以西结书 27 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以西结书 27:1-36

为泰尔唱哀歌

1耶和华对我说: 2“人子啊,你要为泰尔唱哀歌, 3告诉位于海口、跟沿海各民族通商的泰尔,主耶和华这样说,

“‘泰尔啊,

你曾夸耀自己完美无瑕。

4你的势力在大海上,

你的建造者把你造得完美无瑕。

5他们用示尼珥的松木做你的船板,

黎巴嫩的香柏木做桅杆,

6巴珊的橡木做你的桨,

把象牙镶嵌在基提沿岸的黄杨木上做甲板,

7埃及来的绣花细麻布做你的帆,

成为你的旗号,

伊利沙岛来的蓝布和紫布做船篷。

8西顿亚发的居民是你的船夫,

你的智者在船上为你掌舵。

9迦巴勒的老手和智者在船上为你修补船篷,

所有海洋的船只和水手都来与你做生意。

10“‘你军队中的战士有波斯人、路德人、人,他们在你的墙上挂起盾牌和头盔,展示你的光彩。 11亚发人和你的军队都守卫在你的城墙上,歌玛底人把守你的城楼,他们都在墙上挂满盾牌,使你完美无瑕。

12“‘他施人因你有丰富的货物,就拿银、铁、锡、铅来跟你交易。 13雅完人、土巴人、米设人也跟你通商,用奴隶和铜器来换取你的货物。 14陀迦玛人用马匹、战马和骡子来跟你交易。 15底但人也是你的客商,你的市场远及沿海一带,他们拿象牙、乌木来跟你交易。 16因为你的货物丰富,亚兰人也成了你的客户,他们用绿宝石、紫布、刺绣、细麻布、珊瑚和红宝石与你交换货物。 17犹大以色列也是你的客商,他们用米匿的麦、饼、蜜、油和香料与你交换货物。 18大马士革见你的货物丰富,就用黑本的酒和沙哈的羊毛来跟你交易。 19乌萨来的威但人和雅完人用铁、肉桂、菖蒲与你交换货物。 20底但人用马鞍垫来跟你交易。 21阿拉伯人和基达的所有首领都来做你的客商,他们用羊羔、绵羊和山羊来跟你交易。 22示巴拉玛的商人用各类上等香料、宝石和黄金交换你的货物。 23哈兰干尼伊甸示巴亚述基抹的商人都来跟你交易, 24他们把华丽衣服、蓝布、刺绣和彩色地毯捆扎结实,拿来跟你交易。

25“‘他施的船只替你运货,

你在海上载满沉甸甸的货物。

26船夫把你摇到汪洋之中,

但东风要把你击碎在海中。

27你的财富、货物、商品、

水手、舵手、缝匠、客商、

战士和人民在你倾覆的日子都要沉到深海里。

28你舵手的哀号声必震动海岸,

29所有的船夫、水手、舵手都必弃船登岸,

30为你放声痛哭,

把尘埃撒在头上,

在灰中打滚,

31又为你剃头披麻,

悲痛哀伤。

32他们在痛哭中为你唱起哀歌,

哀悼你说,

有哪一座城像泰尔一样在深海中销声匿迹呢?

33你的货物由海上运出,

满足了许多国家;

你的资财和货物使地上的君王富裕。

34然而,如今你在汪洋中被海浪击碎,

你的货物和人民都一同沉没了。

35沿海的居民因你而惊骇,

君王都吓得面容失色。

36各国商人都嗤笑你,

你那可怕的末日来临了,

你将永远不复存在。’”

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 27:1-36

Tiro Ho Kwadwom

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so. 3Ka kyerɛ Tiro a ɔda ɛpo aboboano, na ɔne adwadifoɔ bebree a wɔwɔ mpoano nkuro so di edwa sɛ, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Woka sɛ, Ao Tiro,

“Me ho yɛ fɛ yie.”

4Wo tumidie wɔ ɛpo so akyirikyiri;

wʼadansifoɔ maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ

5Wo nnua a wɔpaeɛ nyinaa

yɛ pepeaa a ɛfiri Senir.

Wɔde Lebanon ntweneduro

na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa woɔ.

6Odum nnua a ɛfiri Basan

na wɔde yɛɛ wʼatabono;

Kwabɔhɔrɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano

na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛ so.

7Misraim nwera papa bi a wadi mu adwini

na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatoma

a ɛyɛɛ wo frankaa nso;

wʼapono ɛne ntokua ano ntoma yɛ bibitoma ne beredumtoma

a ɛfiri Elisa mpoano.

8Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn;

wo mmarima anyansafoɔ, Ao Tiro

na wɔyɛ adwumayɛfoɔ wɔ wʼahyɛn mu.

9Gebal adwumfoɔ adadafoɔ tenaa wʼahyɛn mu

sɛ dua dwumfoɔ a wɔtuatua ahyɛn no mu ntokuro.

Ɛpo so ahyɛn ne wɔn hyɛn mufoɔ nyinaa

baa wo nkyɛn ne wo bɛdii nsesadwa.

10“ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima

someeɛ sɛ asraafoɔ wɔ wʼakodɔm mu.

Wɔde wɔn akokyɛm ne dadeɛ ɛkyɛ

sensɛnee wʼafasuo ho,

de hyɛɛ wo animuonyam.

11Arwad ne Helek mmarima

wɛnee wʼafasuo ho nyinaa.

Gammad mmarima

tenaa wʼaban atentene mu.

Wɔde wɔn akokyɛm sensɛnee wʼafasuo ho

maa wʼahoɔfɛ dii mu.

12“ ‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ.

13“ ‘Helafoɔ, Tubalfoɔ ne Mesekfoɔ ne wo dii edwa. Wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼadetɔndeɛ.

14“ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfunumu mma bɛsesaa wʼadwadideɛ.

15“ ‘Roda mmarima ne wo dii edwa, na mpoano nkuro bebree yɛɛ wʼadetɔfoɔ a wɔde asonse ne duaboɔ nnua tuaa wo ka.

16“ ‘Aram ne wo dii edwa ɛsiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum, deɛ wɔadi mu adwinneɛ, nwera pa, nnenkyenema ne bota bɛsesaa wʼadwadideɛ.

17“ ‘Yuda ne Israel ne wo dii edwa; wɔde ayuo a ɛfiri Minit ne krakase, ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam sesaa wʼadwadideɛ.

18“ ‘Damasko ne wo dii edwa wɔ nsã a ɛfiri Helbon ne nnwan ho nwi a ɛfiri Sahar mu, ɛsiane nneɛma a woyɛ ne wʼadwadideɛ a ama woanya wo ho bebree enti. 19Danfoɔ ne Helafoɔ a wɔfiri Usal tɔɔ wʼadwadideɛ na wɔde dadeɛ a wɔaboro, bɛwewonua ne mmɛtire sesaa wʼadetɔndeɛ.

20“ ‘Dedan de apɔnkɔ so adwatoma ne wo dii edwa.

21“ ‘Arabfoɔ ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼadwadifoɔ a wɔde nnwammaa, nnwennini ne mpapo ne wo dii edwa.

22“ ‘Seba ne Raama adwadifoɔ ne wo dii edwa; wɔde nnuhwam ahodoɔ a ɛte apɔ, aboɔdemmoɔ ne sikakɔkɔɔ ne wo bɛdii nsesadwa.

23“ ‘Haran, Kane ne Eden, adwadifoɔ a wɔfiri Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii edwa. 24Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa.

25“ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma

sɛ asoafoɔ ma wʼadwadideɛ.

Adesoa duruduru ayɛ wo ma

wɔ ɛpo no mfimfini.

26Wʼaharefoɔ no fa wo

de wo kɔ ɛpo so akyirikyiri

nanso apueeɛ ahum bɛbubu wo mu nketenkete

wɔ ɛpo no mfimfini.

27Wʼahonya, adwadideɛ ne adetɔndeɛ

wʼahyɛn kwankyerɛfoɔ, wʼahyɛn mufoɔ ne

wɔn a wɔtuatua wʼahyɛn mu ntokuro,

wʼadwadifoɔ ne wʼasraafoɔ nyinaa,

ne obiara a ɔwɔ ɛhyɛn no mu

bɛmem akɔ ɛpo ase tɔnn

ɛda a wo hyɛn no bɛbɔ.

28Mpoano asase bɛwoso

ɛberɛ a wo hyɛn mufoɔ no reteateam.

29Wɔn a wɔkurakura atabon no nyinaa

bɛgya wɔn ahyɛn hɔ;

hyɛn akwankyerɛfoɔ ne hyɛn mufoɔ nyinaa

bɛgyinagyina mpoano.

30Wɔbɛma wɔn ɛnne so

asu osu yaaya ama wo;

wɔbɛpete mfuturo agu wɔn tiri so

na wɔayantanyantam nsõ mu.

31Wo enti wɔbɛbobɔ tikwa

na wɔafirafira ayitoma.

Wɔde ɔkra mu ahoyera

ne awerɛhoɔ a emu yɛ den

bɛgyam wo.

32Ɛberɛ a wɔretwa adwo redi awerɛhoɔ no,

wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so sɛ:

“Hwan na wama no atɔre mumu

te sɛ Tiro a ɛpo atwa ne ho ahyia yi?”

33Ɛberɛ a wʼadwadideɛ kɔɔ ɛpo ahodoɔ so no

woboaa aman bebree;

Wʼahonyadeɛ ne wʼadwadideɛ

maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.

34Afei ɛpo abubu wo mu nketenkete

wɔ nsuo no bunu mu

wʼadwadideɛ ne wʼadwumayɛfoɔ nyinaa

ne wo amem kɔ nsuo ase.

35Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa

ho adwiri wɔn wɔ wo ho;

ehu ma wɔn ahemfo ho popo

na wɔn anim sinsiam.

36Aman no mu adwadifoɔ bɔ nsɔm gu wo so

woaba awieeɛ a ɛyɛ hu

na wɔrenhunu wo bio.’ ”