以赛亚书 19 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 19:1-25

关于埃及的预言

1以下是关于埃及的预言:

看啊,耶和华驾着疾驰的云来到埃及

埃及的偶像在祂面前颤抖,

埃及人胆战心惊。

2“我必使埃及人彼此为敌——手足相残,

邻居互斗,城邑相争,

邦国互攻。

3埃及人必灰心丧志,

我必破坏他们的计谋。

他们必求问偶像、巫师、灵媒和术士。

4我必将埃及人交给一位残忍的主人,

一位暴君必统治他们。”

这是主——万军之耶和华说的。

5尼罗河必枯竭,

河床必干涸。

6河流必发臭,

埃及的河流逐渐枯竭。

芦荻和灯心草必枯死,

7尼罗河两岸青草枯黄,

田地龟裂,庄稼被风吹去,

荡然无存。

8所有在尼罗河下钩的渔夫都哀哭悲伤,

在河上撒网的人都伤痛。

9纺纱织布的人一筹莫展,

感到绝望。

10埃及的显贵都没落,

靠工钱维生的人都忧心忡忡。

11埃及王聪明的谋士——琐安的首领们变得愚不可及。

他们怎敢在埃及王面前自称是古圣先贤的子孙呢?

12埃及王啊,你的智者在哪里呢?

让他们把万军之耶和华对付埃及的计划告诉你吧!

13琐安的首领愚昧,

挪弗的首领糊涂。

他们是埃及的房角石,

却把埃及人引入歧途。

14耶和华使错谬的灵进入他们当中,

使他们像又呕又吐、东倒西歪的醉汉,

做什么都错误百出。

15埃及从首领到平民,

从权贵到草根必一筹莫展。

16到那日,当万军之耶和华挥拳惩罚的时候,埃及人必恐惧战抖,如柔弱的女子。 17他们必对犹大充满恐惧,一听见犹大的名字就害怕,因为万军之耶和华定下计划要对付他们。 18到那日,埃及必有五座城的人讲迦南的语言,并信奉万军之耶和华,其中有一座必叫灭亡城19:18 灭亡城”有些抄本作“太阳城”。

19到那日,埃及的中央必有一座为耶和华筑的祭坛,边境必有一根为耶和华立的石柱。 20这是万军之耶和华在埃及的记号和凭据。埃及人因受到欺压就呼求耶和华,祂必差遣一位救主保护、拯救他们。 21耶和华必向埃及人彰显自己。到那日,埃及人必认识祂,带着祭物和供品来敬拜祂,向祂许愿还愿。 22耶和华必击打他们,也必医治他们。他们必归向耶和华,祂必应允他们的祷告,医治他们。

23到那日,必有一条大道连接埃及亚述,两国人民可以互相往来,一同敬拜耶和华。 24到那日,以色列必与埃及亚述一同成为世人的祝福。 25万军之耶和华必赐福给他们,说:“我的子民埃及、我手中的杰作亚述、我的产业以色列都有福了!”

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 19:1-25

Nkɔmhyɛ A Ɛfa Misraim Ho

1Nkɔmhyɛ a ɛtia Misraim:

Monhwɛ! Awurade nam ahoɔherɛ omununkum mu

na ɔreba Misraim.

Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim,

na Misraimfoɔ akoma boto wɔ wɔn mu.

2“Mɛma Misraimfoɔ atwa wɔn ho ako,

onua bɛko atia onua,

ɔyɔnko atia ɔyɔnko,

kuropɔn atia kuropɔn,

ahennie atia ahennie.

3Misraimfoɔ no renya abodwo,

na mɛma wɔn nhyehyɛeɛ ayɛ ɔkwa.

Wɔbɛkɔ abisa wɔ ahoni, ne awufoɔ ahonhom,

asamanfrɛfoɔ ne nkonyaayifoɔ nkyɛn.

4Mede Misraim bɛhyɛ

owura tirimuɔdenfoɔ bi tumi ase,

na ɔhene a ɔyɛ keka bɛdi wɔn so,”

sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

5Nsubɔntene mu nsuo bɛwe,

na nkonkɔn bɛwo ayɛ wesee.

6Nsuka bɛyi hwa;

na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na awe.

Demmire ne ɛserɛ bɛdwan,

7Nil nsunoa nnua nso,

deɛ ɛwɔ asubɔnten no abɔeɛ no.

Nil nsunoa so mfuo nyinaa

bɛwo wesee na awu koraa.

8Afarefoɔ nyinaa bɛsi apinie atwa adwo,

wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa;

wɔn a wɔgu asau wɔ nsuo no so

bɛdi awerɛhoɔ.

9Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bɛbu,

wɔn a wɔnwono nnwera no anidasoɔ bɛsa.

10Wɔn a wɔyɛ ntoma ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ

na wɔn a wɔgye akatua nyinaa akoma bɛboto.

11Soan adwumayɛfoɔ nka hwee sɛ nkwaseafoɔ;

Farao agyinatufoɔ anyansafoɔ ma afutu bɔne.

Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao sɛ,

“Meyɛ anyansafoɔ no mu baako,

tete ahemfo no kyidifoɔ?”

12Wʼanyansafoɔ no wɔ he afei?

Ma wɔnkyerɛ wo na ma wɔnhunu

deɛ Asafo Awurade

ahyehyɛ atia Misraim.

13Soan adwumayɛfoɔ abɛyɛ nkwaseafoɔ,

wɔadaadaa Memfis19.13 Na Memfis yɛ Misraim kuropɔn. akwankyerɛfoɔ

ne nnipa no ntuanofoɔ

ama Misraim afom ɛkwan.

14Awurade ahwie

anisobirie honhom agu wɔn mu;

wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu,

te sɛ deɛ ɔsabofoɔ de ne feɛ fɔre ne ho.

15Biribiara nni hɔ a Misraim bɛtumi ayɛ;

obiara rentumi nyɛ hwee, sɛ ɔyɛ etire anaa ɛtoɔ, anaa sɛ ɔyɛ berɛ anaa demmire.

16Saa ɛda no, Misraimfoɔ bɛyɛ sɛ mmaa, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo. 17Na Yuda asase no bɛma Misraimfoɔ abɔ hu. Obiara a ɔbɛte Yuda din no bɛsuro, ɛsiane deɛ Asafo Awurade rehyehyɛ atia wɔn enti.

18Saa ɛda no, Misraim nkuropɔn enum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo Awurade ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu baako Ɔsɛeɛ Kuropɔn.

19Saa ɛda no, wɔbɛsi afɔrebukyia wɔ Misraim mfimfini ama Awurade, na wɔasi nkaeɛdum wɔ ne hyeɛ so nso ama Awurade. 20Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne adansedeɛ ama Asafo Awurade wɔ Misraim asase so. Sɛ wɔn nhyɛsofoɔ enti wɔsu frɛ Awurade a, ɔbɛsoma ɔgyefoɔ ne banbɔni bi, na ɔbɛgye wɔn. 21Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfoɔ, na saa da no wɔbɛhunu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuane bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade bɔ, na wɔadi so. 22Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yadeɛ. Wɔbɛdane akɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛtie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yadeɛ.

23Saa ɛda no, ɛkwantempɔn bɛfiri Misraim ne Asiria. Asiriafoɔ bɛkɔ Misraim na Misraimfoɔ akɔ Asiria. Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ bɛbɔ mu asom. 24Saa ɛda no Israel bɛtɔ Misraim ne Asiria so mmiɛnsa, ayɛ nhyira wɔ asase so. 25Na Asafo Awurade bɛhyira wɔn aka sɛ, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfoɔ. Nhyira nka Asiria me nsa ano adwuma. Nhyira nka Israel mʼagyapadeɛ.”