以西结书 15 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以西结书 15:1-8

葡萄树的比喻

1耶和华对我说: 2“人子啊,葡萄木比林中其他木材更好吗? 3葡萄木有什么用呢?能用它制造挂钩挂东西吗? 4它只能用来当柴烧。如果火已经烧了它的两头,中间也烧黑了,它还有什么用呢? 5它完好无损的时候,尚且不能用来制造工具,被火烧后岂不更没用了吗? 6所以,主耶和华说,我怎样把林中的葡萄树丢在火中当柴烧,也必照样丢弃耶路撒冷的居民。 7我必严惩他们。他们纵然火里逃生,仍要被火烧灭。我严惩他们的时候,他们便知道我是耶和华。 8我必使他们的土地荒凉,因为他们对我不忠。这是主耶和华说的。”

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 15:1-8

Yerusalem, Bobe Dua Hunu

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, ɛkwan bɛn so na bobe dutan ho bɛba mfasoɔ asene kwaeɛ mu dua foforɔ biara mman? 3Wɔtwa dua no bi de yɛ biribi a ɛho wɔ mfasoɔ? Wɔde yɛ pɛɛwa a wɔde nneɛma sensɛn soɔ anaa? 4Na sɛ wɔde ne nyina hyɛ ogya mu na etire ne etire hye ma mfimfini yɛ bidie a, ɛho ba mfasoɔ bi anaa? 5Na sɛ ɛho amma mfasoɔ ɛberɛ a ɛdi mu a, ɛbɛyɛ den na wɔbɛtumi de ayɛ mfasodeɛ bi, ɛberɛ a ahye adane bidie?

6“Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede bobe dua a ɛfera kwaeɛm nnua mu ama sɛ wɔmfa nsɔ ogya no, saa ɛkwan no so na mede nnipa a wɔte Yerusalem no bɛfa. 7Mɛtu mʼani asi wɔn so. Ɛwom sɛ wafiri ogya no mu deɛ, nanso ɛbɛhye wɔn bio. Na sɛ metu mʼani si wɔn so a, wobɛhunu sɛ mene Awurade. 8Mɛma asase no ada mpan, ɛfiri sɛ wɔanni nokorɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”