Chinese Contemporary Bible (Simplified)

马可福音 1

施洗者约翰预备道路

1有关上帝的儿子耶稣基督的福音是这样开始的。

以赛亚先知书上说:
“看啊,
我要差遣我的使者在你前面为你预备道路。
他在旷野大声呼喊,
‘预备主的道,
修直祂的路。’”

果然,约翰出现了,他在旷野劝人悔改,接受洗礼,使罪得到赦免。 犹太全境和耶路撒冷的居民都到约翰面前承认他们的罪,在约旦河里接受他的洗礼。

约翰身穿骆驼毛的衣服,腰束皮带,吃的是蝗虫和野蜜。 他传道说:“在我之后,有一位能力比我更大的要来,我连弯腰替祂解鞋带也不配。 我是用水给你们施洗,但祂要用圣灵给你们施洗。”

耶稣受洗

那时,耶稣从加利利的拿撒勒来约旦河接受约翰的洗礼。 10 耶稣从水中一上来,就看见天开了,圣灵好像鸽子一样降在祂身上, 11 从天上有声音说:“你是我的爱子,我甚喜悦你。”

耶稣受试探

12 圣灵随即催促祂到旷野。 13 祂在旷野受撒旦的试探四十天。祂与野兽在一起,有天使服侍祂。

呼召四渔夫

14 约翰被捕后,耶稣来到加利利宣讲上帝的福音,说: 15 “时候到了,上帝的国临近了,你们要悔改,相信福音。”

16 耶稣沿着加利利湖边走,看见两个渔夫——西门和他的弟弟安得烈正在湖上撒网捕鱼。 17 耶稣对他们说:“来跟从我!我要使你们成为得人的渔夫。” 18 他们立刻抛下渔网,跟从了耶稣。

19 耶稣往前走了不远,又看见西庇太的两个儿子雅各和约翰正在船上补网, 20 便立刻呼召他们。他们就辞别父亲和船上的工人,跟从了耶稣。

传道赶鬼

21 他们到了迦百农,耶稣在安息日去会堂里讲道。 22 那里的人都很吃惊,因为祂教导他们时像个有权柄的人,不像律法教师。 23 当时会堂里有一个被污鬼附身的人喊道: 24 “拿撒勒的耶稣啊,我们和你有什么关系?你是来毁灭我们吗?我知道你是谁,你是上帝的圣者!”

25 耶稣责备它说:“住口,从他身上出来!”

26 污鬼使那人抽搐了一阵,大叫一声,就出来了。 27 在场的人十分惊讶,彼此议论说:“这是怎么回事?真是充满权柄的新教导啊!竟然连污鬼都服从祂的命令。” 28 于是,耶稣的名声立刻传遍了整个加利利。

医病赶鬼

29 耶稣同雅各和约翰离开会堂,来到西门和安得烈家。 30 当时西门的岳母正发烧,躺在床上,他们立刻把这事告诉耶稣。 31 耶稣走到她的床边,拉着她的手扶她起来,她的烧立刻退了,便起来服侍他们。

32 日落之后,有人把病人和被鬼附身的人都带来见耶稣。 33 全城的人都聚在门前。 34 耶稣医好了许多患各种疾病的人,又赶出很多鬼。祂不准鬼说话,因为鬼认识祂。

在加利利传道

35 第二天清早,天还没亮,耶稣就起来独自走到旷野去祷告。 36 西门和同伴们四处寻找耶稣, 37 找到了,便对祂说:“大家都在找你呢!”

38 耶稣却回答说:“我们到附近的乡镇去吧,我也好在那里传道,因为我就是为这事来的。”

39 于是,耶稣走遍加利利,在各会堂传道,赶鬼。

治好麻风病人

40 有一次,一个患麻风病的人来到耶稣面前,跪下央求:“只要你肯,一定能使我洁净。”

41 耶稣动了慈心,就伸手摸他,说:“我肯,你洁净了吧!” 42 那人的麻风病立即消失了,他就洁净了。 43 耶稣让他回去并郑重地叮嘱: 44 “不要把这事告诉别人,要去让祭司察看你的身体,并照摩西的规定献祭,向众人证明你已经洁净了。”

45 但那人离开之后,却到处传扬这件事,以致耶稣无法再公开进城。祂只能待在城外的旷野,可是人们仍从各处来找祂。

Nkwa Asem

Marko 1

Yohane Osuboni asɛnka

1Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho mfitiase ni:

Odiyifo Yesaia nhoma no mu no, Onyankopɔn kae se, ɔbɛsoma ne Ba aba asase so. Nanso ɔbɔfo bi bedi n’anim a, ɔno na obesiesie kwan ama no.

Saa ɔbɔfo yi bɛtena sare so, na wateɛm se, “Munsiesie Awurade akwan. Obiara nsiesie ne ho mfa ntwɛn Awurade ba no.”

Saa ɔbɔfo no, ɔne Yohane Osuboni. Ɔtenaa sare so, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn se, wonnu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho, na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn de wɔn bɔne befiri wɔn. Nnipa fifi Yerusalem ne Yudea nkurow so kohuu Yohane, tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ asubɔnten Yordan mu. Na Yohane hyɛ atade a wɔde aboa nhoma na apam a aboa nhoma abɔso nso bɔ mu. N’aduan yɛ mmoadabi ne ɛwo. Ne nkyerɛkyerɛ no mu, ɔkae se, “Ɛrenkyɛ koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sen me a, ne mpaboa mpo ɛnsɛ sɛ mikita. Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Onyankopɔn Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!”

Yesu asubɔ ne ne sɔhwɛ

Da bi, Yesu fii Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu bae maa Yohane bɔɔ no asu wɔ asubɔnten Yordan mu. 10 Yesu fi nsu no mu sii koko so ara pɛ, ohui sɛ ɔsoro abue na Honhom Kronkron resian sɛ aborɔnoma aba ne so. Saa bere no ara mu, 11 ɛnne bi fi soro kae se, “Wone me dɔ Ba a wosɔ m’ani.”

12 Ɛhɔ ara, Honhom Kronkron de Yesu kɔɔ sare so. 13 Ɔtenaa hɔ adaduanan a, na obiara nka ne ho ka wuram mmoa nko ara. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe. Akyiri yi, abɔfo ba bɛsom no.

Asuafo baanan a wodi kan no frɛ

14 Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa Asɛmpa no wɔ hɔ.

15 Ɔkae se, “Bere no awie du! Onyankopɔn Ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene na munnye Asɛmpa no nni!”

16 Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau.

17 Yesu frɛɛ wɔn se, “Mummedi m’akyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifo.” 18 Ɛhɔ ara, wogyaw wɔn asau no guu hɔ bedii n’akyi.

19 Ɔkɔɔ n’anim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a, wɔfrɛ ɔbaako Yohane, ɛnna ɔbaako nso Yakobo, sɛ wɔte ɔkorow mu renwene wɔn asau. 20 Ɔfrɛɛ wɔn nso sɛ wommedi n’akyi. Ntɛm ara, wogyaw wɔn agya Sebedeo ne n’apaafo hɔ wɔ ɔkorow no mu bedii n’akyi.

Yesu tu honhommɔne

21 Yesu ne n’akyidifo yi beduu Kapernaum. Na Homeda dui no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa Asɛmpa no. 22 Nnipa no tee asɛm no no, wɔn ho dwiriw wɔn, efisɛ, ɔkasae te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ mmara no akyerɛkyerɛfo no.

23 Amonom hɔ ara, ɔbarima bi a honhommɔne bi hyɛ ne mu de nteɛteɛm puee wɔ Asɔredan mu hɔ se, 24 “Dɛn na wo Nasaretni Yesu wɔ ne yɛn yɛ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Minim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no!”

25 Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no se, “Mua w’ano! Fi ne mu kɔ!” 26 Honhommɔne no wosow saa ɔbarima no ma ɔteɛteɛɛm dennen na etu kɔe. 27 Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Nkyerɛkyerɛ foforo bɛn ni? Ahonhommɔne mpo tie ne nne!”

28 Saa anwonwade a ɔyɛɛ yi ho asɛm trɛw faa Galileaman mu nyinaa.

Yesu sa nyarewa

29 Wofi asɔredan no mu no, ɔne n’asuafo no kɔɔ Simon ne Andrea fi. 30 Wɔkɔtoo sɛ atiridii abɔ Simon asebea ma ɔda hɔ. 31 Yesu kɔɔ faako a ɔda hɔ, kosoo ne nsa ma ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara, atiridii no tu fii ne so. Ɔsɔre noaa aduan maa wɔn.

32 Eduu anwummere no, nnipa no de ayarefo ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yare. 33 Nnipa bebree bɛboaa wɔn ho ano wɔ ofi no abobow ano, hwɛɛ nea ɛrekɔ so. 34 Saa anwummere no ara, Yesu saa ayarefo bebree yare.Otuu ahonhommɔne bebree nso. Nanso wamma ahonhommɔne no ankasa, efisɛ, na wonim no.

Yesu asɛnka wɔ Galilea

35 Ade kyee anɔpatutuutu no, Yesu nko ara kɔɔ sare so kɔbɔɔ mpae.

36 Akyiri yi, Simon ne ebinom nso fii adi kɔhwehwɛɛ no, 37 na wohuu no no, wɔka kyerɛɛ no se, “Nnipa bebree rehwehwɛ wo.”

38 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkurow a aka no so, na mekɔka m’asɛm kyerɛ wɔn, efisɛ, ɛno nti na mebae.”

39 Enti ɔkɔɔ Galileaman mu baabiara kɔkaa Asɛmpa no wɔ hyiadan mu, tuu ahonhommɔne bebree nso.

Yesu sa ɔkwatani bi yare

40 Ɔkwatani bi bɛkotow no srɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, sa me yare.”

41 Ɔkwatani no yɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kae se, “Mɛsa wo yare! Wo ho ntɔ wo!” 42 Amonom hɔ ara, kwata no fii ne ho maa ne ho tɔɔ no!

43 Yesu bɔɔ n’ano denneenen se, 44 “Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo. Sɛ worekɔ a, fa w’afɔrebɔde a Mose ahyɛ sɛ akwatafo a wɔasa wɔn yare mfa nka wɔn ho nkɔ no, ka wo ho kɔ sɛnea ɛbɛma obiara ahu sɛ, wo ho atɔ wo bio.”

45 Nanso ɔrekɔ no nyinaa, na ɔde nteɛteɛm rebɔ n’ayaresa no ho dawuru. Esiane eyi nti, sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm betwa ne ho hyia. Ɛno nti, afei baabiara a ɔbɛkɔ no, onyi ne ho adi. Enti ɔtenaa sare so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn wɔ hɔ.