以斯拉记 7 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以斯拉记 7:1-28

以斯拉到达耶路撒冷

1这些事以后,波斯亚达薛西年间,以斯拉巴比伦上到耶路撒冷以斯拉西莱雅的儿子,西莱雅亚撒利雅的儿子,亚撒利雅希勒迦的儿子, 2希勒迦沙龙的儿子,沙龙撒督的儿子,撒督亚希突的儿子, 3亚希突亚玛利雅的儿子,亚玛利雅亚撒利雅的儿子,亚撒利雅米拉约的儿子, 4米拉约西拉希雅的儿子,西拉希雅乌西的儿子,乌西布基的儿子, 5布基亚比书的儿子,亚比书非尼哈的儿子,非尼哈以利亚撒的儿子,以利亚撒是大祭司亚伦的儿子。 6以斯拉是位律法教师,精通以色列的上帝耶和华赐下的摩西律法。他的上帝耶和华帮助他,使王批准他的一切要求。

7亚达薛西王第七年,一些以色列人、祭司、利未人、歌乐手、殿门守卫和殿役来到耶路撒冷8-9这年一月一日,以斯拉巴比伦启程去耶路撒冷,五月一日就到达那里,因为他的上帝施恩帮助他。 10以斯拉定意研读、遵行耶和华的律法,并在以色列教导律例和典章。

亚达薛西王给以斯拉的谕旨

11以斯拉是祭司和律法教师,精通耶和华赐给以色列的诫命和律例。亚达薛西王降旨给以斯拉,内容如下:

12“王中之王亚达薛西降旨给精通天上上帝律法的教师以斯拉祭司,愿你平安!

13“我现在降旨,我国中的以色列人、祭司和利未人,凡愿意上耶路撒冷的都可以与你同去。 14我和七位谋士派你去按照你手中上帝的律法察看犹大耶路撒冷的情况, 15并带去我和谋士们自愿献的金银,献给住在耶路撒冷以色列的上帝, 16还要带去你在巴比伦省得到的金银,以及民众和祭司为耶路撒冷的上帝之殿自愿奉献的祭物。 17你一定要用这些金银购买公牛、公绵羊和绵羊羔,以及素祭和奠祭用品,把这一切献在耶路撒冷上帝殿的祭坛上。 18至于余下的金银,你和你的弟兄可以按你们上帝的心意妥善使用。 19那些交托给你、用来在你上帝的殿里敬拜的器皿,你要带到耶路撒冷的上帝面前。 20如果你们上帝的殿还需要什么,你可以从国库支取费用。

21“我亚达薛西王降旨给河西所有的财政大臣,精通天上上帝律法的律法教师以斯拉祭司无论向你们要什么,都要速速办理, 22可以给他银子三点四吨、麦子两万二千升、酒两千二百升、油两千二百升,盐可以随意取用。 23不论天上的上帝为祂的殿有何要求,都要认真办理,以免祂的烈怒临到王及众王子的国。 24我们也通知你们不可向这座上帝殿的祭司、利未人、歌乐手、殿门守卫、殿役或其他工人征收赋税。

25“你以斯拉要运用上帝赐给你的智慧委派官员和审判官,让他们治理河西省的人民,就是明白你上帝律法的人。你要教导那些不明白你上帝律法的人。 26凡不遵行你上帝的律法和王法的,要对他严加治罪,或处死,或发配,或抄家,或监禁。”

以斯拉赞美上帝

27以斯拉说:

“我们祖先的上帝耶和华当受赞美!因为祂使王有这样的心意尊崇耶路撒冷耶和华的殿。 28祂又在王及其谋士和所有权贵面前施恩于我。因为我的上帝耶和华帮助我,我便有勇气召集以色列的首领与我一同上去。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɛsra 7:1-28

Ɛsra Kɔ Yerusalem

1Persiahene Artasasta ahenni mu no, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Ɛsra. Na ɔyɛ Seraia babarima a ɔyɛ Asaria babarima, na ɔno nso yɛ Hilkia babarima 2na ɔno nso yɛ Salum babarima a ɔyɛ Sadok babarima a ɔyɛ Ahitub babarima 3na ɔno nso yɛ Amaria babarima a ɔyɛ Asaria babarima na ɔno nso yɛ Meraiot babarima 4a ɔyɛ Serahia babarima a ɔyɛ Usi babarima a ɔno nso yɛ Buki babarima 5a ɔno yɛ Abisua babarima, a ɔyɛ Pinehas babarima, a ɔno nso yɛ Eleasar babarima, a ɔyɛ Aaron a ɔyɛ ɔsɔfopanyin no babarima. 6Na saa Ɛsra yi yɛ mmara no kyerɛkyerɛfo a onim Mose mmara no a Awurade, Israel Nyankopɔn, de ama Israelfo no yiye. Ofi Babilonia baa Yerusalem na biribiara a obisaa ɔhene no ɔde maa no, efisɛ na Awurade nsa no wɔ ne so. 7Israelhene no ne asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo ne asɔredan mu asomfo ne no kɔɔ Yerusalem, ɔhene Artasasta ahenni mfe ason so.

8Saa afe no, Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) mu na Ɛsra kɔɔ Yerusalem. 9Ofii Babilonia Abib ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so awotwe, na ɔkɔɔ Yerusalem Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛto so anan. Na Onyankopɔn adom nsa wɔ ne so. 10Efisɛ na Ɛsra asi nʼadwene pi sɛ, obesua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfo saa mmara no.

11Na ɔhene Artasasta de krataa no sɛso ama ɔsɔfo Ɛsra, a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo a osuae, na ɔkyerɛɛ Israelfo Awurade mmara no. Ɔkyerɛw se:

12Me ahene mu hene Artasasta, nkyia a mede rekyia ɔsɔfo Ɛsra ne Awurade a ɔte ɔsorosoro no mmarakyerɛni no ni:

13Mahyɛ mmara sɛ, Israelni biara a ɔte mʼaheman mu a asɔfo ne Lewifo ka ho no nyinaa, mfi wɔn pɛ mu ne wo nkɔ Yerusalem. 14Me ne mʼagyinatufo baason no ahyɛ wo sɛ, gyina wo Nyankopɔn mmara a ɛhyɛ wo nsam no so yɛ nhwehwɛmu fa Yuda ne Yerusalem tebea ho. 15Fa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ bi a yɛde rema wo sɛ afɔre a yɛrebɔ ama Israel Nyankopɔn a ɔte Yerusalem no kɔ, 16na gye dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ biara a wubenya afi Babilonia ne nea wɔde bɛkyɛ wo biara afi ɔmanfo ne asɔfo nkyɛn a wɔde ama sɛ, wɔmfa nkɔ wɔn Nyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no kɔ. 17Saa akyɛde yi, nea ɛsɛ sɛ wɔde tɔ ara yɛ anantwinini, adwennini, nguantenmma ne atoko afɔrebɔde a ɛfata, ne nsa afɔrebɔde a wɔde ne nyinaa bɛbɔ afɔre wɔ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no afɔremuka so.

18Sika biara a ɛbɛka no, wo ne wo mfɛfo mfa nni dwuma biara a mugye di sɛ ɛyɛ mo Nyankopɔn pɛ. 19Na nkuku ne nkaka a yɛde rehyɛ wo nsa de adi mo Nyankopɔn asɔredan no ho dwuma no, fa ne nyinaa ma Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem no. 20Sɛ mo sika sa wɔ biribi a ɛho hia mo Onyankopɔn asɔredan ho anaa biribi a ɛte saa ho a, mummisa sika mfi adehye foto mu.

21Me ɔhene Artasasta, hyɛ mmara de kɔ agyapade akorae a ɛwɔ asu Efrate agya no sɛ: Biribiara a Ɛsra bisa no, momfa mma no, efisɛ ɔyɛ ɔsɔfo ne ɔsorosoro Nyankopɔn no mmara kyerɛkyerɛfo. 22Ɛsɛ sɛ moma no kosi dwetɛ nkaribo pɔn mpem ason ne ahannum, atoko susukoraa ahannum, nsa gyare ahannum aduonum, ngo gyare ahannum aduonum ne nkyene a wontumi mmu ano. 23Monhwɛ yiye, na biribiara a Onyankopɔn a ɔte ɔsorosoro no abisa ama nʼasɔredan no, momfa mmra. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn abufuw ba ɔhene ne ne mmabarima so? 24Mesan hyɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo, Lewini, nnwontofo, ɔpon ano hwɛfo, asɔredan mu somfo anaa obiara a ɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu no tua tow biara.

25Na wo Ɛsra, ɛsɛ sɛ wode nyansa a Onyankopɔn de ama wo no yi asennifo ne atemmufo a wonim mo Nyankopɔn mmara no, na wodi nnipa a wɔwɔ asu Eufrate agya no nyinaa so. Sɛ nnipa nnim saa mmara no a, ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn. 26Obiara a obebu mo Nyankopɔn, ne ɔhene mmara so no, wobekum no, wobetwa no asu, wɔbɛfa nʼagyapade anaa wɔde no bɛto afiase sɛ asotwe.7.26 7.21-26 Wɔkyerɛw saa ɔfa yi wɔ Arameike kasa a saa bere no na wɔde di dwuma no mu.

27Ayeyi nka Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔmaa ɔhene adwene sɛ onsiesie Awurade asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no. 28Na ayeyi nka no sɛ, ɔdaa ne dɔ kann adi kyerɛɛ me, hyɛɛ me anuonyam wɔ ɔhene, nʼagyinatufo ne nʼahenemma atumfo no anim. Ɛhyɛɛ me nkuran, efisɛ na Awurade, me Nyankopɔn, nsa wɔ me so. Na meboaboaa Israel ntuanofo no bi ano sɛ wɔnka me ho mma yɛnkɔ Yerusalem.