以赛亚书 32 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 32:1-20

公义的君王

1看啊,必有一位君王以公义治国,

官员们必秉公施政。

2每人都像躲避狂风暴雨的庇护所,

如荒漠中的溪流,

又似干旱之地遮荫的大磐石。

3人们的眼睛必不再迷蒙,

耳朵必能听见。

4急躁的人必慎思明辨,

口吃的人必说话清楚流利。

5愚昧人必不再被奉为尊贵之人,

恶棍必不再受尊重。

6因为愚昧人说愚昧话,

心里邪恶,行事不义,

亵渎耶和华,

使饥饿的人没饭吃,

使口渴的人没水喝。

7恶棍们手段邪恶,

用阴谋诡计和谎言毁灭困苦的人,

即使穷人的诉求有理也是枉然。

8高尚的人计划高尚的事,

在高尚的事上持之以恒。

9生活安逸的妇女啊,

来听我的声音!

无忧无虑的女子啊,

要侧耳听我的言语!

10无忧无虑的女子啊,

再过一年多,

你们必因恐惧而战抖。

那时,必没有葡萄可摘,

没有果子可收。

11生活安逸的妇女啊,战抖吧!

无忧无虑的女子啊,颤栗吧!

你们要脱下衣服,

腰束麻布,

12为美好的田地和硕果累累的葡萄树捶胸痛哭吧!

13为我百姓那长满荆棘和蒺藜的土地,

为那曾经充满欢乐的城邑和家庭哀哭吧!

14王宫必被遗弃,

繁荣的城邑必荒芜,

山冈和瞭望塔必永远成为野驴的乐园、羊群的草场。

15等到圣灵从上面浇灌我们的时候,

旷野要变为沃野,

沃野上庄稼茂密如林。

16那时,公平必充满旷野,

公义必遍布沃野。

17公义必带来平安,

公义所结的果子是永远的和平与安宁。

18我的子民必住在平安之地、

安稳之处、平静之所。

19但冰雹必扫平森林,荡平城邑。

20你们这些在河边撒种、自由地牧放牛驴的人有福了!

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 32:1-20

Trenee Ahenni

1Hwɛ, ɔhene bi bedi hene wɔ trenee mu

na ahemfo de atɛntrenee adi nnipa so.

2Onipa biara bɛyɛ mframa ano hintabea

ne ahum mu guankɔbea,

ɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ nweatam so

ne ɔbotan kɛse sunsuma a ɛwɔ osukɔm asase so.

3Wɔn a wohu no ani renkata bio,

na wɔn a wɔte asɛm no aso betie.

4Nea ɔyɛ adwene mu hare behu na wate ase,

wɔn a wɔpo dodow bɛkasa na mu ada hɔ.

5Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onuonyamfo bio

na wɔremfa nidi mma apapahwekwa.

6Ɔkwasea ka nkwaseasɛm

na osusuw bɔne ho:

ɔyɛ anyame apɛde

ɔka Awurade ho nsɛm a enye;

ɔmma nea ɔkɔm de no no aduan

ɔde nsu kame nea osukɔm de no.

7Apapahwekwa akwan yɛ amumɔyɛ,

ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛe

de atoro sɛe ohiani,

wɔ bere a ohiani asɛm yɛ nokware mpo.

8Nanso onuonyamfo yɛ nhyehyɛe a ɛho wɔ nyam

na nneyɛe pa no nti ɔda nsow.

Yerusalem Mmabaa

9Mo mmea a mugye mo ho di,

monsɔre na muntie me;

mo mmabea a mususuw sɛ mowɔ bammɔ

monyɛ aso mma nea mewɔ ka!

10Afe akyi nna kakra bi no

mo a mugye di sɛ mowɔ bammɔ ho bɛpopo;

bobe twabere no bedi mo huammɔ,

nnuaba no twabere nso remma.

11Mo ho mpopo, mo mmea a mugye mo ho di

mommɔ hu, mo mmabea a mugye di sɛ mowɔ bammɔ!

Mompa mo ho ntama

na momfa atweaatam mmɔ mo asen.

12Mommobɔ mo koko so sɛ mowɔ mfuw afɛfɛ

ne bobe a ɛso no nti,

13ne me nkurɔfo asase,

asase a nsɔe ne nnɛnkyɛnse agye afa.

Yiw, montwa adwo mma afi a wogye wɔn ani wɔ mu

ne saa ahosɛpɛw kuropɔn yi.

14Wobegyaw aban no hɔ,

na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan;

abanwa ne ɔwɛn aban bɛdan asasehunu afebɔɔ,

nea mfurum pɛ ne nguankuw didibea,

15kosi sɛ wobehwie honhom afi ɔsoro agu yɛn so,

na nweatam bɛdan asasebere

na asasebere ayɛ sɛ kwae.

16Trenee bɛtena nweatam so

na adetreneeyɛ atena asasebere so.

17Adetreneeyɛ bɛsow asomdwoe aba;

nea adetreneeyɛ de ba no bɛyɛ kommyɛ ne ahotoso a enni awiei.

18Me nkurɔfo bɛtenatena mmeae a asomdwoe wɔ

afi a wɔabɔ ho ban

homebea a ɔhaw biara nni hɔ.

19Mpo sɛ mparuwbo sɛe kwae no

na kuropɔn no sɛe koraa a,

20wobehyira wo,

wubedua wʼaba wɔ nsuwa biara ho,

na wama wʼanantwi ne wo mfurum anantew baabiara.