以西结书 44 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以西结书 44:1-31

君王,利未人和祭司

1那人又把我带到圣殿外院的东门,门关闭着。 2耶和华对我说:“这门必须关闭,不可打开。没有人能从这门进入,因为以色列的上帝耶和华已从这门进入,所以这门必须关闭。 3只有君王可以坐在里面,在耶和华面前进食。他要从门廊进入,也要从原路出去。”

4他带我从北门来到殿前,我看见耶和华的荣光充满了祂的殿,我就俯伏在地。 5耶和华对我说:“人子啊,你要认真看,仔细听我讲有关圣殿的一切规矩和法则,记住所有的出入口。 6然后告诉那些叛逆的以色列人,‘主耶和华这样说,以色列人啊,你们行可憎的事,该够了吧! 7你们献上食物、脂肪和血的同时,竟将那些身心未受割礼的外族人领进我的圣所,亵渎我的殿,破坏我的约,使你们罪上加罪。 8你们自己不管理我的圣物,却把我的圣所给外人治理。

9“‘因此,主耶和华说,以色列人中身心未受割礼的外族人不可进入我的圣所。

10“‘以色列人走入歧途时,有些利未人也远离我、追随偶像,他们必须承担自己犯罪的后果。 11然而,他们仍要在我的圣殿供职,看管殿门,为百姓屠宰燔祭牲和其他祭牲,服侍他们。 12因为利未人带动以色列人拜偶像,使以色列人陷入罪中,所以我起誓,他们必承担自己犯罪的后果。这是主耶和华说的。 13他们不得走近我,不可做我的祭司,也不得走近我的圣物或至圣之物,他们必因自己的可憎行径蒙羞。 14然而,我要委派他们管理圣殿,办理殿中所有的事务。

15“‘以色列人走入歧途时,利未撒督的子孙仍然在我的圣所尽忠职守,因此他们可以接近我、事奉我,侍立在我面前,献上脂肪和祭牲的血。这是主耶和华说的。 16只有他们可以进入我的圣所,在我的桌前事奉我,遵行我的吩咐。 17他们从内院的门进入殿内供职的时候,要穿细麻布衣服,不可穿羊毛衣服。 18他们要戴细麻布头巾,穿细麻布裤子,不可穿使人容易出汗的衣服。 19他们出去外院见百姓的时候,必须脱下供职时穿的衣服,放在圣屋,穿上普通的衣服后再出去,免得通过圣衣把圣洁带到百姓身上。 20他们不可剃光头,也不可留长头发,只可修剪头发。 21祭司进入内院之前,不可喝酒。 22他们不可娶寡妇或被休的妇女为妻,只能娶以色列的处女或祭司的遗孀。 23他们要教导我的子民辨别圣与俗,洁净与不洁净。 24他们要审理诉讼之事,按我的律例断是非。他们必须按我定的律例和法度遵守一切节期,守安息日为圣日。 25他们不可走近死尸,免得玷污自己,除非死者是自己的父母、子女、弟兄或未出嫁的姊妹。 26祭司得到洁净后,要再等七天。 27他进入内院的圣所事奉时,要为自己献上赎罪祭,这是主耶和华说的。

28“‘祭司不可在以色列拥有自己的产业,因为我就是他们的产业。 29他们的食物是以色列人献上的素祭、赎罪祭和赎过祭。凡献给耶和华的都归他们, 30各种初熟的出产和各种供物都应归给祭司。你们将初熟的麦子磨成面给祭司,福气就必临到你们的家。 31无论是自然死亡的,还是被其他野兽咬死的禽兽,祭司都不可吃。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 44:1-31

Ɔhene No, Lewifo No, Asɔfo No

1Afei ɔbarima no san de me baa kronkronbea no abɔntenpon a ɛkyerɛ apuei fam no ano, na wɔato mu. 2Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Ɛsɛ sɛ ɔpon a wɔato mu yi tena hɔ saa ara. Ɛnsɛ sɛ wobue. Obiara mfa hɔ nhyɛn mu. Ɛnsɛ sɛ wobue, efisɛ Awurade, Israel Nyankopɔn afa hɔ ahyɛn mu. 3Ɔhene no ankasa nko ara na obetumi atena abɔntenpon no ano na wadidi wɔ Awurade anim. Ɔno na otumi fa abɔntenpon no ntwironoo mu hyɛn mu, na ɔfa hɔ ara fi adi.”

4Afei ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpon no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛe, na mihuu Awurade anuonyam sɛ ahyɛ Awurade asɔredan no ma, na mibutuw hɔ.

5Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, hwɛ ade yiye, tie no yiye, na ma wʼani nku biribiara a mɛka akyerɛ wo a ɛfa nhyehyɛe a ɛwɔ Awurade asɔredan no ho nyinaa ho. Ma wʼani nku asɔredan no pon ne mmeae a wɔfa fi adi fi kronkronbea hɔ no nyinaa ho. 6Ka kyerɛ Israelfo atuatewfo no se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Mo akyiwadeyɛ no adɔɔso. Israelfo! 7Mo akyiwadeyɛ a aka no nyinaa akyi no, mode ananafo a wɔyɛ koma mu ne honam fam momonotofo aba me kronkronbea de agu mʼasɔredan ho fi, bere a mode aduan, srade ne mogya brɛɛ me na mosɛee mʼapam no. 8Sɛ mobɛyɛ mo adwuma a ɛfa mʼakronkronne ho no, momaa afoforo bɛhwɛɛ me kronkronbea so mmom. 9Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔnanani a ɔyɛ koma mu ne honam fam momonoto biara nni kwan sɛ ɔhyɛn me kronkronbea hɔ, ananafo a wɔte Israelfo mu mpo nni kwan saa.

10“ ‘Lewifo a wofii me nkyɛn kɔɔ akyirikyiri bere a Israel fom kwan ne wɔn a wɔtwee wɔn ho fii me ho kodii wɔn ahoni akyi no, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodi bɛda wɔn so. 11Wobetumi asom wɔ me kronkronbea hɔ bere a wɔhwɛ asɔredan no apon so na wɔsom wɔ mu; wobetumi akum ɔhyew afɔrebɔde na wɔabɔ afɔre ama nnipa no, na wɔagyina nnipa no anim asom wɔn. 12Nanso esiane sɛ wɔsom wɔn wɔ wɔn ahoni no mu na wɔmaa Israelfo kɔɔ bɔne mu nti, mama me nsa so aka ntam se, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodi bɛda wɔn so. Otumfo Awurade asɛm ni. 13Ɛnsɛ sɛ wɔbɛn me sɛ wɔrebɛsom me sɛ asɔfo anaasɛ wɔbɛn mʼakronkronne mu biara anaa mʼafɔrebɔde kronkron; ɛsɛ sɛ wɔn akyiwade ahorow ho aniwu ka wɔn. 14Nanso mede asɔredan no mu dwumadi bɛhyɛ wɔn nsa, ho som biara wɔnyɛ wɔ mu.

15“ ‘Na mmom asɔfo a wɔyɛ Lewifo ne Sadok asefo a wɔyɛɛ adwuma nokware wɔ me kronkronbea bere a Israelfo fom kwan no betumi abɛn me na wɔasom wɔ mʼanim; ɛsɛ sɛ wogyina mʼanim na wɔbrɛ me srade ne mogya afɔrebɔde, Otumfo Awurade asɛm ni. 16Wɔn nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔhyɛn me kronkronbea hɔ; wɔn nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wotwiw bɛn me pon, bɛsom wɔ mʼanim na wɔyɛ me som nnwuma.

17“ ‘Sɛ wowura apon a ɛkɔ mfimfini adiwo no mu a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nwera ntade. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ kuntu ntade, bere a wɔresom wɔ apon a ɛkɔ mfimfini adiwo hɔ anaasɛ asɔredan no mu no. 18Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nwera abotiri na wɔhyehyɛ nwera ntade wɔ wɔn ase. Ɛnsɛ sɛ wɔhyehyɛ biribiara a ɛbɛma wɔafi fifiri. 19Sɛ wɔkɔ mfikyiri adiwo, faako a nnipa no wɔ no a, ɛsɛ sɛ woyi ntade a wɔhyɛ de somee no na wogyaw de gu adan kronkron no mu, na wɔhyehyɛ ntade foforo, sɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn dwumadi ntade no nnwira nnipa no ho.

20“ ‘Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ tikwaw anaasɛ wɔma wɔn tinwi fuw kuhaa, mmom ɛsɛ sɛ wobubu so fɛfɛɛfɛ. 21Ɔsɔfo biara nnom bobesa bere a wahyɛn mfimfini adiwo hɔ. 22Ɛnsɛ sɛ wɔware akunafo anaa mmea awaregyaefo. Wotumi ware mmabun a wɔyɛ Israelfo asefo anaa akunafo a na anka wɔn kununom yɛ asɔfo. 23Wɔnkyerɛkyerɛ me nkurɔfo nsonoe a ɛda ade a ɛyɛ kronkron ne ade a ɛyɛ kwasafo de ntam, na wɔmma wɔn nhu nea ɛma biribi yɛ ade a ho ntew anaasɛ ho tew.

24“ ‘Akasakasa biara mu no, asɔfo na wɔbɛyɛ atemmufo agyina me mmaransɛm so abu atɛn. Ɛsɛ sɛ wodi me mmara ne mʼahyɛde a ɛfa mʼafahyɛ ahorow no so, na wɔyɛ me homenna kronkron.

25“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo kɔ funu ho na ɔde gu ne ho fi; gye sɛ funu no yɛ nʼagya, ne na, ne ba, ne nuabarima anaa ne nuabea a ɔnwaree; ne saa de, otumi kɔ ho de gu ne ho fi. 26Na sɛ odwira ne ho a, ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnanson. 27Da a ɔbɛkɔ kronkronbea no mfimfini adiwo hɔ akɔsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne afɔre ma ne ho, Otumfo Awurade asɛm ni.

28“ ‘Me nko ara ne agyapade a asɔfo no wɔ. Ɛnsɛ sɛ moma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel. Mɛyɛ wɔn kyɛfa. 29Wobedi aduan afɔrebɔde, bɔne afɔrebɔde, afɔdi afɔrebɔde, na biribiara a wɔahyira so ama Awurade wɔ Israel no bɛyɛ wɔn dea. 30Mo nnuaba a edi kan no mu nea edi mu ne mo akyɛde sononko no nyinaa bɛyɛ asɔfo no de. Ɛsɛ sɛ mode mo mmɔre a edi kan no ma wɔn na nhyira atena mo afi mu. 31Ɛnsɛ sɛ asɔfo no we aboa biara a wawu nam; sɛ ɛyɛ anomaa anaa wuram aboa biara.’ ”