以西结书 5 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以西结书 5:1-17

1“人子啊,去拿一把快刀当作剃头刀,剃掉你的头发和胡须,然后用天平把须发平均分成三份。 2围城期满后,你要把三分之一的须发焚烧在城中,三分之一在城的四周用刀砍断,三分之一要扬在风中吹散,因为我要拔刀追杀他们。 3你要从须发中取出几缕用衣服包上, 4再从中取出几根丢在火里焚烧,必有火从这里燃起,蔓延到整个以色列。”

5主耶和华说:“这就是耶路撒冷!我把她安置在万邦的中央,使列国环绕着她。 6但她违背我的典章,作恶甚于列邦,触犯我的律例甚于她周围的列国。他们拒绝我的典章,不遵守我的律例。” 7所以主耶和华说:“你们比周围的国家更混乱不堪,你们没有遵行我的律例,不谨守我的典章,连周围的国家都不如。” 8因此主耶和华这样说:“看啊,我要对付你们,我必在列国面前审判你们。 9因为你们一切的恶行,我必向你们施行空前绝后的惩罚。 10在你们中间,父亲要吃自己的儿子,儿子要吃自己的父亲。我必惩罚你们,把你们余下的人分散到各地各方。” 11主耶和华说:“因为你们用一切可憎的偶像和恶行玷污我的圣所,我凭我的永恒起誓,我必毫不留情地铲除你们。 12你们三分之一的人要死于饥荒瘟疫,三分之一的人要死于刀下,我必把其余的三分之一分散到各地各方,并拔刀追杀他们。 13这样,我对你们的怒气才会发完,我才会息怒。我把烈怒倾倒在你们身上的时候,你们就会知道我耶和华的话是出于痛恨不贞。 14我必使你们的家园在周围的列国中,在路人眼前成为荒凉之地,使你们饱受羞辱。 15当我在气愤和烈怒中严厉地审判你们时,你们在各国必受羞辱和嘲讽,成为警戒,下场可怕。这是我耶和华说的。 16我要向你们射出饥荒的毒箭,破坏和毁灭你们,并且使饥荒越来越严重,断绝你们的粮源。 17我必让饥荒和猛兽来侵害你们,夺走你们的儿女,使你们饱受瘟疫、暴行和刀剑之灾,这是我耶和华说的。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 5:1-17

1“Afei onipa ba, fa afoa nnamnam yi yɛ sɛ obi a oyi ti oyiwan na fa yi wo tinwi ne wʼabogyesɛ. Fa nsania na kyekyɛ nwi no mu. 2Sɛ wo bere a wɔatua mo ano nna no ba awiei a, fa ogya hyew nwi no nkyɛmu abiɛsa mu baako wɔ kuropɔn no mu. Fa afoa twitwa nkyɛmu abiɛsa no mu baako wɔ kuropɔn no afanan nyinaa. Na hwete nkyɛmu abiɛsa mu baako wɔ mframa mu, efisɛ mɛtwe afoa ataa wɔn. 3Nanso fa nwi no kakra bi kyekyere wʼatade ano. 4Afei nso, fa saa nwi no kakra bi na tow gu ogya mu na hyew. Ogya no bɛterɛw afi hɔ akɔ Israelfi nyinaa.

5“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Eyi ne Yerusalem a mede asi amanaman no ntam na nsase atwa ho ahyia. 6Nanso nʼamumɔyɛ mu, wayɛ dɔm atia me mmara ne me nhyehyɛe asen aman ne nsase a atwa ne ho ahyia no. Wapo me mmara na wanni mʼahyɛde so.

7“Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Woayɛ asoɔden asen amanaman a wɔatwa wo ho ahyia na woanni mʼahyɛde anaa me mmara so no. Woanyɛ sɛnea aman a atwa wo ho ahyia no yɛ mpo.

8“Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne woanya, Yerusalem, na mede asotwe bɛba wo so wɔ amanaman no anim. 9Esiane wʼahoni nyinaa a ɛyɛ akyiwade no nti, mɛyɛ wo nea menyɛɛ bi da na merenyɛ bi bio nso da. 10Enti mo mu no, agyanom bedi wɔn mma nam na mma adi wɔn agyanom nam. Mɛtwe wʼaso na mahwete wo nkae akɔ mmaa nyinaa. 11Enti sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade na ose, esiane sɛ wode nsɛsode tantan ne akyiwade nneyɛe agu me kronkronbea ho fi nti, mʼankasa meyi mʼadom afi wo so; merenhu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo. 12Wo nkurɔfo no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako bewuwu wɔ ɔyaredɔm no mu, anaasɛ ɔkɔm bekunkum wɔn; nkyɛmu abiɛsa mu baako bɛtotɔ wɔ afoa ano wɔ wʼafasu akyi na mabɔ nkyɛmu abiɛsa mu baako nso ahwete mmaa nyinaa na matwe afoa ataa wɔn.

13“Afei me bo bedwo na mʼabufuwhyew a etia wɔn no nso ano bɛbrɛ ase na matɔ were. Na sɛ meda mʼabufuwhyew adi kyerɛ wɔn a, wobehu sɛ ɛyɛ me Awurade na makasa wɔ me tumi mu.

14“Mɛyɛ wo nnwiriwii ne ahohora wɔ amanaman a atwa wo ho ahyia no mu, ne wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no ani so. 15Wobɛyɛ ahohora ne fɛwdi, kɔkɔbɔ ne aninyanne ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, bere a mede abufuw ne abufuwhyew ne animka a ano yɛ den retwe wʼaso. Me Awurade na maka. 16Sɛ metow me kɔm agyan a bɔre wɔ ano na ɛsɛe ade wɔ wo a, ɛbɛsɛe wo. Mede ɔkɔm a emu yɛ den bɛba wo so na masiw wʼaduan a wunya no ho kwan. 17Mede ɔkɔm ne nkekaboa bɛba wo mu, na wo mma bɛsa ama woayɛ sɛ obi a na onni mma. Ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛfa wo mu, na mɛtwe afoa wɔ wo so. Me Awurade na maka.”