以赛亚书 27 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 27:1-13

以色列必蒙拯救

1到那日,耶和华必用祂无坚不摧的利剑惩罚巨龙——那飞快、曲行的蛇。祂必杀死那海中的怪物。

2到那日,耶和华说:

“你们要歌颂那佳美的葡萄园。

3我耶和华是看守它的,

我勤加浇灌,

昼夜守护,

不让人毁坏。

4我不再向它发怒。

若是发现荆棘和蒺藜,

我就对付它们,

把它们烧光。

5除非它们寻求我的庇护,

与我和好,

与我和好。”

6有一天,雅各必扎根生长,

以色列必发芽开花,

果实遍地。

7耶和华不像击打以色列的敌人那样击打以色列人。

祂不像击杀以色列的敌人那样击杀以色列人。

8祂与以色列人为敌,

使他们被掳,

驱逐他们离开本地,

用从东方刮来的暴风吹散他们。

9借此,雅各家的罪恶必得到赦免,

他们罪恶被除掉后所结的果实是:

打碎假神祭坛的石头,

推倒亚舍拉神像和香坛。

10坚城荒凉,被人遗弃,

如同旷野。

牛犊在那里吃草、躺卧,

吃光树枝上的叶子。

11树枝枯干断落,

妇女拿去作柴烧。

因为以色列人愚昧无知,

所以他们的创造主不怜悯他们,

也不向他们施恩。

12到那日,耶和华必把以色列人从幼发拉底河到埃及小河一个一个地召集起来,像人打树拾果子一样。 13到那日,号角吹响后,亚述地将要灭亡的以色列人和流散到埃及以色列人,都必来到耶路撒冷的圣山敬拜耶和华。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 27:1-13

Israel Ogye

1Saa da no,

Awurade de nʼafoa bɛtwe aso,

ɔde nʼafoa a ɛyɛ hu na ɛso na ɛyɛ nnam no,

ɔwɔ Lewiatan a ɔde ahoɔhare tu hoo,

ɔwɔ Lewiatan a ɔbobɔw ne ho;

obekum po mu aboa kɛse a ne ho yɛ hu no.

2Saa da no,

“To dwom fa bobeturo a ɛsow no ho se:

3Me, Awurade, mehwɛ so;

migugu so nsu bere biara.

Mebɔ ho ban awia ne anadwo

sɛnea obiara rensɛe no.

4Me bo mfuw ɛ.

Sɛ ɛkaa nware ne nsɔe nko ara na ɛko tia me a

anka me ne wɔn de bɛbɔ ani;

na mahyew wɔn nyinaa.

5Sɛ ɛnte saa a, ma wɔmmra me nkyɛn mmehintaw;

ne me mmɛdwene asomdwoe ho

Yiw, asomdwoe ho na mo ne me mmɛdwene.”

6Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase betim,

Israel begu nhwiren na anyin fɛfɛɛfɛ

na ɔde ne nnuaba ahyɛ wiase nyinaa ma.

7Awurade abɔ Israel

sɛnea ɔbɔɔ wɔn a wɔbɔɔ Israel hwee fam no ana?

Awurade akum Israel

sɛnea okum wɔn a wokum Israel no ana?

8Wode ɔko ne asutwa twe nʼaso,

wode mframa a ano yɛ den pam no

te sɛ da a apuei mframa bɔ no.

9Eyi na ɛbɛyɛ mpata ama Yakob afɔdi,

eyi na ɛbɛyɛ ne bɔne asetu so aba a edi mu:

bere a ɔyɛ afɔremuka so abo

sɛ hyirew a wɔabubu mu nketenkete,

na Asera nnua

ne nnuhuam afɔremuka nsisi hɔ bio no.

10Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan

wɔagyaw atenae a wɔafi so no te sɛ nweatam

hɔ na nantwimma didi,

hɔ na wɔdeda;

wɔwe so nnua no mman ma ho yɛ kokwakokwa.

11Sɛ nnubaa no wo a, wobubu

na mmea bɛfa de kɔsɔ ogya.

Na saa nnipa yi nni ntease

enti wɔn yɛfo nhu wɔn mmɔbɔ,

na wonnya adom mfi nea ɔbɔɔ wɔn no nkyɛn.

12Saa da no, Awurade bɛporow afi asuten Eufrate akosi Misraim Bon Wosee mu, na mo, Israelfo de, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano. 13Saa da no, wɔbɛhyɛn torobɛnto kɛse no. Wɔn a na wɔrewuwu wɔ Asiria ne wɔn a na wɔwɔ nnommum mu wɔ Misraim bɛba abɛsom Awurade wɔ Yerusalem bepɔw kronkron no so.