以斯帖记 1 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以斯帖记 1:1-22

亚哈随鲁王大宴群臣

1亚哈随鲁在位期间,统治从印度古实的一百二十七个省。 2亚哈随鲁王在书珊城登基, 3他在执政第三年大宴群臣,波斯玛代的将领、各省的贵族和大臣都在场。 4整整一百八十天,他展示自己帝国的财富和王权的威荣。 5之后,他又一连七天在御花园宴请书珊城里所有的居民,无论尊卑。 6御花园里有白色的棉帐和蓝色的彩帐,用细麻绳和紫色绳系在大理石柱的银环上。有金银制成的床榻摆在各色斑岩、大理石、珍珠贝壳及其他贵重石头铺成的地上。 7饮酒用的是各式各样的金器皿,御酒大量供应,足显王的慷慨。 8喝酒有个规矩,不许勉强人,因为王吩咐过宫里所有的侍从,招待各人要随其所愿。 9瓦实提王后也在亚哈随鲁王的宫里设宴招待女宾。

瓦实提王后被废

10第七天,亚哈随鲁王喝得心中畅快,就吩咐在王身边服侍的米户幔比斯他哈波拿比革他亚拔他西达甲迦七位太监, 11去请瓦实提王后戴着后冠到王面前,向百姓和官员展现她的美貌,因为她非常美丽。 12瓦实提王后违抗太监所传的谕旨,拒绝前来,王非常生气,怒火中烧。

13王有事习惯征求通晓律例和法则之人的意见,于是他去问精通时务的哲士。 14那时,靠近王的有甲示拿示达押玛他他施斯米力玛西拿米姆干七位波斯玛代的大臣,他们常见王的面,在国中身居高位。 15王问他们:“瓦实提王后违抗太监所传的谕旨,按律该如何处置她?”

16米姆干当着王和大臣们的面说:“瓦实提王后不但冒犯了王,而且有害于举国的臣民。 17因为王后的事必传到所有妇女的耳中,致使她们藐视自己的丈夫,因为她们会说,‘亚哈随鲁王请瓦实提王后到他面前,她却不去。’ 18今天,波斯玛代的贵妇听到王后这事,也会如此对待王的大臣,藐视和恼怒之事必层出不穷。 19王若愿意,就请降旨不准瓦实提再到王面前,把她王后的位分赐给比她更好的女子,并将此谕旨写入波斯玛代的律法,永不更改。 20王的谕旨传遍王辽阔的国境后,所有的妇女,无论丈夫贵贱,都必尊重他们。”

21王和大臣们都赞同米姆干的建议,王便依照他的建议, 22用各省的文字和各族的语言写谕旨,通告各省,丈夫要做一家之主,说话有权柄。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɛster 1:1-22

Ɔhene Aponto

1Saa asɛm yi sii wɔ ɔhene Ahasweros a odii amantam ɔha aduonu ason so, fi India kosi Etiopia no bere so. 2Saa bere no na ɔte ahengua so wɔ Susa aban mu de di nʼahemman no so. 3Nʼahenni mfe abiɛsa so no, ɔtoo pon kɛse maa nʼahenemma ne ne mpanyimfo. Ɔtoo nsa frɛɛ asraafo mpanyimfo a wɔwɔ Media ne Persia nyinaa, ne atitiriw ne amantam mu mpanyimfo. 4Afahyɛ no dii asram asia, na ɔdaa nʼaheman mu sika mpempem ne emu anuonyam adi. 5Eyi nyinaa twaa mu no, ɔhene no too pon sononko bi maa ahemfi hɔ asomfo ne mpanyimfo no nyinaa, efi ɔkɛse so de kosi ɔketewa so. Edii nnanson, na wɔyɛɛ no wɔ Susa ahemfi adiwo turo mu. 6Wɔde ntama fɛfɛ hanahana fitaa ne tuntum a wɔanwen mu sensɛn adiwo hɔ. Na wɔde ahama kɔkɔɔ akyekyere ahyɛ dwetɛ nkaa a ɛhyehyɛ abohemaa afadum mu. Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkongua sisi abohemaa ne abohyɛn ne abobiri ne aboɔdemmo ahorow nsɛso so. 7Wɔde nsakuruwa a wɔadi ho adwinni ahorow papa bi somee, na adehyesa buu so wɔ hɔ, sɛnea ɔhene hyɛe no. 8Nhyehyɛe a na ɛwɔ nsanom no ho ara ne sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ obi ma ɔnom boro nea obetumi so. Nanso wɔn a wobetumi anom no de, wɔnom sɛnea wɔpɛ, efisɛ na ɔhene no aka akyerɛ ne fifo no se obiara betumi anom sɛnea ɔpɛ.

9Ɔhemmea Wasti too pon maa ahemfi mmea no saa bere koro no ara mu.

Wotu Ɔhemmea Wasti Ade So

10Afahyɛ no nnanson so a nsa afa ɔhene Ahasweros ani so kakra no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas a wɔyɛ piamfo baason a wɔhwɛ no no se 11wɔmfa ɔhemmea Wasti a ɔhyɛ ahemmea kyɛw no mmrɛ no. Na ɔpɛ sɛ mmarima nyinaa hwɛ nʼahoɔfɛ, efisɛ na ɔyɛ ɔbea hoɔfɛfo pa ara. 12Nanso wɔde ɔhene frɛtumi nkra kɔmaa ɔhemmea Wasti no, wamma. Eyi maa ɔhene ani bere yiye, maa abufuw hyɛɛ no ma.

13Esiane sɛ na ɛyɛ amanne sɛ ɔhene bebisa nʼafotufo a wonim Persia mmara ne nʼamanne ne nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ nti, ɔne wɔn a wɔte mmere ase 14na wɔbɛn ɔhene no sɛ Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, a wɔyɛ akunini baason a wofi Persia ne Media, na wɔyɛ ne nnamfo a wokura dibea akɛse wɔ ahemman no mu no kasae. 15Ɔhene no bisae se, “Dɛn na menyɛ ɔhemmea Wasti? Asotwe bɛn na mmara no kyerɛ sɛ wɔmfa mma ɔhemmea a mesomaa me piamfo sɛ wɔnkɔfrɛ no mmra na wamma no?”

16Na Memukan buaa ɔhene no ne ahenemma no se, “Ɛnyɛ ɔhene no nko na ɔhemmea Wasti afom, na wafom ɔpanyin biara ne ɔmanfo a wɔwɔ wʼahenni no mu no nyinaa. 17Sɛ mmea a wɔwɔ ɔman yi mu te sɛ ɔhemmea Wasti ankɔ ɔhene frɛ no a, wobefi ase atwiri wɔn kununom. 18Ansa na ade bɛkyɛ no, yɛn yerenom, wo mpanyimfo yerenom nyinaa bɛte nea ɔhemmea no yɛe, na wɔafi ase akasa wɔn kununom ɔkwan koro no ara so. Na ntwirii no ne abufuw no to rentwa da wɔ wʼaheman mu ha.

19“Enti sɛ ɔhene bɛpene so a, yesusuw sɛ, ebeye sɛ ɔhene bɛhyɛ mmara a wɔakyerɛw no Persiafo ne Mediafo mmara mu a wontumi nsakra mu. Ɛsɛ sɛ ɛhyɛ sɛ wɔmpam ɔhemmea Wasti mfi wʼani so, na wonsi ɔhemmea foforo a ɔsom bo kyɛn no. 20Sɛ wɔde saa mmara yi to gua ma obiara te wɔ wʼaheman kɛse yi mu a, mmea awarefo de obu a ɛsɛ na ɛfata bɛma wɔn kununom.”

21Ɔhene no ne nʼahenemma no faa Memukan afotu no sɛ ɛyɛ adwene pa, enti wodii so. 22Ɔkyerɛw nkrataa kɔɔ nʼaheman no mu mmaa nyinaa. Ɔkyerɛw ɔmantam biara wɔ ne kasa mu, sɛ ɔbarima biara nni ne fi so.