以斯帖记 4 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以斯帖记 4:1-17

末底改求以斯帖帮忙

1末底改得知这事,就撕裂衣服,披上麻衣,头蒙灰尘,在城中行走,放声痛哭, 2一直走到宫门前才停住,因为穿麻衣的不可进宫门。 3王的命令和谕旨传到各省,各地的犹太人极其悲伤,他们禁食、哭泣、哀号,许多人身披麻衣躺在灰中。

4以斯帖王后的宫女和太监把这事禀告她,她非常难过,便为末底改送去衣服,让他换下麻衣,他却不肯接受。 5于是,以斯帖把王派来服侍她的一个名叫哈他革的太监召来,叫他去见末底改,查明事情的原委。 6哈他革就到宫门前的广场见末底改7末底改便将自己的遭遇及哈曼为灭绝犹太人而捐入国库的银子数目都告诉了他。 8末底改还把一份在书珊城颁布的要消灭犹太人的谕旨抄本交给哈他革,让他给以斯帖看,并嘱咐她去见王,为自己的同胞向王求情。 9哈他革回去把末底改的话告诉以斯帖10以斯帖便吩咐哈他革回复末底改说: 11“王的所有臣仆和各省人民都知道有一条法令,不论男女,未蒙宣召擅入内院去见王的必被处死,除非王向他伸出金杖,他才能活命。现在我已有三十天未蒙王召见了。”

12末底改听到以斯帖捎来的话后, 13便回复她说:“你别以为在宫里就比其他犹太人安全。 14如果此时你闭口不语,犹太人必从别处得解脱,蒙拯救,但你和你父亲一家必灭亡。谁知道你得了王后之位不是为了今日之时呢?”

15以斯帖派人回复末底改说: 16“你去召集书珊城所有的犹太人为我禁食,三天三夜不吃不喝,我和我的宫女也要这样禁食。然后,我要违例去见王,我若死就死吧。”

17于是,末底改便去照以斯帖的一切吩咐行事。

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛster 4:1-17

Mordekai Pɛ Ɛster Mmoa

1Ɛberɛ a Mordekai hunuu asɛm a asi no, ɔtetee ne ntadeɛ mu, hyɛɛ ayitadeɛ, de nsõ huraa ne ho, de agyaadwoɔ denden faa kuropɔn no mu. 2Ɔgyinaa ahemfie no ɛpono akyi, ɛfiri sɛ wɔmma obi a ɔhyɛ ayitadeɛ no nkɔ mu. 3Na ɛberɛ a ɔhene no mmara no duruu amantam no nyinaa so no, na ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ wɔ Yudafoɔ no mu. Wɔdii mmuada, suiɛ, twaa agyaadwoɔ a wɔn mu bebree hyehyɛ ayitadeɛ de nsõ ahura wɔn ho.

4Ɛberɛ a ɔhemmaa Ɛster mmaawa ne nʼapiafoɔ bɛkaa Mordekai ho asɛm kyerɛɛ no no, ɛhaa no yie. Ɔbrɛɛ no ntadeɛ sɛ ɔmfa nsi ayitadeɛ no anan nanso, ɔpoeɛ. 5Na Ɛster soma ma wɔkɔfrɛɛ Hatak a ɔyɛ ɔhene apiafoɔ no mu baako a wɔayi no sɛ ne ɔsomfoɔ. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ Mordekai nkyɛn nkɔbisa no deɛ ɛreha no, ne deɛ enti a ɔretwa agyaadwoɔ saa.

6Enti, Hatak kɔɔ Mordekai nkyɛn wɔ adwaberem a ɛwɔ ahemfie no ɛpono ano. 7Mordekai kaa asɛm no nyinaa kyerɛɛ no, kaa sika a Haman ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛgu adehyeɛ fotoɔ no mu, nam so de atɔre Yudafoɔ no ase. 8Mordekai de mmara no sɛso a wɔyii no Susa a ɛkyerɛ sɛ wɔnkum Yudafoɔ nyinaa no baeɛ, na ɔde maa Hatak sɛ ɔmfa nkɔma Ɛster. Ɔsane frɛɛ Hatak sɛ ɔnkyerɛ mu nkyerɛ Ɛster, na ɔnsrɛ no sɛ, ɔnkɔ ɔhene no nkyɛn nkɔsrɛ no ahummɔborɔ, na ɔnka bi mma ne nkurɔfoɔ.

9Enti, Hatak sane kɔɔ Ɛster nkyɛn kɔkaa Mordekai nkra no. 10Ɛster ka kyerɛɛ Hatak sɛ, ɔnsane mfa nkra nkɔma Mordekai sɛ, 11“Ewiase nyinaa nim sɛ, obiara a wobɛkɔ ɔhene anim wɔ nʼasɛnnipiamu a wɔntoo nsa mfrɛɛ wo no, owuo na wobɛwuo gye sɛ, ɔde ne sika ahempoma no kyerɛ wo so. Na ɛbɛyɛ bosome nie no, ɔhene no nsomaa sɛ wɔmmɛfrɛ me.” 12Enti, Hatak de Ɛster nkra no kɔmaa Mordekai.

13Mordekai nso de saa mmuaeɛ yi maa Ɛster sɛ, “Ɛnsusu da biara da sɛ, sɛ wɔkunkum Yudafoɔ no nyinaa a, wobɛnya wo tiri adidi mu wɔ ahemfie hɔ. 14Na sɛ woyɛ komm wɔ ɛberɛ a ɛte sei mu a, Yudafoɔ no gyeɛ bɛtumi afiri baabi aba, nanso wo ne wʼabusuafoɔ bɛwuwu. Deɛ ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ wohunu sɛ, ɛberɛ a ɛte sɛɛ yi enti na wɔasi wo hemaa wɔ ahemfie.”

15Na Ɛster de mmuaeɛ yi kɔmaa Mordekai sɛ, 16“Kɔ na kɔboaboa Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no nyinaa ano ntɛm. Nnidi anaa nnom nnansa, anadwo anaa awia. Me ne me mmaawa nso bɛyɛ saa ara. Ɛwom sɛ, ɛtia mmara deɛ, nanso, mɛkɔ akɔhunu ɔhene no na sɛ, ɛsɛ sɛ mɛwu koraa a, mɛwu.”

17Enti, Mordekai kɔyɛɛ sɛdeɛ Ɛster ka kyerɛɛ no no.