1犹大王约坦、亚哈斯和希西迦执政期间,耶和华把祂的话传给了摩利沙人弥迦。他看到了有关撒玛利亚和耶路撒冷的异象。
审判将临
2万民啊,
你们都要听!
大地和地上的万物啊,
你们要侧耳倾听!
主耶和华从祂的圣殿里作证指控你们。
3看啊,耶和华离开祂的居所,
从天降临,
脚踏大地的高处。
4群山在祂脚下熔化,
犹如火中的蜡;
山谷崩裂,
岩石如水沿山坡倾泻。
5这一切都是因为雅各的叛逆,
以色列家的罪恶。
雅各的叛逆在哪里呢?
岂不是在撒玛利亚吗?
犹大的丘坛在哪里呢?
岂不是在耶路撒冷吗?
6“所以,我耶和华要使撒玛利亚沦为荒野的废墟,
成为种葡萄的地方。
我要把她的石头抛进山谷,
直到露出她的根基。
7她所有的神像都要被打碎,
她所得的淫资都要化为灰烬;
我要毁灭她的一切偶像。
她以淫资得来的偶像,
也要被用作妓女的淫资。”
先知的哀伤
8为此,我要痛哭哀号,
我要赤身光脚而行,
像豺狼哀嚎,
如鸵鸟悲鸣。
9因为撒玛利亚的创伤无法救治,
已经祸及犹大,
直逼我百姓的城门,直逼耶路撒冷。
10不要在迦特宣扬,
也不要哭泣,
要在伯·亚弗拉的灰尘中打滚。
11沙斐的居民啊,
你们将赤身露体,
被羞辱地掳去。
撒南的居民不敢出城,
伯·以薛在痛哭,
你们已失去它的庇护。
12玛律的居民痛苦不堪,
渴望得到拯救,
因为耶和华已把灾难降到耶路撒冷的城门。
13拉吉的居民啊,
用骏马套车逃命吧!
是你们首先唆使锡安城犯罪,
在你们身上看到了以色列的罪恶。
14去向摩利设·迦特赠送告别礼物吧!
亚革悉人必令以色列诸王受骗上当。
15玛利沙的居民啊,
我要使征服者到你们那里。
以色列的领袖1:15 “以色列的领袖”希伯来文是“以色列的荣耀”。要躲到亚杜兰。
16犹大人啊,你们要剃光头发,
为你们所爱的儿女悲伤;
要剃得如秃鹰一样光秃,
因为他们要被掳到远方。
1Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika1.1 Mika asekyerɛ ne “Hwan na ɔte sɛ Awurade.” Samaria ne Yerusalem: Saa nkuropɔn mmienu yi gyina hɔ ma Israel ne Yuda. Atemmuo a Mika hyɛɛ ho nkɔm no fa aman mmienu no ho na ɛmfa wɔn nkuropɔn no nko ho. ɛberɛ a na Yotam, Ahas ne Hesekia di adeɛ wɔ Yuda no. Anisoadehunu a ɔhunuiɛ fa Samaria ne Yerusalem ho.
2Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa,
montie, asase ne mo a mote so nyinaa.
Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo,
ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu.
Atemmuo A Ɛtia Samaria Ne Yerusalem
3Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba;
ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so.
4Mmepɔ nane wɔ nʼase,
mmɔnhwa mu paepae
te sɛ ama a aka ogya,
te sɛ nsuo a ɛsiane ɔherɛ so firi kokoɔ so.
5Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne,
ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti.
Yakob nnebɔne ne sɛn?
Ɛnyɛ Samaria anaa?
Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea?
Ɛnyɛ Yerusalem anaa?
6“Enti mɛyɛ Samaria kuro no mmubuiɛ sie,
baabi a wɔbɛyɛ bobe turo.
Mehwie nʼaboɔ agu bɔnhwa mu
ama ne fapem ho ada hɔ.
7Wɔbɛbubu nʼahoni nyinaa mu asinasini;
wɔde ogya bɛhyɛ nʼasɔredan mu ayɛyɛdeɛ nyinaa.
Mɛsɛe ne nsɛsodeɛ nyinaa.
Esiane sɛ nʼakyɛdeɛ a waboa ano no nyinaa
ɔnya firii adwamanfoɔ akatua mu no enti
wɔde bɛma adwamanfoɔ.”
Osu Ne Awerɛhoɔ
8Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ;
mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa.
Mɛpɔ so sɛ odompo
na masu sɛ ɔpatuo.
9Nʼapirakuro no wuo ayɛ den;
abɛduru Yuda.
Abɛduru me nkurɔfoɔ ɛpono ano
mpo aduru Yerusalem ankasa.
10Monnka no wɔ Gat
monnsu koraa
Mo a mowɔ Bet-Leafra deɛ
monyantam mfuturo mu.
11Monsene nkɔ adagya ne aniwuo mu,
mo a mote Safir.
Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue
Bet-Esel wɔ awerɛhoɔ mu;
ɛfiri sɛ, wo hɔ na ɔnya ne banbɔ.
12Wɔn a wɔte Marot de ɔyea nukanuka wɔ mu
de twɛn mmoa,
ɛfiri sɛ amanehunu a ɛfiri Awurade hɔ aba
abɛduru Yerusalem ɛpono ano.
13Mo a mote Lakis,
monsiesie nteaseɛnam no.
Mo ne bɔne farebae
ma Ɔbabaa Sion,
na modii Israel anim kɔɔ bɔne mu.
14Enti mode ntetemu akyɛdeɛ bɛma Moreset-Gat,
Aksib kuro bɛdaadaa Israel ahemfo.
15Mede nkonimdifoɔ bɛtoa mo
mo a mote Maresa.
Deɛ ɔyɛ Israel onimuonyamfoɔ no
bɛba Adulam.
16Monyi mo tirinwi mfa nni awerɛhoɔ,
wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho;
mommɔ tikwa te sɛ ɔpete,
ɛfiri sɛ, wɔbɛfa wɔn afiri mo nkyɛn
akɔ nnommumfa mu.