以西结书 31 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以西结书 31:1-18

香柏树的比喻

1第十一年三月一日,耶和华对我说: 2“人子啊,你要对埃及王法老和他的百姓说,

“‘谁能比你强大呢?

3看啊,亚述曾是黎巴嫩的一棵香柏树,

枝繁叶茂,遮天蔽日,

高耸入云。

4它在河流和深泉的滋润下茁壮成长,

溪流四围环绕它,

浇灌着林间的树木。

5充足的水源使它高过田间所有的树木,

枝子长得又粗又长。

6空中的飞鸟都在它的枝头上搭窝,

田间的野兽都在它的树荫下生产,

所有的大国都住在它的荫下。

7它高大美丽,枝干修长,

因为树根深入水源,

8连上帝园中的香柏树也不能与它相比。

松树不能与它的枝干相比,

枫树不能与它的枝条相比,

主耶和华园中的树木没有一棵能与它媲美。

9我使它枝繁叶茂,美丽无比,

以致上帝伊甸园里的树木都羡慕它。’

10“因此,主耶和华说,‘因为它树干高大,树梢高耸入云,心高气傲, 11我要把它交在列国的首领手里,他必按照它的邪恶惩治它。我丢弃了它。 12外族人,就是列邦中最残暴的人要把它砍倒,丢弃在那里,它折断的枝干散落在山间和河谷中。世上各族都离开它的荫下, 13天上的飞禽要栖身在那折断的树干上,地上的走兽要躺卧在它的枝条中。 14故此,水边的树木都不再傲然矗立,高耸入云,水源充足的大树也不再如此高大,因为它们都注定要与下坟墓的人一同死亡,落到阴间的深处。’

15“主耶和华说,‘它下到阴间的那天,我要使哀声响起,使深渊闭塞,江河止息,洪水停滞。我要使黎巴嫩为它哀哭,田野的树木因它而枯萎。 16我将它与下坟墓的人一同抛到阴间时,列国听见它坠落的响声,都恐惧战抖。伊甸园中的树木和黎巴嫩水源充足、上好的树木都在阴间得到安慰。 17在它荫庇下做它爪牙的盟友都与它一同落到阴间,到被杀的人那里。

18“‘伊甸园的树木中,谁能与你的威荣相比呢?然而你却要与伊甸园的树木一同下到阴间,躺卧在未受割礼的人当中,与被杀的人在一起。

“‘这就是法老和他百姓的结局。这是主耶和华说的。’”

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 31:1-18

Ntweneduro Bi A Ɛwɔ Lebanon

1Mfeɛ dubaako mu bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne nipadɔm sɛ:

“ ‘Hwan ho na yɛde wo kɛseyɛ bɛtoto?

3Dwene Asiria ho, ntweneduro bi a berɛ bi na ɛwɔ Lebanon,

Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwaeɛ so

nyini kɔɔ ɔsoro yie,

ma ne nkɔn mu boro nhahan a ayɛ kusuu no so.

4Nsuo no maa no aduane,

nsuwa nsuwa a emu dɔ ma ɛnyini kɔɔ ɔsoro;

wɔn asutene fofaa nʼase nyinaa

de kɔɔ mfuo no so nnua nyinaa ho.

5Enti ɛkɔɔ ɔsorosoro

senee mfuo no so nnua nyinaa;

ne dubaa dɔɔso

ne mman nyini yɛɛ atentene,

na nsuo dodoɔ a ɛnyaa no enti ɛdendaneeɛ.

6Ewiem nnomaa nyinaa

yɛɛ wɔn pirebuo wɔ ne dubaa no mu,

wiram mmoa nyinaa

wowoo mma wɔ ne mman no ase

aman akɛseɛ nyinaa

tenaa ne nwunu ase.

7Na ne kɛseyɛ no yɛ fɛ,

ne dubaa a adendan no enti,

na ne nhini nyini kɔɔ fam

kɔduruu nsuo bebree mu.

8Ntweneduro a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu

nto no,

na pepeaa nnua nso

dubaa ne no nyɛ pɛ,

na wɔntumi mfa ɔkyɛnkyɛn nnua nso

ntoto ne mman ho,

dua biara nni Onyankopɔn turo

no mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no.

9Mebɔɔ no ahoɔfɛ

maa no mman bebree,

na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa

Onyankopɔn turo no mu no

ani beree no.

10“ ‘Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ ɛnyini kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhahan a abunkam soɔ, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho enti, 11mede no hyɛɛ amanaman sodifoɔ nsa, sɛ ɔne no nni no sɛdeɛ nʼamumuyɛ teɛ. Mepoo no, 12na ananafoɔ aman no mu tutugyagu twaa no hwee fam na ɔgyaa no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔ ne mmɔnhwa mu; ne mman mu bubuiɛ wɔ subɔnhwa mu. Asase so aman nyinaa firii ne nwunu ase, na wɔgyaa no hɔ. 13Ewiem nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wiram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu. 14Ɛno enti, nnua a ɛwɔ nsuo ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyini nkɔ sorosoro, mmoro nhahan a abunkam so. Nnua foforɔ biara a ɛnya nsuo bebree no rennyini nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ sɛ wɔn nyinaa bɛwu akɔ asase ase, wɔ nnipa mma a wɔsiane kɔ amena mu no nkyɛn.

15“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a wɔde no too damena mu no, mede awerɛhoɔ kataa nsuwansuwa a emu dɔ no so maa no, ma amma ne asutene no antene, na mesii ne nsuo dodoɔ no ɛkwan. Ne enti mede kusuuyɛ firaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ ɛserɛ no so nyinaa botooɛ. 16Memaa aman no ho popoeɛ wɔ nʼahweaseɛ nnyegyeeɛ no ho, ɛberɛ a mede no baa damena mu ɛne wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no. Afei Eden nnua nyinaa, deɛ ɛte apɔ na ɛyɛ papa wɔ Lebanon, nnua a ɛnya nsuo yie nyinaa nyaa awerɛkyekyerɛ wɔ asase ase. 17Wɔn a wɔtenaa ne nwunu ase, ne ne mpamfoɔ a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no kɔ damena mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ wɔ akofena ano no ho.

18“ ‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu deɛ ɛwɔ he na ɛbɛtumi de ne ho atoto wo ho wɔ animuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso, wo nso wɔbɛsiane wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofoɔ mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano no.

“ ‘Yei yɛ Farao ne ne nipadɔm no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”