以弗所书 6 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以弗所书 6:1-24

父慈子孝

1你们为人子女的,要按主的旨意听从父母,这是理所当然的。 2因为第一条带着应许的诫命就是:“要孝敬父母, 3使你在世上蒙祝福、享长寿。” 4你们为人父母的不要激怒儿女,要照主的教导和警戒养育他们。

主仆之间

5你们做奴仆的,要战战兢兢、诚诚实实、怀着敬畏的心服从你们肉身的主人,就像服从基督一样。 6不要只做一些讨好人的表面工夫,要像基督的奴仆一样从心里遵行上帝的旨意。 7要甘心乐意地工作,像是在事奉主,不是在服侍人。 8要知道:不管是奴仆还是自由人,每个人所做的善事都会得到主的奖赏。 9你们做主人的也一样,要善待奴仆,不可威吓他们。要知道你们主仆同有一位在天上的主人,祂不偏待人。

上帝所赐的军装

10最后,你们要靠着主和祂的大能大力做刚强的人, 11要穿戴上帝所赐的全副军装,以便能够抵挡魔鬼的阴谋。 12因为我们争战的对象不是这世上的血肉之躯,而是在这黑暗世界执政的、掌权的、管辖的和天上属灵的邪恶势力。 13因此,你们要用上帝所赐的全副军装装备自己,好在邪恶的时代抵挡仇敌,到争战结束后依旧昂首挺立。 14务要站稳,用真理当作带子束腰,以公义当作护心镜遮胸, 15把和平的福音当作鞋子穿在脚上准备行动。 16此外,还要拿起信心的盾牌,好灭尽恶者一切的火箭。 17要戴上救恩的头盔,紧握圣灵的宝剑——上帝的话。 18要靠着圣灵随时多方祷告和祈求,警醒不怠地为众圣徒祷告。 19也请你们为我祷告,求上帝赐我口才,让我勇敢地把福音的奥秘讲解明白。 20我为传福音成了披枷带锁的使者。请你们为我祷告,使我能尽忠职守,放胆传福音。

问候

21至于我的近况,推基古会详细告诉各位。他是主内亲爱的弟兄和忠心的仆人。 22我特地派他去你们那里,好让你们知道我们的近况,并且叫他去安慰和鼓励你们。

23愿父上帝和主耶稣基督赐给各位弟兄姊妹平安、爱心和信心! 24愿所有忠贞地爱我们主耶稣基督的人都蒙恩典!

Akuapem Twi Contemporary Bible

Efesofo 6:1-24

Mma Ne Awofo

1Mma, muntie mo awofo asɛm wɔ Awurade mu efisɛ saa na eye. 2“Di wʼagya ne wo na ni,” eyi ne mmaransɛm a edi kan a bɔhyɛ ka ho, 3“na asi wo yiye na wo nna nso aware wɔ asase yi so.”

4Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw. Na mmom montetew wɔn wɔ Awurade nkyerɛkyerɛ mu.

Nkoa Ne Awuranom

5Nkoa, momfa obu ne osuro mfi koma pa mu nyɛ osetie mma mo honam fam wuranom, sɛnea mobɛyɛ osetie ama Kristo no ara. 6Monyɛ osetie mma wɔn, ɛnyɛ sɛ mobɛsɔ wɔn ani wɔ bere a wɔrehwɛ mo nko ara, na mmom monyɛ sɛ Kristo nkoa a mufi mo koma mu reyɛ Onyankopɔn apɛde. 7Momfa mo koma nyinaa nsom sɛnea moresom Awurade a ɛnyɛ nnipa, 8efisɛ munim sɛ adwuma pa biara a obi yɛ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfo anaa ɔde ne ho no, Awurade betua no so ka.

9Awuranom, saa ara na mo nso monyɛ mo asomfo. Munnyae wɔn ahunahuna efisɛ mo ne mo asomfo nyinaa wɔ owura baako a ɔwɔ ɔsoro; na ɔno de, ɔnhwɛ anim.

Nyankopɔn Akode

10Nea etwa to ne sɛ, monyɛ den wɔ ne tumi kɛse no mu. 11Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa na moatumi agyina ɔbonsam nhyehyɛe ano. 12Efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔ na anya. 13Eyi nti, monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na sɛ da bɔne no ba a moatumi agyina, na muwie biribiara a moagyina pintinn. 14Enti munnyina pintinn na momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo, 15na momfa Asɛmpa no asomdwoe no nhyehyɛ mo anan. 16Eyinom nyinaa akyi no, momfa gyidi kyɛm, nea mode bedum ɔbɔnefo bɛma a ɛredɛw no. 17Momfa nkwagye dade kyɛw ne Honhom no afoa a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm no.

18Mommɔ mpae mmere nyinaa mu wɔ Honhom mu, mpaebɔ ahorow ne nkotosrɛ mu. Eyi nti monna mo ho so, na mommɔ mpae mma ahotefo. 19Mommɔ mpae mma me nso na sɛ mibue mʼano a, wɔama me asɛm aka, na matumi akasa akokoduru so ada Asɛmpa no mu ahintasɛm adi. 20Mprempren meyɛ ho nanmusini a meda mpokyerɛ mu. Ɛno nti, mommɔ mpae mma me na matumi de akokoduru apae mu aka no sɛnea ɛsɛ sɛ meka no.

Nkradi

21Yɛn nua dɔfo Tihiko a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu somfo nokwafo no bɛka biribiara akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛnea me ho te ne dwuma a meredi. 22Eyi nti na meresoma no mo nkyɛn, ama moahu sɛnea yɛn ho te, na wahyɛ mo nkuran nso.

23Asomdwoe nka anuanom nyinaa, na Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma mo nokware dɔ.

24Onyankopɔn adom nka wɔn a wɔdɔ yɛn Awurade Yesu Kristo daa nyinaa no.