以赛亚书 10 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 10:1-34

1制定不义律例、起草不公法令的人啊,

你们有祸了!

2你们冤枉穷人,

夺去我子民中困苦者的权利,

掳掠寡妇,抢劫孤儿。

3在惩罚的日子,

当灾祸从远方临到你们头上时,

你们怎么办?

你们能跑到谁那里去求救呢?

你们能把财物藏在哪里呢?

4你们将不是被掳就是被杀。

虽然如此,耶和华的怒气还没有止息,

祂降罚的手没有收回。

主要审判亚述

5耶和华说:“亚述王有祸了!

他是我的愤怒之棍,

他手中拿着我发烈怒的杖。

6我要差遣他去攻打一个不虔敬的国家,

一个惹我发怒的民族,

去抢夺、掳掠他们的财物,

像践踏街上的泥土一样践踏他们。

7可是他却不这样想,

心里也不这样盘算,

他只想毁灭许多国家。

8他说,‘我的臣仆都要做藩王!

9迦勒挪岂不是和迦基米施一样吗?

哈马岂不是和亚珥拔一样吗?

撒玛利亚岂不是和大马士革一样吗?

它们不是都被我征服了吗?

10这些国家都在我的手中,

他们雕刻的偶像不胜过耶路撒冷撒玛利亚的偶像吗?

11我怎样毁灭撒玛利亚和它的偶像,

也必怎样毁灭耶路撒冷和它的偶像。’”

12主完成在锡安山和耶路撒冷要做的事后,必惩罚心里狂妄、眼目高傲的亚述王。

13因为亚述王说:

“我靠自己的力量和智慧成就了此事,

因为我很聪明。

我废除列国的疆界,

掳掠他们的财物,

像勇士一样征服他们的君王。

14我夺取列国的财物,

好像探囊取物;

我征服天下,

不过是手到擒来;

无人反抗,无人吭声。”

15然而,斧头怎能向舞动它的人自夸呢?

锯子怎能向用锯的人炫耀呢?

难道棍子可以挥动举它的人吗?

手杖可以举起它的主人吗?

16因此,主——万军之耶和华必使亚述王强健的士兵疾病缠身,

使火焰吞噬他的荣耀。

17以色列的光必成为火焰,

他们的圣者必成为烈火,

一日之间烧光亚述王的荆棘和蒺藜。

18他茂盛的树林和肥美的田园必被彻底摧毁,

犹如病人渐渐消亡。

19林中剩下的树木稀少,

连小孩子也能数清。

以色列的余民

20到那日,以色列的余民,就是雅各家的幸存者,将不再倚靠欺压他们的亚述,他们将真心倚靠耶和华——以色列的圣者, 21重新归向全能的上帝。 22以色列啊,你的人民虽多如海沙,将只有剩余的人归回。充满公义的毁灭之事已定。 23因为主——万军之耶和华必按所定的在整个大地上施行毁灭。

24因此,主——万军之耶和华说:“我锡安的子民啊,虽然亚述人像埃及人一样挥舞着棍棒毒打你们,你们不要惧怕。 25因为很快我就不再向你们发怒,我要向他们发怒,毁灭他们。” 26万军之耶和华要鞭打他们,就像在俄立磐石击杀米甸人,就像祂向海伸杖,使海水淹没埃及人。 27到那日,祂必除去亚述人加在你们肩头的重担和颈上的轭;那轭必因你们肥壮而折断。

28亚述大军攻占了亚叶

穿过米矶仑

把辎重存放在密抹

29他们过了关口,

迦巴宿营。

拉玛人战战兢兢,

扫罗的乡亲基比亚人仓皇逃跑。

30迦琳人啊,高声喊叫吧!

莱煞人啊,可怜的亚拿突人啊,

留心听吧!

31玛得米纳人逃跑,

基柄人躲藏。

32那时,亚述王必屯兵挪伯

向着锡安10:32 ”希伯来文是“女子”,可能是对锡安的昵称,下同16:152:262:11的山岭,

向着耶路撒冷的山丘摩拳擦掌。

33看啊,主——万军之耶和华要以大能削去树枝。

高大的树必被斩断,

挺拔的大树必被砍倒,

34茂密的树林必被铁斧砍掉,

黎巴嫩的大树也要倒在全能的上帝面前。

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 10:1-34

1Wɔnnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmmfa ɛkwan mu,

wɔn a wɔhyɛ mmaraden a ɛde nhyɛsoɔ ba,

2de tena ahiafoɔ ahofadie so,

de atɛntenenee bɔ me nkurɔfoɔ a wɔhyɛ wɔn so no atirimuɔden.

Wɔma akunafoɔ yɛ amanehunufoɔ

na wɔbɔ nwisiaa korɔno.

3Ɛdeɛn na mobɛyɛ akontabuo da no,

ɛberɛ a amanehunu firi akyirikyiri reba?

Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔpɛ mmoa?

Ɛhefa na mobɛgya mo ahodeɛ?

4Ɛnka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafoɔ mu

anaa sɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu.

Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ,

na wama ne nsa so ayɛ krado.

Asiria Atemmuo A Ɛfiri Onyankopɔn

5“Nnome nka Asiriani no, mʼabufuo abaa,

deɛ ɔkura mʼabufuhyeɛ poma no!

6Meresoma no akɔ ɔman a wɔnnim Onyankopɔn so.

Meregya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuo so

sɛ wɔnkɔgye korɔnodeɛ abrane so na wɔnhwim afɔdeɛ,

na wɔntiatia wɔn so sɛ dɔteɛ wɔ mmɔntene so.

7Nanso ɛnyɛ yei ne deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ

ɛnyɛ yei ne deɛ ɛwɔ nʼadwene mu.

Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe,

sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awieeɛ.

8Na ɔbisa sɛ, ‘Ahemfo nyinaa nnyɛ mʼasahene anaa?

9Kalno nyɛɛ sɛ Karkemis anaa?

Hamat nte sɛ Arpad

na Samaria nte sɛ Damasko anaa?

10Ampa ara, megyee ahoni ahennie ahodoɔ abrane soɔ,

ahennie a wɔn nsɛsodeɛ sene deɛ ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no.

11Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsodeɛ nni anaa,

sɛdeɛ mene Samaria ne nʼahoni diiɛ no?’ ”

12Sɛ Awurade wie nʼadwuma a ɛtia Bepɔ Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka sɛ, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ nʼakoma pirim ne nʼani a ɛnsɔ adeɛ no ho. 13Ɛfiri sɛ ɔka sɛ,

“ ‘Mede mʼahoɔden na ayɛ yei,

na ɛfiri me nyansa mu, ɛfiri sɛ mewɔ nimdeɛ.

Mesɛee amanaman ahyeɛ.

Mefoo wɔn ademudeɛ;

mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbrane.

14Sɛdeɛ obi tene ne nsa hyɛ pirebuo mu no,

saa ara nso na mɛtene me nsa wɔ amanaman no ahonyadeɛ so;

sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya hɔ no

saa ara na mɛboaboaa amanaman no nyinaa ano;

obiara ammɔ ne ntaban mu,

na wammue nʼano ansu.’ ”

15Akuma ma ne ho so tra deɛ ɔtoɔ?

Anaasɛ ɛwan hoahoa ne ho kyɛn deɛ ɔde no yɛ adwuma anaa?

Ayɛ te sɛ deɛ abaa tumi danedane deɛ ɔmaa no so,

anaa sɛ aporibaa ankasa tumi nante!

16Afei Awurade, Asafo Awurade

de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofoɔ ahoɔdenfoɔ no;

na ne kɛseyɛ mu no, ɔbɛma ogya adɛre

ahye wɔn animuonyam.

17Israel Hann no bɛdane ogya.

Wɔn Kronkronni no bɛdane ogya dɛreɛ;

ɔde dakoro bɛhye na wasɛe

ne nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse.

18Asiria kwaeɛ ne nʼasase bereɛ animuonyam no,

ɛbɛsɛe pasapasa

te sɛ ɔyarefoɔ a ne so reteɛ.

19Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwaeɛ mu bɛyɛ kakra bi

a abɔfra bɛtumi akyerɛ ne dodoɔ.

Israel Nkaeɛfoɔ

20Ɛda no, Israel nkaeɛfoɔ,

Yakob fiefoɔ a wɔbɛka no

remfa wɔn ho nto no so bio.

Awurade, Israel Kronkronni no a ɔbɔɔ wɔn hwee fam no

mmom na wɔde wɔn ho bɛto no so nokorɛm.

21Nkaeɛfoɔ no bɛsane aba. Yakob nkaeɛfoɔ no

bɛsane aba Otumfoɔ Onyankopɔn no nkyɛn.

22Ao Israel, ɛwom sɛ wo nkurɔfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea deɛ,

nanso nkaeɛfoɔ bi pɛ na wɔbɛsane aba.

Wɔahyɛ ɔsɛeɛ ho mmara denden

a ɛbɛbunkam nnipa no so, na mmara no yɛ.

23Awurade, Asafo Awurade, ɔsɛeɛ

a wahyɛ ho mmara ketee na ɛbɛba asase no so nyinaa.

24Enti, yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ,

“Ao Me nkurɔfoɔ a mote Sion

monnsuro Asiriafoɔ no,

wɔn a wɔde mmaa hwe mo

na wɔde aporibaa bobɔ mo, sɛdeɛ Misraim yɛeɛ no.

25Ɛrenkyɛre koraa mʼabufuo a ɛtia mo no ano bɛdwo

na mʼaniberɛ bɛkɔ wɔn sɛeɛ so.”

26Asafo Awurade de mpire bɛhwe wɔn,

sɛdeɛ ɔbɔɔ Midian hwee fam wɔ Oreb Ɔbotan ho no;

na ɔbɛtene ne poma nsuo no so,

sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no.

27Ɛda no, wɔbɛyi wɔn adesoa no afiri wo mmatire so;

wɔn kɔnnua afiri wo kɔn mu;

wɔbubu kɔnnua no

na afiri mo so.

28Wɔhyɛne Ayat;

wɔfa Migron;

na wɔkora wɔn nneɛma wɔ Mikmas.

29Wɔtwam wɔ kwantempɔn no so, na wɔka sɛ,

“yɛbɛda Geba anadwo yi.”

Rama ho popo;

Saulo kuro Gibea nso dwane.

30Teaam Ɔbabaa Galim!

Tie, Ao Laisa!

Anatot Mmɔborɔni!

31Madmena redwane;

Gebimfoɔ kɔtetɛ.

32Ɛnnɛ ara wɔbɛgyina wɔ Nob;

wɔbɛwoso wɔn nsa

wɔ Ɔbabaa Sion bepɔ no so

wɔ Yerusalem kokoɔ no so.

33Hwɛ, Awurade, Asafo Awurade no,

ɔde tumi kɛseɛ bɛtwitwa dua mman no.

Wɔbɛbubu nnua atentene no agu fam;

deɛ ɛwoware no bɛba fam.

34Ɔde akuma bɛtwitwa kwaeɛm dɔtɔ agu fam.

Lebanon bɛhwe ase Ɔkɛseɛ no anim.