以赛亚书 23 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 23:1-18

关于泰尔的预言

1以下是关于泰尔的预言:

他施的船只哀号吧!

因为从基提23:1 基提”就是现在的塞浦路斯。传来消息,

泰尔已被毁灭,

房屋和港口都荡然无存。

2海边的居民,西顿23:2 先知在本预言中提到西顿,是因为泰尔和西顿都在同一地区,都属于腓尼基人。的商贾啊,

要静默无言。

你们的商人飘洋过海,

3西曷的粮食、尼罗河流域的农产都运到泰尔

泰尔成为列国的商埠。

4西顿啊,你要羞愧!

你这海上的堡垒啊,

大海否认你,说:

“我没有经历过产痛,

没有生过孩子,

也未曾养育过儿女。”

5埃及人听见泰尔的消息,

都感到伤痛。

6海边的居民啊,你们要去他施

你们要哀号!

7这就是你们那历史悠久、

充满欢乐的城吗?

她曾经派人到远方居住。

8泰尔曾是封王之地,

她的商贾是王侯,

她的商人名闻天下。

但她如今的遭遇是谁定的?

9是万军之耶和华定的,

为要摧毁因荣耀而生的骄傲,

羞辱世上的尊贵者。

10他施的人民啊,

要像尼罗河一样穿行在自己的土地上,

因为再没有人压制你们。

11耶和华已经在大海之上伸出惩罚之手,

使列国震动。

祂已下令毁灭迦南的堡垒。

12祂说:“受欺压的西顿人啊,

你们再也不能欢乐了!

你们就是逃到基提

也得不到安宁。”

13看看迦勒底人的土地,那里已杳无人烟!亚述人使它成为野兽出没之地,他们筑起围城的高台,摧毁它的宫殿,使它沦为废墟。

14他施的船只都哀号吧!

因为你们的堡垒已被摧毁。

15到那日,泰尔必被遗忘七十年,正好一个王的寿数。七十年之后,泰尔必如歌中所描述的妓女:

16“被遗忘的妓女啊,

拿起琴,走遍全城。

要弹得美妙,要多唱几首歌,

好使人再记起你。”

17那时,耶和华必眷顾泰尔。她必重操旧业,与天下万国交易。 18但她得到的利润和收入不会被积攒或储存起来,而是要被献给耶和华,用来供应那些事奉耶和华的人,使他们吃得饱足,穿得精美。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 23:1-18

Nkɔmhyɛ A Ɛfa Tiro Ho

1Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho:

Tarsis ahyɛn, muntwa adwo!

Efisɛ wɔasɛe Tiro

na wɔannyaw no ofi anaa hyɛngyinabea.

Wufi Kipro asase so

abɛka asɛm akyerɛ wɔn.

2Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔw no so

ne mo Sidon aguadifo a

po so adwumayɛfo ama mo ayɛ adefo.

3Nsu akɛse no so

na aduan fi Sihor nam bae;

Nil ho nnɔbae na ɛyɛɛ Tiro foto,

na ɔbɛyɛɛ amanaman aguadibea.

4Animguase nka wo, Sidon, ne wo, po so abandennen,

efisɛ po akasa se,

“Menkyemee da, na menwoo da;

mentetew mmabarima anaa mmabea da.”

5Sɛ asɛm no du Misraim a,

wobedi yaw wɔ nkra a efi Tiro no ho.

6Muntwa nkɔ Tarsis;

muntwa adwo, mo a mowɔ supɔw no so.

7Eyi ne mo ahosɛpɛw kuropɔn no,

teteete kuropɔn no,

nea wɔatu akɔtena

akyirikyiri nsase so no ana?

8Hena na ɔbɔɔ atirimpɔw yi de tiaa Tiro,

nea ɔkyekyɛ ahenkyɛw,

nea nʼaguadifo yɛ ahenemma,

na nʼadetɔnfo agye din wɔ asase so?

9Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔw se,

ɔbɛbrɛ anuonyam mu ahomaso ase

na wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase.

10Yɛ wʼasase so adwuma te sɛnea wɔyɛ wɔ Nil ho no

Tarsis Babea,

efisɛ wunni hyɛngyinabea bio.

11Awurade ama ne nsa so wɔ po no so

ama ahenni ahorow a ɛwɔ hɔ no repopo.

Wahyɛ Kanaan ho mmara se,

wɔnsɛe nʼaban.

12Ɔkae se, “Wʼahurisidi no nso ha ara,

Sidon Babea Ɔbabun a wɔadwerɛw wo!

“Sɔre, twa kɔ Kipro;

hɔ mpo worennya ahotɔ.”

13Monhwɛ Babiloniafo asase no

saa nnipa a mprempren wɔnka hwee no!

Asiriafo ayɛ no

baabi a nweatam so mmoa te;

wosisii wɔn anotua aban bebree,

wodwiriw nʼaban gui

ma ɛdan nnwiriwii.

14Muntwa adwo, Tarsis ahyɛn;

wɔasɛe wʼaban!

15Saa bere no wɔrenkae Tiro mfe aduɔson a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfe aduɔson akyi no, nea ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛnea ɛwɔ oguamanfo no dwom mu no:

16“Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu,

oguamanfo a wɔnnkae wo;

bɔ sankuten no yiye, to nnwom bebree,

sɛnea wɔbɛkae wo.”

17Mfe aduɔson akyi, Awurade ne Tiro bedi. Ɔbɛsan akodi ne paa sɛ oguamanfo na ɔne ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa adi gua. 18Nanso nea obenya ne ne mfaso nyinaa wɔde bɛto hɔ ama Awurade; wɔremmoaboa ano na wɔremfa nsie. Ne mfaso no bɛkɔ wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no nkyɛn, na wɔanya aduan bebree ne ntade pa.