmɔ sɛ ntama.

18Obegyina nea wɔayɛ so

atua so ka

nʼatamfo benya nʼabufuwhyew

wɔn a wɔne no ayɛ dɔm benya so akatua;

nsupɔw no nso obetua wɔn ka sɛnea ɛfata wɔn.

19Efi atɔe fam, nnipa besuro Awurade din

na efi apuei, wɔde nidi bɛma nʼanuonyam.

Na ɔbɛba sɛ asu a ayiri tɛnn

na Awurade ahomegu repia no.

20“Ogyefo no bɛba Sion,

na obeyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi Yakob asefo mu,”

sɛɛ na Awurade se.

21“Me de, eyi yɛ me ne wɔn apam,” sɛnea Awurade se ni. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom, remfi mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefo anom, efi saa bere yi kosi daa apem,” sɛɛ na Awurade se.