以赛亚书 10 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 10:1-34

1制定不义律例、起草不公法令的人啊,

你们有祸了!

2你们冤枉穷人,

夺去我子民中困苦者的权利,

掳掠寡妇,抢劫孤儿。

3在惩罚的日子,

当灾祸从远方临到你们头上时,

你们怎么办?

你们能跑到谁那里去求救呢?

你们能把财物藏在哪里呢?

4你们将不是被掳就是被杀。

虽然如此,耶和华的怒气还没有止息,

祂降罚的手没有收回。

主要审判亚述

5耶和华说:“亚述王有祸了!

他是我的愤怒之棍,

他手中拿着我发烈怒的杖。

6我要差遣他去攻打一个不虔敬的国家,

一个惹我发怒的民族,

去抢夺、掳掠他们的财物,

像践踏街上的泥土一样践踏他们。

7可是他却不这样想,

心里也不这样盘算,

他只想毁灭许多国家。

8他说,‘我的臣仆都要做藩王!

9迦勒挪岂不是和迦基米施一样吗?

哈马岂不是和亚珥拔一样吗?

撒玛利亚岂不是和大马士革一样吗?

它们不是都被我征服了吗?

10这些国家都在我的手中,

他们雕刻的偶像不胜过耶路撒冷撒玛利亚的偶像吗?

11我怎样毁灭撒玛利亚和它的偶像,

也必怎样毁灭耶路撒冷和它的偶像。’”

12主完成在锡安山和耶路撒冷要做的事后,必惩罚心里狂妄、眼目高傲的亚述王。

13因为亚述王说:

“我靠自己的力量和智慧成就了此事,

因为我很聪明。

我废除列国的疆界,

掳掠他们的财物,

像勇士一样征服他们的君王。

14我夺取列国的财物,

好像探囊取物;

我征服天下,

不过是手到擒来;

无人反抗,无人吭声。”

15然而,斧头怎能向舞动它的人自夸呢?

锯子怎能向用锯的人炫耀呢?

难道棍子可以挥动举它的人吗?

手杖可以举起它的主人吗?

16因此,主——万军之耶和华必使亚述王强健的士兵疾病缠身,

使火焰吞噬他的荣耀。

17以色列的光必成为火焰,

他们的圣者必成为烈火,

一日之间烧光亚述王的荆棘和蒺藜。

18他茂盛的树林和肥美的田园必被彻底摧毁,

犹如病人渐渐消亡。

19林中剩下的树木稀少,

连小孩子也能数清。

以色列的余民

20到那日,以色列的余民,就是雅各家的幸存者,将不再倚靠欺压他们的亚述,他们将真心倚靠耶和华——以色列的圣者, 21重新归向全能的上帝。 22以色列啊,你的人民虽多如海沙,将只有剩余的人归回。充满公义的毁灭之事已定。 23因为主——万军之耶和华必按所定的在整个大地上施行毁灭。

24因此,主——万军之耶和华说:“我锡安的子民啊,虽然亚述人像埃及人一样挥舞着棍棒毒打你们,你们不要惧怕。 25因为很快我就不再向你们发怒,我要向他们发怒,毁灭他们。” 26万军之耶和华要鞭打他们,就像在俄立磐石击杀米甸人,就像祂向海伸杖,使海水淹没埃及人。 27到那日,祂必除去亚述人加在你们肩头的重担和颈上的轭;那轭必因你们肥壮而折断。

28亚述大军攻占了亚叶

穿过米矶仑

把辎重存放在密抹

29他们过了关口,

迦巴宿营。

拉玛人战战兢兢,

扫罗的乡亲基比亚人仓皇逃跑。

30迦琳人啊,高声喊叫吧!

莱煞人啊,可怜的亚拿突人啊,

留心听吧!

31玛得米纳人逃跑,

基柄人躲藏。

32那时,亚述王必屯兵挪伯

向着锡安10:32 ”希伯来文是“女子”,可能是对锡安的昵称,下同16:152:262:11的山岭,

向着耶路撒冷的山丘摩拳擦掌。

33看啊,主——万军之耶和华要以大能削去树枝。

高大的树必被斩断,

挺拔的大树必被砍倒,

34茂密的树林必被铁斧砍掉,

黎巴嫩的大树也要倒在全能的上帝面前。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 10:1-34

1Wonnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmfa ne kwan mu,

wɔn a wɔhyɛ mmara dennen a ɛde nhyɛso ba,

2de siw ahiafo ahofadi ho kwan,

de atɛntrenee bɔ me nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn so no atirimɔden.

Wɔma akunafo yɛ amanehunufo

na wɔbɔ ayisaa korɔn.

3Dɛn na mobɛyɛ wɔ akontaabu da no,

bere a amanehunu fi akyirikyiri reba?

Hena nkyɛn na mubeguan akɔpɛ mmoa?

Ɛhefa na mubegyaw mo ahode?

4Ɛrenka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafo mu

anaasɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfo mu.

Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ,

na ne nsa da so wɔ soro.

Asiria Atemmu A Efi Onyankopɔn

5“Nnome nka Asiriani no, mʼabufuw abaa,

nea okura mʼabufuwhyew pema no!

6Mesoma no akɔ ɔman a wonnim Onyankopɔn so

migya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuw so

sɛ wonkogye akorɔnne abran so na wonhuam afowde,

na wontiatia wɔn so sɛ dɔte wɔ mmɔnten so.

7Nanso ɛnyɛ eyi ne nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ

ɛnyɛ eyi ne nea ɛwɔ nʼadwene mu;

ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe,

sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awiei.

8Na obisa se, ‘Ahemfo nyinaa nyɛ mʼasahene ana?

9Kalno nyɛɛ sɛ Karkemis ana?

Hamat nte sɛ Arpad

na Samaria nte sɛ Damasko ana?

10Sɛnea migyee ahoni ahenni ahorow abran so,

ahenni a wɔn nsɛsode sen nea ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no.

11Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsode nni,

sɛnea me ne Samaria ne nʼahoni dii no?’ ”

12Sɛ Awurade wie nʼadwuma a etia Bepɔw Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka se, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ ne komapirim ne nʼani a ɛnsɔ ade no ho. 13Efisɛ ɔka se,

“ ‘Mede mʼahoɔden na ayɛ eyi,

na mifi me nyansa mu, efisɛ mewɔ nimdeɛ.

Mesɛee aman aman ahye,

mefow wɔn ademude;

mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbran.

14Sɛnea obi teɛ ne nsa hyɛ berebuw mu no,

saa ara nso na mɛteɛ me nsa wɔ amanaman no ahonyade so;

sɛnea wɔtase nkesua a wɔagyaw hɔ no,

saa ara na mɛboaboa amanaman no nyinaa ano;

obiara ammɔ ne ntaban mu,

na wammue nʼano ansu.’ ”

15Abonnua ma ne ho so tra nea ɔtow,

anaasɛ ɔwan hoahoa ne ho kyɛn nea ɔde no yɛ adwuma ana?

Ayɛ te sɛnea abaa tumi dannan nea ɔmaa no so,

anaasɛ poribaa tumi hinhim nea ɔnyɛ dua!

16Afei Awurade, Asafo Awurade,

de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofo ahoɔdenfo no;

ne kɛseyɛ mu wobefita ogya mu ama adɛw

te sɛ gyaframa.

17Israel Hann no bɛdan ogya.

Wɔn Kronkronni no bɛyɛ ogya a ɛdɛw;

ɔde da koro bɛhyew na wasɛe

ne nsɔe ne nnɛnkyɛnse.

18Ne kwae ne nʼasasebere anuonyam no,

ɛbɛsɛe pasapasa

te sɛ ɔyarefo a ɔrefɔn.

19Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwae mu bɛyɛ kakraa bi

a abofra betumi akyerɛ ne dodow.

Israel Nkaefo

20Da no, Israel nkae,

Yakob fifo a wɔbɛka no,

remfa wɔn ho nto no so bio

nea ɔbɔɔ wɔn hwee fam no;

na mmom wɔde wɔn ho bɛto Awurade so nokware mu,

Israel Kronkronni no.

21Nkae bi bɛsan aba, Yakob nkae bi

bɛsan aba Otumfo Onyankopɔn no nkyɛn.

22Israel, ɛwɔ mu sɛ wo nkurɔfo dɔɔso sɛ mpoano nwea de,

nanso nkae bi pɛ na wɔbɛsan.

Wɔahyɛ ɔsɛe ho mmara dennen

a ebebunkam so na ɛteɛ.

23Awurade, Asafo Awurade de ɔsɛe

a wɔahyɛ ho mmara ketee na ɛbɛba asase no so nyinaa.

24Enti sɛɛ na Awurade, Asafo Awurade se,

“Me nkurɔfo a mote Sion,

munnsuro Asiriafo no,

wɔn a wɔde mmaa hwe mo

na wɔma kontibaa so tia mo, sɛnea Misraim yɛe no.

25Ɛrenkyɛ koraa mʼabufuw a etia mo no ano bedwo

na mʼanibere bɛkɔ wɔn sɛe so.”

26Asafo Awurade de mpire bɛhwe wɔn,

sɛnea ɔbɔɔ Midian hwee fam wɔ Oreb Ɔbotan ho no;

na ɔbɛteɛ ne pema wɔ nsu no so,

sɛnea ɔyɛɛ wɔ Misraim no.

27Da no wobeyi wɔn adesoa no afi wɔn mmati so

wɔn konnua afi wo kɔn mu;

wobubu konnua no

efisɛ woayɛ ɔbran yiye.

28Wɔhyɛn Ayat;

wɔfa Migron;

na wɔkora wɔn nneɛma wɔ Mikmas.

29Wɔfaa ɔtempɔn no so, na wɔka se,

“Yɛbɛwɛn wɔ Geba anadwo yi.”

Rama ho popo;

Saulo kurow Gibea nso guan.

30Teɛ mu, Galim Babea!

Tie, Laisa!

Anatot Mmɔborɔni!

31Madmena reguan;

Gebimfo kɔtetɛw.

32Nnɛ ara wobegyina wɔ Nob;

wobehim wɔn nsa

wɔ Ɔbabea Sion bepɔw no so,

wɔ Yerusalem koko no so.

33Hwɛ, Awurade, Asafo Awurade no,

ɔde tumi kɛse betwitwa dua mman no.

Wobebubu nnua atenten no agu fam

nea ɛwowaree no bɛba fam.

34Ɔde abonnua betwitwa kwaedɔtɔ agu fam

Lebanon bɛhwe ase wɔ Ɔkɛse no anim.