以西结书 3 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以西结书 3:1-27

1祂对我说:“人子啊,你要把得到的吃下去,要吃下这书卷,然后去向以色列人传讲。” 2我张开口,祂就给我吃那书卷, 3对我说:“吃下我赐你的这书卷,让它充满你的肚腹。”我便吃了,书卷在我嘴里甘甜如蜜。

4祂又对我说:“人子啊,现在你要到以色列人那里,把我的话传给他们。 5你不是奉命去语言不通的民族那里,而是到以色列人当中。 6我不是派你到那些语言陌生、难懂、你听不明白的民族中。我若果真派你到他们那里,他们一定会听你的话。 7然而以色列人却不肯听从你,因为他们顽固不化,不肯听从我。 8不过,我要使你的脸像他们的脸一样硬,使你的额像他们的额一样硬。 9我要使你的额比火石更硬,如同金刚石。他们虽然是一群叛逆的人,你不要害怕,也不要因为他们的脸色而惊慌。” 10祂又说:“人子啊,你要留心听我说的一切话,牢记在心。 11你要到你那些被掳的同胞那里,不论他们听不听,你都要向他们宣告,‘主耶和华这样说。’”

12那时,灵把我举起,我听见后面有隆隆的声音说:“耶和华的荣耀在祂的居所当受称颂!” 13我听见活物的翅膀相碰的声音,以及他们旁边的轮子发出的隆隆声。 14灵把我举起带走了。我心里苦闷,充满愤怒,耶和华大能的手在我身上。 15我来到住在提勒·亚毕的被掳的人中,在迦巴鲁河边。我感到无比震惊,在他们中间坐了七天。

告诫以色列人

16过了七天,耶和华对我说: 17“人子啊,我立你做以色列人的守望者,你要把我告诫他们的话告诉他们。 18当我说某个恶人必灭亡时,如果你不告诫他,劝告他痛改前非,挽救他的性命,他必死在自己的罪中,而我要追究你的责任。 19如果你已经告诫他,他还是不肯离开自己的邪恶和罪行,他必死在罪恶之中,而你必免于罪责。 20如果一个义人偏离正道、犯罪作恶,我会使他跌倒,他必死亡。如果你不告诫他,他必死在罪恶之中,他以前的义行也不会被记念,而我要追究你的责任。 21如果你告诫他不要犯罪,他听了你的告诫不再犯罪,他必保住性命,你也必免于罪责。”

22在那里,耶和华的手按在我身上,对我说:“你起来前往平原,我要在那里对你说话。” 23我到了平原,看见耶和华的荣耀停在那里,那荣耀和我在迦巴鲁河边所见的一样,我就俯伏在地。 24这时灵进入我里面,使我站立起来。耶和华对我说:“你要把自己关在房子里。 25人子啊,他们必把你捆绑起来,使你不能到百姓当中。 26同时,我要使你的舌头紧贴上膛,使你不能开口责备他们,因为他们是一群叛逆的人。 27但当我对你说话的时候,我必开启你的口,你要向他们宣告,‘主耶和华这样说。’肯听的就让他听,不肯听的就由他不听,因为他们是一群叛逆的人。”

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 3:1-27

1Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, di deɛ wohunu wɔ wʼanim no, di saa nwoma mmobɔeɛ yi, na afei kɔ na kɔkasa kyerɛ Israelfoɔ.” 2Enti mebuee mʼanom na ɔde nwoma mmobɔeɛ no maa me diiɛ. 3Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, di saa nwoma mmobɔeɛ a mede rema wo yi. Fa hyɛ wo yafunu ma.” Enti mediiɛ, na na ɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ mʼanom.

4Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, afei kɔ Israelfoɔ hɔ kɔka me nsɛm kyerɛ wɔn. 5Ɛnyɛ nnipa bi a wɔn kasa mu nte anaa ɛyɛ dene nkyɛn na meresoma woɔ, mmom meresoma wo Israelfoɔ hɔ. 6Ɛnyɛ nnipa bebree a wɔn kasa mu nteɛ na ɛyɛ den. Ɛnyɛ wɔn a wonte wɔn kasa ase nkyɛn. Ampa, sɛ mesomaa wo nnipa a wɔnte wo kasa a, anka wɔtiee wo. 7Nanso Israelfoɔ mpɛ sɛ wɔtie wo, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me. Israel nyinaa ayɛ akoma pirim ne asoɔden. 8Ɛno enti, mɛma woayɛ asoɔden ne akomapirim te sɛ wɔn. 9Mɛyɛ wo aniɔden te sɛ ɛboɔ, deɛ ɛyɛ den sene twerɛboɔ. Nsuro wɔn, na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwom sɛ wɔyɛ atuatefoɔ deɛ.”

10Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, tie me nsɛm a meka kyerɛ wo no yie na dwene ho wɔ wʼakoma mu. 11Afei, kɔ wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nnommumfa mu na kasa kyerɛ wɔn. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ,’ sɛ wɔbɛtie oo, sɛ wɔrentie oo.”

12Na Honhom no pagyaa me kɔɔ soro na metee sɛ nnyegyeeɛ denden bi reworo so wɔ mʼakyi sɛ, Nhyira nka Awurade animuonyam wɔ deɛ ɔteɛ hɔ! 13Na ɛyɛ nnyegyeeɛ a ɛfiri ateasefoɔ no ntaban a ɛtwitwi ho ne ntwahonan a ɛwowɔ wɔn ho no. Nnyegyeɛ denden a ɛworo soɔ. 14Honhom no pagyaa me kɔɔ soro de me kɔɔ baabi. Mekɔɔ no nwononwono mu ne honhom mu abufuo so, a na Awurade tumi yɛ kɛse wɔ me so. 15Mebaa nnommumfoɔ a wɔtete Tel Abib a ɛbɛn Asubɔnten Kebar no nkyɛn. Na ɛhɔ, me ne wɔn tenaa nnanson, na me ho dwirii me.

Israel Kɔkɔbɔ

16Nnanson akyi no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 17“Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfoɔ ama Israel; ɛno enti tie asɛm a meka no, na bɔ wɔn kɔkɔ a ɛfiri me. 18Sɛ meka kyerɛ omumuyɛfoɔ sɛ, ‘Ampa ara wobɛwu’ na sɛ woammɔ no kɔkɔ anaasɛ woankasa ankyerɛ no amma wantwe ne ho amfiri nʼakwammɔne ho annya nkwa a, saa omumuyɛfoɔ no bɛwu wɔ ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akonta. 19Nanso sɛ wobɔ omumuyɛfoɔ no kɔkɔ na sɛ wansakyera amfiri nʼamumuyɛ anaa nʼakwammɔne ho a, ɔbɛwu wɔ ne bɔne mu, nanso na woagye wo ho nkwa.

20“Bio, sɛ ɔteneneeni dane firi tenenee ho kɔyɛ bɔne a, mede suntidua bɛto nʼanim ama no ahwe ase, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ enti, ɔbɛwu wɔ ne bɔne mu. Adetenenee ahodoɔ a ɔyɛeɛ no, wɔrenkae, na mɛma woabu ne mogya ho akonta. 21Nanso sɛ wobɔ ɔteneneeni no kɔkɔ sɛ ɔnnyae bɔneyɛ na ɔgyae a, ɔbɛnya nkwa, ɛfiri sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ, na wo nso wobɛgye wo ho nkwa.”

22Na Awurade tumi baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na kɔ ɛserɛ no so, na ɛhɔ na mɛkasa akyerɛ wo.” 23Enti mesɔre kɔɔ ɛserɛ no so. Na Awurade animuonyam te sɛ deɛ mehunuu wɔ Asubɔnten Kebar ho no gyina hɔ, na mede mʼanim butuu fam.

24Afei, Honhom no bɛhyɛɛ me mu na ɔpagyaa me gyinaa me nan so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ na kɔto wo ho ɛpono mu wɔ wo efie. 25Na wo, onipa ba, wɔde ntampehoma bɛkyekyere wo sɛdeɛ worentumi mpue nkɔ nnipa no mu. 26Na mɛma wo tɛkrɛma atare wʼanomu sɛdeɛ wobɛmua wʼano a worentumi nka wɔn anim, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ 27Nanso sɛ mekasa kyerɛ wo a, mɛbue wʼano ama waka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie!’ Deɛ ɔbɛtie no, ma no ntie, na deɛ ɔmpɛ sɛ ɔtie no, mma no nntie; na wɔyɛ atuatefoɔ.