以西结书 21 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以西结书 21:1-32

耶和华审判的刀

1耶和华对我说: 2“人子啊,你要面向耶路撒冷,说预言斥责以色列和圣所, 3告诉以色列,耶和华这样说,‘我要与你为敌,我要拔刀将你那里的义人和恶人一同消灭, 4从南到北不留一人, 5使世人都知道我耶和华已拔刀出鞘,不再收回。’ 6人子啊,你要在他们面前哀叹,要伤心欲绝地哀叹。 7如果有人问你为什么哀叹,你就说有噩耗传来,听见的人都胆战心惊、两手发软、精神萎靡、膝弱如水。灾难必很快发生。这是主耶和华说的。”

8耶和华对我说: 9“人子啊,你要说预言,告诉他们,耶和华这样说,

“‘有一把刀,

有一把刀磨快擦亮了,

10磨得锋利,为要杀戮,

擦得亮如闪电。

我们岂能因我儿的权杖而快乐?这刀鄙视一切权杖。 11这刀已交给人去擦亮,好握在手中,这刀已磨快擦亮,预备交给屠杀的人。 12人子啊,号啕大哭吧,因为这刀要攻击我的子民和所有以色列的首领,他们都要死于刀下。所以你要捶胸顿足。 13这刀必试验他们,这刀所鄙视的权杖若不复存在,怎么办呢?这是主耶和华说的。’

14“人子啊,你要拍掌对他们说预言,你要拿刀挥舞两三次,预示这刀要从四面八方大肆杀戮, 15使他们吓得肝胆俱裂,许多人倒在家门口。我已赐下这亮如闪电的刀,用来杀戮。 16刀啊,你要左砍右劈,大肆杀戮。 17我要拍掌,我的烈怒要平息。这是我耶和华说的。”

18耶和华对我说: 19“人子啊,你要为巴比伦王的刀画出两条进攻之路,两条路要从一个地方出发,要在通往城邑的路口设路标。 20一条路通往亚扪拉巴城,一条路通往犹大的坚城耶路撒冷21巴比伦王将站在两路的岔口,摇签求问他的神像,察看祭牲的肝。 22他右手拿到的是攻打耶路撒冷的签,于是,他用撞城锤来攻耶路撒冷的城门,厮杀吶喊,建垒筑台围攻城池。 23犹大人必认为这是虚假的征兆。他们曾向巴比伦王发誓效忠,但巴比伦王要使他们想起自己的罪,并掳走他们。

24“主耶和华说,‘因为你们的过犯昭然若揭,你们的罪恶表露无遗,因此,你们必遭掳掠。 25你这邪恶败坏的以色列首领啊!你的结局到了,审判你的日子来了。’ 26主耶和华说,‘取下你的头巾,摘下你的冠冕吧,时局转变了。要提拔卑微的,贬抑高贵的。 27毁灭,毁灭,我要毁灭这国,使它荡然无存,直到那应得的人来到后,这国才能得到重建,我要把这国交给他。’

28“人子啊,你要说有关亚扪人及其耻辱的预言,告诉他们,主耶和华说,‘有刀,有刀已出鞘,为要杀戮;它亮如闪电,要行毁灭。 29有关你们的异象和占卜是虚假的,你们将与其他恶人一同被杀,因为你们的结局到了,审判你们的日子来了。 30你们要收刀入鞘,我要在你们的家乡,在你们的出生之地审判你们, 31我要把烈怒倒在你们身上,将我的怒火喷在你们身上,把你们交在嗜杀成性的恶徒手中, 32你们必被当作柴焚烧,你们的血必流在自己的土地上,无人再记得你们。因为这是我耶和华说的。’”

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 21:1-32

Babilonia, Onyankopɔn Atemmuo Akofena

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Yerusalem na kasa tia kronkronbea no. Hyɛ nkɔm tia Israel asase 3na ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Me ne wo anya. Mɛtwe mʼakofena afiri ne bɔha mu de ayi ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ afiri mo mu. 4Esiane sɛ merebɛyi ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ afiri mo mu enti, mʼakofena bɛfiri ne bɔha mu atia obiara, firi anafoɔ fam kɔsi atifi fam. 5Afei nnipa nyinaa bɛhunu sɛ me Awurade, matwe mʼakofena afiri ne bɔha mu na ɛrensane bio.’

6“Enti si apinie, onipa ba! Fa akoma a abubuo ne awerɛhoɔ a ano yɛ den si apinie wɔ wɔn anim. 7Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Adɛn enti na woresi apinie a?’ Wobɛka sɛ, ‘Ɛyɛ asɛm a ɛreba no enti. Akoma biara bɛboto na nsa biara mu agogo, honhom biara bɛtɔ baha na kotodwe biara bɛpopo.’ Ɛreba, ɛkwan biara soɔ ɛbɛba, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”

8Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 9“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ:

“ ‘Akofena bi, akofena bi,

wɔase ano, atwi ho,

10wɔase ano ama akumkumakumkum no,

wɔatwi ho ama ɛtwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam!

“ ‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛ yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempoma ho anaa? Akofena no mfa poma biara a ɛte saa no nyɛ hwee.

11“ ‘Wɔayi akofena no asi hɔ sɛ wɔntwitwi ho,

sɛ wɔmfa nsa nkura mu;

wɔase ano, atwi ho,

ayɛ no krado ama okumfoɔ no.

12Su na twa adwo, onipa ba,

ɛfiri sɛ ɛtia me nkurɔfoɔ;

ɛtia Israel mmapɔmma nyinaa.

Wɔagyaa wɔn ama akofena no

aka me nkurɔfoɔ ho.

Enti fa wo nsa gu wo tiri so.

13“ ‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempoma a akofena no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a, ɛdeɛn na wɔbɛyɛ? Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’

14“Enti onipa ba, hyɛ nkɔm

na bɔ wo nsam.

Ma akofena no ntwitwa mprenu

mpo mprɛnsa.

Ɛyɛ akumakunkum akofena,

akumakunkum kɛseɛ no akofena,

a ɛba wɔn so firi afanan nyinaa.

15Ɛbɛma akoma nyinaa aboto

na atɔfoɔ adɔɔso,

mede akunkumakunkum akofena no asisi

wɔn apono nyinaa ano.

Ao! Wɔayɛ no sɛ ɛntwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam

wɔaso mu ama akumkumakumkum.

16Ao akofena, twa kɔ nifa,

na twa kɔ benkum,

deɛ wo dadeɛ bɛfa biara.

17Me nso, mɛbɔ me nsam,

na mʼabufuhyeɛ ano bɛdwo

Me Awurade na makasa no.”

18Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 19“Onipa ba, bɔ akwan mmienu ma Babiloniahene akofena no mfa so, na ne mmienu mfiri aseɛ wɔ amantam korɔ mu. Fa akyerɛkyerɛkwan si nkwanta a ɛmane kɔ kuropɔn no mu. 20Bɔ ɛkwan baako a akofena no bɛfa soɔ akɔtia Amonfoɔ Raba ne baako nso a ɛbɛtia Yuda ne Yerusalem a wɔabɔ ho ban no. 21Na Babiloniahene bɛgyina akwan mmienu no nkwanta so ahwehwɛ nkɔmhyɛ. Ɔde agyan bɛbɔ ntonto, akɔ abisa wɔ nʼahoni nkyɛn, na wahwɛ brɛboɔ mu. 22Ne nsa nifa mu na ntonto a ɛbɛbɔ Yerusalem no bɛkɔ, na ɛhɔ na wɔbɛhyehyɛ obubuadaban nnua de ama okum kɛseɛ no. Afei wɔde osebɔ bɛpagya obubuadaban nnua no apempem apono no. Wɔbɛyɛ epie na wasisi pampim. 23Ɛbɛyɛ sɛ nkɔntorɔ ama wɔn a wɔ ne no ayɛ apam, nanso ɔbɛkaakae wɔn afɔdie na wafa wɔn nnommum.

24“Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ mo saa nkurɔfoɔ yi nam mo atuateɛ so akae me mo afɔdie, de ada mo bɔne a moyɛ nyinaa adi enti, wɔbɛfa mo nnommum.

25“ ‘Wo, Israel heneba otirimuɔdenfoɔ a wo ɛda aduru. Wo a wo asotwe berɛ aduru ne mpɔnpɔnsoɔ, 26yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Tu abɔtiten no, yi ahenkyɛ no. Ɛrenyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no: Wɔbɛpagya deɛ abrɛ ase, na deɛ ama ne ho so nso, wɔabrɛ no ase. 27Ɔsɛeɛ! Ɔsɛeɛ! Mɛsɛe no! Ahennie no rensi ne dada mu bio kɔsi sɛ deɛ ɛyɛ ne dea no bɛba. Ɔno na mede bɛma no.’

28“Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa Amonfoɔ ne wɔn ahohorabɔ ho:

“ ‘Akofena bi, akofena bi,

wɔatwe ama akunkumakunkum,

wɔatwi ho sɛ ɛnni nam

na ɛpa yerɛ yerɛ sɛ anyinam!

29Atorɔ anisoadehunu

ne nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi no

wɔde bɛto wɔn kɔn mu

amumuyɛfoɔ a ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn no

wɔn a wɔn ɛda no aduru soɔ,

ne wɔn a wɔn asotwe berɛ no

aduru ne mponponsoɔ no.

30“ ‘Sane fa akofena no hyɛ ne bɔha mu

wɔ faako a wɔbɔɔ woɔ hɔ

wɔ wo nananom asase so,

mɛbu wo atɛn.

31Mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so

na mahome mʼabufuo a ɛyɛ hu atia wo;

Mede wo bɛhyɛ mmarima atirimuɔdenfoɔ nsa,

wɔn a wɔwɔ adesɛeɛ ho nyansa.

32Wobɛyɛ nnyensin ama ogya,

wɔbɛka wo mogya agu wɔ wʼasase so,

na wɔrenkae wo bio;

me Awurade na makasa.’ ”