以斯拉记 9 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以斯拉记 9:1-15

以斯拉的祷告

1这些事以后,众首领来告诉我说:“以色列民众、祭司和利未人还没有与当地各族分开,他们仍随从迦南人、人、比利洗人、耶布斯人、亚扪人、摩押人、埃及人和亚摩利人的可憎行为。 2他们为自己和自己的儿子娶这些人的女儿为妻,使圣洁的民族与当地的人混杂。首领和官员是这种不忠之事的罪魁。” 3一听到这些,我便撕裂衣服和外袍,拔掉头发和胡须,惊惧地坐下。 4听了以色列上帝的话而战抖的人都聚集在我周围,因为流亡归来的人不忠。我惊惧地坐在那里,直到献晚祭的时候。

5献晚祭的时候,我满怀忧伤地起来,穿着那撕裂的衣服和外袍,双膝跪下,向我的上帝耶和华伸出双手, 6说:“我的上帝啊,我羞愧难当,不敢抬头看你,因为我们的恶行灭顶,我们的罪恶滔天。 7从我们的祖先开始到现在,我们罪恶深重。由于我们的罪恶,我们、我们的君王和祭司都落在外邦君王的手中,被他们杀害、俘虏、抢掠和羞辱,如同今天的光景。 8但如今我们的上帝耶和华暂且施恩于我们,为我们存留一些余民,使我们安然住在这圣洁之地。你使我们眼睛明亮,在我们受奴役时赐给我们一点生机。 9虽然我们是奴隶,我们的上帝却没有离弃受奴役的我们,祂在波斯众王面前施恩于我们,使我们复兴、得以重建毁坏的上帝的殿,让我们在犹大耶路撒冷有护墙。

10“如今,我们的上帝啊,事已至此,我们还能说什么呢?因为我们背弃了你的诫命, 11就是你借着你的仆人——众先知给我们的吩咐,‘你们将要占领的那片土地被当地人的污秽玷污,他们的可憎行径使那里充满污秽。 12所以不要让你们的女儿嫁给他们的儿子,也不要让你们的儿子娶他们的女儿。永不可为他们谋求平安和好处。这样,你们就可强盛,吃那里的美好出产,也可将那地方留给你们的子孙作为永久的产业。’

13“虽然因为我们的恶行和大罪,这一切事情临到我们,但我们的上帝啊,你给我们的惩罚比我们该受的轻多了,你还施恩给我们留下这些余民。 14我们岂能再违背你的诫命,与这些行为可憎的人通婚?若我们这样行,你岂不发怒毁灭我们,使我们无一幸免吗? 15以色列的上帝耶和华啊,你是公义的,所以我们这些余民今天才得以幸存。看啊,我们在你面前身负罪恶,因而无人能在你面前站立得住。”

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛsra 9:1-15

Ɛsra Bɔ Ahɔhowadeɛ Ho Mpaeɛ

1Na Yudafoɔ ntuanofoɔ no baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Israelfoɔ bebree, na mpo, asɔfoɔ ne Lewifoɔ ntwee wɔn ho mfirii nnipa afoforɔ bi a wɔte asase no so no ho. Wɔdi akyiwadeɛ a na Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ yɛ no akyi. 2Na Israelfoɔ mmarima ware firi saa nnipa no mu, na wɔpɛ yerenom firi wɔn mu, ma wɔn mmammarima. Enti, mfrafrawadeɛ no ama nnipa kronkron no ho agu fi. Deɛ ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, mpanimfoɔ ne ntuanofoɔ no koraa na wɔdi ho fɔ kɛseɛ.”

3Metee saa asɛm yi no, mesunsuanee me ntadeɛ mu,9.3 Ntadeɛ mu sunsuane kyerɛ osu ne awerɛhoɔdie. tutuu me tirinwi firii me tiri so, tutuu mʼabɔgyesɛ nso, te tenaa fam ahodwirie so. 4Na wɔn a wɔnyaa ayamhyehyeɛ wɔ Israel Onyankopɔn asɛm ho no bɛtenaa me nkyɛn wɔ ne nkurɔfoɔ nokorɛ a wɔanni no ho. Metenaa ase ahodwirie so, kɔsii anwummerɛ afɔrebɔberɛ.

5Ɛduruu afɔrebɔberɛ no, mesɔre gyinaa baabi a na mete hɔ awerɛhoɔ mu a masunsuane mʼatadeɛ mu, na mebuu nkotodwe, pagyaa me nsa kyerɛɛ Awurade, me Onyankopɔn. 6Mebɔɔ mpaeɛ sɛ:

“Ao me Onyankopɔn, mʼani awu yie, na mafɛre sɛ merepagya mʼani akyerɛ wo. Na yɛn bɔne asoa kɔ soro sene yɛn enti na yɛn afɔdie aduru ɔsorosoro. 7Yɛn abakɔsɛm nyinaa yɛ bɔne kɛseɛ fua. Ɛno enti na yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ de yɛn ho akɔhyɛ abosonsomfoɔ ahemfo a wɔwɔ asase no so ase no. Wɔakunkum yɛn, wɔakyere yɛn nnommum, wɔabɔ yɛn korɔno, agu yɛn anim ase sɛdeɛ yɛte ɛnnɛ yi ara.

8“Nanso, seesei, wɔahunu yɛn mmɔbɔ kakra, ɛfiri sɛ, Awurade, yɛn Onyankopɔn, ama yɛn mu kakra atena nkwa mu sɛ nkaaseɛ. Wabɔ yɛn ho ban wɔ beaeɛ kronkron ha. Yɛn Onyankopɔn abue yɛn ani, ama yɛn ahomegyeɛ bi afiri yɛn nkoasom mu. 9Ɛfiri sɛ, na yɛyɛ nkoa nanso, ne dɔ a ɔde dɔ yɛn daa no enti, Onyankopɔn annyaa yɛn wɔ yɛn nkoasom mu. Mmom, ɔmaa Persiahene hwɛɛ yɛn yie. Ɔkanyanee yɛn, sɛdeɛ yɛbɛtumi asane asi yɛn Onyankopɔn asɔredan no, asiesie nʼamamfoɔ no. Wama yɛn banbɔ afasuo wɔ Yuda ne Yerusalem.

10“Na seesei Ao, yɛn Onyankopɔn, yeinom nyinaa akyi asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Ɛfiri sɛ, yɛapo wo mmaransɛm bio. 11Wʼasomfoɔ adiyifoɔ no bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, asase a yɛbɛfa no, nnipa a wɔte so no nam wɔn nneyɛɛ bɔne so agu ho fi koraa. Porɔeɛ ahyɛ asase no so ma, firi tire kɔsi tire. 12Woka kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛmmma yɛn mmammaa nnware wɔn mmammarima, na yɛn mmammarima nso nnware wɔn mmammaa, na ɛnsɛ sɛ yɛboa saa aman no kwan biara so. Wohyɛɛ bɔ sɛ, sɛ yɛgyae saa nneɛma yi yɛ a, yɛbɛyɛ ɔman kɛseɛ. Wohyɛɛ bɔ sɛ, yɛbɛdi asase no so nnepa, na yɛagya ama yɛn mma sɛ daapem agyapadeɛ.

13“Wɔretwe yɛn aso seesei wɔ yɛn amumuyɛsɛm ne yɛn afɔdie ho. Nanso, asotwe a wode ama yɛn no sua koraa sene sɛdeɛ ɛfata yɛn, ɛfiri sɛ, wo Awurade, yɛn Onyankopɔn ama yɛn mu bi atena sɛ nkaeɛfoɔ. 14Nanso, seesei, yɛresane abu wo mmaransɛm so, na yɛne wɔn a wɔyɛ saa akyiwadeɛ no redi awadeɛ. Nokorɛm, wʼabufuo bɛsɛe yɛn ara akɔsi sɛ, nkaeɛfoɔ kakra no ase bɛtɔre. 15Ao Awurade, Israel Onyankopɔn woyɛ teneneeni. Yɛnka hwee sɛ nkaeɛfoɔ a wɔafiri nkoasom mu. Yɛde yɛn afɔdie gyina wʼanim a anka saa tebea yi mu, yɛn mu biara rentumi nnyina wʼanim.”