以斯帖记 7 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以斯帖记 7:1-10

哈曼被处死

1王带着哈曼去赴以斯帖王后的宴席。 2在这第二次宴会中,王在席间又问以斯帖:“以斯帖王后啊,你要什么?我必赐给你。你有何要求?就是半壁江山,也必为你成就。” 3以斯帖回答说:“我若得到王的恩宠,王若愿意,就请王把我的性命和我本族人的性命赐给我——这是我所求的。 4因为我和我本族的人都被卖了,我们将被铲除、杀光、灭尽。如果只是卖我们为奴为婢,我会闭口不语,因为那样的痛苦不值得来打扰王7:4 因为那样的痛苦不值得来打扰王”或译“但王的损失,敌人无法补偿”。。” 5亚哈随鲁王问以斯帖王后:“谁敢这样做?他在哪里?” 6以斯帖回答说:“敌人和仇家就是这恶人哈曼!”哈曼在王和王后面前十分惊恐。

7王大怒,离席去了御花园。哈曼见王定意要惩罚他,便留下来求以斯帖王后饶命。 8王从御花园回到席上,见哈曼伏在以斯帖所靠的榻上,便说:“他竟敢在宫中当着我的面侮辱王后吗?”王这话一出口,便有人蒙了哈曼的脸。 9服侍王的太监哈波拿说:“哈曼为那救驾有功的末底改做了一个二十三米高的木架,如今正立在哈曼家里。”王说:“把哈曼吊在上面!” 10于是,哈曼被吊在他为末底改预备的木架上,王的怒气这才平息。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɛster 7:1-10

Wokum Haman

1Enti ɔhene no ne Haman kɔɔ Ɔhemmea Ɛster aponto no ase. 2Wɔrenonom nsa saa da no, ɔhene no ka kyerɛɛ no bio se, “Ɔhemmea Ɛster, kyerɛ me nea wopɛ. Wʼabisade ne dɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman yi mu fa koraa a, mede bɛma wo!”

3Ɔhemmea Ɛster buae se, “Sɛ Ɔhempɔn ani gye me ho, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼabisade ma me a, mʼadesrɛ ara ne sɛ, obegyaa me nkwa ne me manfo nkwa mu ama yɛn. 4Efisɛ wɔatɔn me ne me manfo ama nnipa a wobekunkum yɛn, atɔre yɛn ase. Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa kɛkɛ mpo a, anka mɛtena dinn, efisɛ ɛno de, ɛyɛ asɛm ketewa bi a ɛho nhia sɛ wɔde kɔdan ɔhene.”

5Ɔhene Ahasweros bisae se, “Hena na ɔbɛyɛ saa? Na hena na obetumi de ne nsa aka wo?”

6Ɛster buae se, “Saa omumɔyɛfo ne ɔtamfo yi ne onimguasefo Haman.”

Ehu maa Haman ho popoo wɔ ɔhene ne ɔhemmea no anim. 7Ɔhene no de abufuw huruw gyinaa ne nan so, na ɔkɔɔ ahemfi hɔ turo mu. Na Haman kaa hɔ, guan toaa Ɔhemmea Ɛster sɛ ɔnsrɛ ne nkwa mma no, efisɛ na onim sɛ nʼawie adu.

8Ɔtew hwee Ɔhemmea Ɛster mpa a ɔrehome wɔ so no so. Ɛhɔ ara na ɔhene no nso fii ahemfi no turo mu hɔ bae.

Ɔhene no bobɔɔ mu se, “Hwɛ ɔrebɛboro ɔhemmea yi bere a ɔwɔ me nkyɛn wɔ fie ha nso?”

Ɔhene no kasa wiee ara pɛ, nʼasomfo no kataa Haman anim a ɛkyerɛ sɛ, nʼawie adu.7.8 Sɛ wɔkata obi ti so a na ɛkyerɛ sɛ wɔabu no kumfɔ. 9Na Harbona a ɔyɛ ɔhene no piamfo no mu baako kae se, “Haman asi dua a ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔson anum wɔ ɔno ara nʼadiwo. Na nʼadwene ne sɛ, ɔbɛsɛn Mordekai a ogyee ɔhene nkwa no wɔ so.”

Afei, ɔhene no kae se, “Monsɛn Haman wɔ so.” 10Enti wɔsɛn Haman wɔ dua no a osi maa Mordekai no so, maa ɔhene no bo dwoe.