2 Летопись 20 – CARST & ASCB

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

2 Летопись 20:1-37

Поражение моавитян, аммонитян и жителей Сеира

1После этого моавитяне и аммонитяне с некоторыми из меунитян пришли, чтобы воевать с Иосафатом. 2Вестники пришли и доложили Иосафату:

– Из Эдома20:2 Или: «Сирии»., из-за Мёртвого моря, против тебя движется огромное войско. Они уже в Хацацон-Тамаре (то есть в Ен-Геди).

3Встревожившись, Иосафат решил вопросить Вечного и объявил по всей Иудее пост. 4Народ Иудеи собрался, чтобы искать помощи у Вечного, люди пришли из всех городов Иудеи, чтобы искать Его. 5Иосафат встал в собрании жителей Иудеи и Иерусалима в храме Вечного, перед новым двором, 6и сказал:

– Вечный, Бог наших предков, разве Ты не Бог, Который на небесах? Ты правишь всеми царствами народов. В Твоей руке власть и мощь, и никто не может противостоять Тебе. 7Бог наш, разве Ты не прогнал обитателей этой земли перед Твоим народом Исроилом и не отдал её навеки потомкам Иброхима, Твоего друга? 8Они жили в ней и построили в ней святилище для поклонения Тебе, говоря: 9«Если к нам придёт беда, будь то меч наказания, мор или голод, мы предстанем пред Тобою перед этим храмом, в котором Ты пребываешь, и воззовём к Тебе в нашем горе, и Ты услышишь и спасёшь нас».

10Но вот явились жители Аммона, Моава и горы Сеир, чьи земли Ты не позволил завоевать исроильтянам, когда они вышли из Египта, и они свернули в сторону от них и не погубили их. 11Взгляни же, чем они воздают нам, явившись, чтобы выгнать нас из наших владений, которые Ты дал нам в наследие. 12Бог наш, неужели Ты не осудишь их? Ведь у нас нет сил, чтобы противостоять этому огромному войску, которое идёт на нас. Мы не знаем, что нам делать, но глаза наши устремлены на Тебя.

13Все мужчины Иудеи со своими жёнами, младенцами и старшими детьми предстали там пред Вечным. 14И Дух Вечного сошёл на Иахазиила, когда тот стоял в собрании. Иахазиил был сыном Закарии. Закария был сыном Бенаи. Беная был сыном Иеила. Иеил был сыном Маттании, левита и потомка Ософа. 15Иахазиил сказал:

– Слушайте, все жители Иудеи и Иерусалима и царь Иосафат! Так говорит вам Вечный: «Не бойтесь и не ужасайтесь из-за этого огромного войска. Ведь битва эта не ваша, а Всевышнего. 16Выступайте завтра против этих людей. Они будут подниматься по перевалу Циц, и вы найдёте их в конце долины перед пустыней Иеруил. 17Не вам биться в этом сражении. Вы лишь встаньте, стойте и смотрите на спасение Вечного, которое Он даст вам, Иудея с Иерусалимом. Не бойтесь, не ужасайтесь. Выходите завтра навстречу этим людям, и Вечный будет с вами».

18Иосафат поклонился лицом до земли, и все жители Иудеи и Иерусалима пали на колени перед Вечным, чтобы поклониться Ему. 19И некоторые левиты из каафитов и корахитов встали, чтобы во весь голос славить Вечного, Бога Исроила.

20Ранним утром войско Иосафата тронулось в путь к пустыне Текоа. Когда они выходили, Иосафат встал и сказал:

– Слушайте меня, Иудея с Иерусалимом! Верьте Вечному, вашему Богу, и вы будете непоколебимы, верьте Его пророкам, и вам будет сопутствовать успех.

21Посоветовавшись с народом, Иосафат назначил людей, которые должны были петь для Вечного и славить великолепие Его святости20:21 Или: «славить Его в святом облачении»; или: «славить Его в великолепном святилище»., идя во главе войска и говоря:

– Славьте Вечного,

потому что милость Его – навеки!

22Когда они начали петь и славить, Вечный возбудил вражду между моавитянами, аммонитянами и жителями горы Сеир, которые вторглись в Иудею, и те были разгромлены. 23Аммонитяне и моавитяне напали на жителей горы Сеир, чтобы губить и уничтожать их, а покончив с жителями Сеира, принялись убивать друг друга.

24Когда народ Иудеи добрался до сторожевой башни над пустыней и взглянул на огромное войско, они увидели только мёртвые тела, лежавшие на земле: никто не уцелел. 25Когда Иосафат со своими людьми пришли, чтобы забрать у них свою добычу, они нашли у них много добра, одежды и дорогих вещей – больше, чем могли унести. Добычи было так много, что им пришлось собирать её три дня. 26На четвёртый день они собрались в долине Бераха, где прославляли Вечного. Вот почему до сегодняшнего дня она называется долиной Бераха («благословение»).

27Затем под предводительством Иосафата все мужчины Иудеи и Иерусалима с радостью вернулись в Иерусалим, потому что Вечный дал им повод возрадоваться над своими врагами. 28Они вступили в Иерусалим и пошли к храму Вечного с лирами, арфами и трубами.

29Страх перед Всевышним напал на все царства окружающих земель, когда они услышали, как Вечный сразился с врагами Исроила. 30И в царстве Иосафата был мир, потому что Вечный даровал ему покой со всех сторон.

Конец правления Иосафата

(3 Цар. 22:41-50)

31Так Иосафат правил Иудеей. Ему было тридцать пять лет, когда он стал царём, и правил он в Иерусалиме двадцать пять лет. Его мать звали Азува, она была дочерью Шилхи. 32Он ходил путями своего отца Осо и не уклонялся от них, делая то, что было правильным в глазах Вечного. 33Но святилища на возвышенностях не были уничтожены, и народ всё ещё не обратил своё сердце к Богу их предков.

34Прочие события царствования Иосафата, от первых до последних, записаны в «Летописях Иеву, сына Ханани», которые включены в «Книгу царей Исроила».

35Впоследствии Иосафат, царь Иудеи, заключил договор с Охозией, царём Исроила, который творил беззакония. 36Он договорился с ним построить флотилию торговых кораблей20:36 Букв.: «кораблей, могущих ходить в Фарсис».. Когда они были построены в Эцион-Гевере, 37Элиезер, сын Додавагу из Мареши, изрёк пророчество против Иосафата, сказав:

– Раз ты заключил договор с Охозией, Вечный разрушит то, что ты построил.

Корабли разбились и не смогли отплыть для торговли20:37 Или: «отплыть в Фарсис»..

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 20:1-37

Yehosafat Nkonimdie

1Yei akyi no, Moabfoɔ, Amonfoɔ ne Maonfoɔ asraafoɔ bi tuu Yehosafat so sa. 2Abɔfoɔ bɛka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Akodɔm bebree firi Nkyene Po no akyi wɔ Edom rebɛko atia wo. Wɔaduru Hasason-Tamar” (En-Gedi din baako ne no). 3Yehosafat tee saa asɛm yi, ne ho yeraa no enti, ɔbisaa Awurade akwankyerɛ. Ɔhyɛɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yuda no nni abuada. 4Na nnipa a wɔwɔ Yuda nkuro nyinaa so baa Yerusalem, bɛhwehwɛɛ Awurade.

5Na Yehosafat sɔre gyinaa Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ anim wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ foforɔ hɔ. 6Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ,

“Ao Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn, wo nko ne Onyankopɔn a wote soro. Wo na wodi ahennie a ɛwɔ asase nyinaa so. Woyɛ otumfoɔ ne ɔkɛseɛ a obiara ntumi ne wo nni asie. 7Ao yɛn Onyankopɔn, ɛberɛ a wo nkurɔfoɔ bɛduruiɛ no, woampam wɔn a na wɔte asase yi so no anaa? Na woamfa saa asase yi amma wʼadamfo Abraham asefoɔ afebɔɔ anaa? 8Wo nkurɔfoɔ tenaa ha sii saa Asɔredan yi maa wo. 9Wɔkaa sɛ, ‘Sɛ ɔhaw bi te sɛ ɔko, yadeɛ anaa ɛkɔm bi to yɛn a, yɛbɛtumi aba wʼanim wɔ saa Asɔredan yi mu, baabi a wɔahyɛ wo din animuonyam no. Yɛbɛtumi asu afrɛ wo sɛ, gye yɛn nkwa, na wobɛtie yɛn, agye yɛn.’

10“Na afei, hwɛ deɛ Amonfoɔ, Moabfoɔ ne Seir akodɔm reyɛ. Woamma yɛn agyanom anni saa aman no so nkonim wɔ ɛberɛ a Israel firii Misraim no, na mmom, wɔfaa wɔn ho a wɔansɛe wɔn. 11Afei, hwɛ sɛdeɛ wɔretua yɛn so ka. Wɔaba sɛ, wɔrebɛtu yɛn afiri wʼasase a wode maa yɛn sɛ agyapadeɛ no so. 12Ao yɛn Onyankopɔn, worensi wɔn ano? Yɛnni ahoɔden sɛ akodɔm kɛseɛ yi a wɔpɛ sɛ wɔbɛto hyɛ yɛn so yi. Yɛnhunu deɛ yɛnyɛ, na yɛhwɛ ɛkwan sɛ wobɛboa yɛn.”

13Ɛberɛ a Yuda mmarima nyinaa ne wɔn nkɔkoaa, wɔn yerenom ne wɔn mma gyina Awurade anim no,

14Awurade Honhom baa mmarima a wɔgyinagyina hɔ no mu baako so. Na ne din de Yahasiel a ɔyɛ Sakaria babarima a ɔno nso yɛ Benaia babarima, na ɔno nso yɛ Yeiel babarima, na ɔno nso yɛ Lewini Matania, a ɔyɛ Asaf aseni no babarima.

15Ɔkaa sɛ, “Ɔhene Yehosafat, tie! Mo Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ nyinaa, montie! Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Monnsuro. Mommma akodɔm kɛseɛ nntu mo akoma, ɛfiri sɛ, ɔko no nnyɛ mo dea, na ɛyɛ Onyankopɔn dea. 16Ɔkyena, montu ntene nkɔ wɔn so. Mobɛhunu sɛ wɔfiri Sis aforoeɛ a ɛwɔ bɔnhwa no fa a ɛpue Yeruel ɛserɛ no so hɔ reba. 17Na ɛho nhia mpo sɛ mobɛko. Monnyinagyina mo afa, monyɛ dinn na monhwɛ Awurade nkonimdie. Ɔka mo ho, Yuda ne Yerusalem manfoɔ. Monnsuro, na mommma mo akoma nntu. Ɔkyena, monkɔ hɔ, na Awurade ka mo ho.”

18Na ɔhene Yehosafat sii ne tiri ase, na Yuda ne Yerusalem manfoɔ no nyinaa nso yɛɛ saa, de somm Awurade. 19Na Lewifoɔ a wɔfiri Kohat ne Kora mmusua mu sɔre gyinaeɛ teaam denden sɔree Awurade, Israel Onyankopɔn.

20Adeɛ kyee nʼanɔpahema no, Yuda akodɔm no kɔɔ Tekoa ɛserɛ so. Ɛberɛ a wɔrekɔ no, Yehosafat gyina kaa sɛ, “Montie me, mo Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ nyinaa. Monnye Awurade, mo Onyankopɔn, nni na mobɛtumi agyina pintinn. Monnye nʼadiyifoɔ no nni, na mobɛdi nkonim.” 21Ɔhene no ne nnipa no ntuanofoɔ dii nkutaho wieeɛ no, ɔyii nnwomtofoɔ bi sɛ wɔnni akodɔm no anim, nto dwom mma Awurade, nkamfo no wɔ nʼanimuonyam kronkron no enti. Ɛdwom no mu nsɛm nie:

“Monna Awurade ase

na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!”

22Ɛberɛ a wɔpagyaa ayɛyi dwom no, Awurade maa Amon, Moab ne bepɔ Seir asraafoɔ no twaa wɔn ho koeɛ. 23Moab ne Amon asraafoɔ no danee wɔn ani kyerɛɛ wɔn adɔmfoɔ a wɔfiri bepɔ Seir so no, kunkumm wɔn nyinaa. Wɔwiee Seir asraafoɔ no, wɔtwaa wɔn ho koeɛ.

24Na Yuda akodɔm no duruu baabi a wɔgyina a wɔhunu ɛserɛ no so no, wɔhunuu sɛ afunu gugu fam kɔ akyiri. Atamfoɔ no mu baako mpo antumi annwane. 25Ɔhene Yehosafat ne nʼakodɔm kɔtasee asadeɛ. Wɔnyaa adwumayɛ nneɛma, ntadeɛ ne nneɛma a ɛsom bo a wɔntumi nsoa. Na asadeɛ no dɔɔso enti wɔde nnansa na ɛtasee ne nyinaa. 26Nnanan so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ Nhyira Bɔnhwa mu. Wɔtoo bɔnhwa no din saa da no, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na nnipa no kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔda so frɛ no Nhyira Bɔnhwa ɛnnɛ yi.

27Afei, Yehosafat dii wɔn anim ne wɔn sane kɔɔ Yerusalem anigyeɛ so sɛ, Awurade ama wɔadi wɔn atamfoɔ so nkonim. 28Wɔbɔɔ mmɛnta, asankuten ne ntotorobɛnto tuu nten kɔhyɛnee Yerusalem na wɔkɔɔ Awurade Asɔredan no mu.

29Ɛberɛ a ahennie a atwa hɔ ahyia no tee sɛ Awurade no ankasa ako atia Israel atamfoɔ no, Awurade ho suro baa wɔn so. 30Na ɛmaa asomdwoeɛ baa Yehosafat ahennie mu, ɛfiri sɛ, ne Onyankopɔn maa no ahomegyeɛ wɔ afanan nyinaa.

Yehosafat Ahennie Tiawatwa

31Na Yehosafat dii ɔhene wɔ Yuda asase so. Ɛberɛ a ɔdii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduasa enum. Ɔtenaa Yerusalem dii ɔhene mfeɛ aduonu enum. Na ne maame din de Asuba a ɔyɛ Silhi babaa. 32Na Yehosafat yɛ ɔhene a ɔyɛ. Ɔyɛɛ deɛ nʼagya Asa yɛeɛ. Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani. 33Nanso, nʼahennie mu no, wammubu abosonsomfoɔ asɔreeɛ no, na ɔmanfoɔ no nso amfa wɔn akoma nyinaa amma wɔn agyanom Onyankopɔn no.

34Yehosafat ahennie ho nsɛm nkaeɛ, firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Hanani babarima Yehu nwoma a wɔde aka Israel Ahemfo nwoma no ho.

35Nanso, ɛrekɔ nʼasetena awieeɛ no, ɔhene Yehosafat ne Israelhene Ahasia a ne tirim yɛ den no kaa wɔn ho bɔɔ mu. 36Wɔyɛɛ ɛpo so adwadie ahyɛn bebree wɔ Esion-Geber hyɛngyinabea. 37Na Dodafahu babarima Elieser a ɔfiri Maresa hyɛɛ nkɔm, de tiaa Yehosafat. Ɔkaa sɛ, “Esiane sɛ wo ne ɔhene Ahasia ayɛ baako enti, Awurade bɛsɛe wʼadwuma.” Enti, ahyɛn no bobɔeɛ a wɔantumi amfa ankɔdi dwa.