Числа 16 – CARST & ASCB

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Числа 16:1-50

Корах, Датан и Авирам восстают против Мусо

1Корах, сын Ицхара, внук Каафа, правнук Леви, и рувимиты – Датан и Авирам, сыновья Элиава, и Авнан, сын Пелета, составили заговор 2и восстали против Мусо. С ними были двести пятьдесят исроильтян, вождей народа, прославленной среди народа знати. 3Они собрались против Мусо и Хоруна и сказали им:

– Вы зашли слишком далеко! Все в народе святы, каждый из них, и Вечный пребывает с ними. Почему же вы ставите себя выше всего народа Вечного?

4Услышав это, Мусо пал лицом на землю. 5Он сказал Кораху и его сообщникам:

– Завтра утром Вечный покажет, кто принадлежит Ему, кто свят и кому будет дано приближаться к Нему. Кого Он изберёт, тому и будет дано приближаться к Нему. 6Ты, Корах, и твои сообщники сделайте вот что: возьмите сосуды для возжигания благовоний 7и завтра положите в них горящие угли, а на них положите перед Вечным благовония. Кого Вечный изберёт, тот и будет свят. Вы, левиты, зашли слишком далеко!

8Мусо сказал Кораху:

– Послушайте, левиты! 9Разве не достаточно вам того, что Бог Исроила отделил вас от народа Исроила и приблизил к Себе, чтобы вы работали при священном шатре Вечного, стояли перед обществом и служили ему? 10Он приблизил к Себе вас и ваших собратьев левитов, но вы пытаетесь получить и священство. 11Вы и ваши сообщники ополчились против Вечного. Ведь кто такой Хорун, чтобы вам роптать на него?

12Мусо призвал Датана и Авирама, сыновей Элиава. Но они сказали:

– Мы не придём! 13Разве не достаточно, что ты вывел нас из земли, где течёт молоко и мёд, чтобы убить в пустыне? А теперь ты хочешь ещё и властвовать над нами? 14Ты не привёл нас в землю, где течёт молоко и мёд, и не дал нам поля и виноградники. Хочешь запорошить этим людям глаза? Мы не придём!

15Мусо сильно разгневался и сказал Вечному:

– Не принимай их приношений. Я не брал у них даже осла и никому из них не причинил зла.

16Мусо сказал Кораху:

– Что до тебя с твоими сообщниками, предстаньте завтра перед Вечным: ты, они и Хорун. 17Пусть каждый возьмёт свой сосуд, положит в него благовония и принесёт его Вечному – всего двести пятьдесят сосудов. Ты и Хорун тоже принесите каждый свой сосуд.

18Каждый взял сосуд, положил в него горящие угли, а на них – благовония, и встал с Мусо и Хоруном у входа в шатёр встречи. 19Когда Корах собрал против них всех сообщников к входу в шатёр встречи, слава Вечного явилась всему народу. 20Вечный сказал Мусо и Хоруну:

21– Отделитесь от этого народа, чтобы Я уничтожил их в одно мгновение.

22Но Мусо и Хорун пали лицом на землю и сказали:

– Всевышний, Бог духов всякой плоти, неужели Ты прогневаешься на весь народ, когда согрешит один?

Наказание Кораха, Датана и Авирама

23Тогда Вечный сказал Мусо:

24– Скажи народу: «Отойдите от жилищ Кораха, Датана и Авирама».

25Мусо встал и пошёл к Датану и Авираму, а старейшины Исроила пошли за ним. 26Он предупредил народ:

– Отойдите от шатров этих нечестивцев! Не трогайте ничего из их пожитков, иначе вы погибнете из-за их грехов.

27Они отошли от жилищ Кораха, Датана и Авирама. Датан и Авирам вышли и стояли с жёнами, сыновьями и маленькими детьми у входов в свои шатры.

28И Мусо сказал:

– Вот как вы узнаете, что Вечный послал меня сделать всё это, и что я делаю это не по своей воле: 29если они умрут обычной смертью и участь их будет подобна участи всех людей, то Вечный меня не посылал. 30Но если Вечный сотворит небывалое, если под ними разверзнется земля и поглотит их со всем их добром, и они живыми сойдут в мир мёртвых, то вы поймёте, что эти люди презирали Вечного.

31Едва он окончил говорить это, земля под ними разошлась. 32Земля разверзлась и поглотила их и их сородичей – всех людей Кораха со всем их имуществом. 33Они живыми сошли в мир мёртвых, со всем своим добром; земля сомкнулась над ними, и они сгинули из среды народа. 34Под их крики исроильтяне, которые были вокруг, разбежались, крича: «Земля хочет поглотить и нас!»

35Вечный послал огонь и сжёг двести пятьдесят человек, которые приносили благовония.

36Вечный сказал Мусо:

37– Вели Элеазару, сыну священнослужителя Хоруна, собрать сосуды среди сожжённых останков и разбросать из них угли, потому что они святы, – 38это сосуды грешников, которые поплатились жизнью. Расплющь сосуды в листы, чтобы покрыть ими жертвенник, так как их принесли Вечному, и они стали освящёнными. Пусть они будут для исроильтян предостережением.

39Священнослужитель Элеазар собрал бронзовые сосуды, принесённые сожжёнными, и их расплющили, чтобы покрыть жертвенник, 40как повелел ему через Мусо Вечный. Таково было напоминание исроильтянам, что никому, кроме потомка Хоруна, нельзя приходить, чтобы возжигать благовония перед Вечным, чтобы не разделить участь Кораха и его сообщников.

Мусо и Хорун заступаются за народ

41На другой день всё общество исроильтян роптало на Мусо и Хоруна. «Вы погубили народ Вечного», – говорили они. 42Но когда, собравшись против Мусо и Хоруна, народ повернулся к шатру встречи, его покрыло облако и явилась слава Вечного. 43Мусо и Хорун подошли к шатру встречи, 44и Вечный сказал Мусо:

45– Оставь этот народ, чтобы Я уничтожил их в одно мгновение.

Они пали лицом на землю.

46Мусо сказал Хоруну:

– Возьми сосуд, положи в него горящие угли с жертвенника и благовония и поспеши к народу, чтобы очистить его. Вечный разгневался; начался мор.

47Хорун сделал, как сказал ему Мусо, и поспешил к народу. Среди них уже начался мор, но Хорун возжёг благовония и очистил народ. 48Он встал между мёртвыми и живыми, и мор прекратился. 49Но четырнадцать тысяч семьсот человек умерло от мора, не считая тех, кто умер из-за Кораха. 50Хорун вернулся к Мусо к входу в шатёр встречи, потому что мор прекратился.

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 16:1-50

Kora Atuateɛ

1Ɛda koro bi Kora, Ishar a ɔyɛ Lewi babarima Kohat aseni ne Datan ne Abiram a wɔyɛ Eliab mmammarima ne On a ɔyɛ Pelet babarima a wɔn baasa no firi Ruben abusuakuo mu bɔɔ pɔ 2tiaa Mose. Na mpanimfoɔ atitire ahanu aduonum a wɔn nyinaa fra agyinatukuo no mu no ka ho. 3Wɔkɔɔ Mose ne Aaron hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ. “Mo ahomasoɔ no amee yɛn; monnyɛ kronn nsene obiara. Awurade na wayi obiara a ɔwɔ Israel ha na ɔka yɛn nyinaa ho. Adɛn enti na moma mo ho so sene obiara wɔ ɛberɛ a yɛn nyinaa yɛ Awurade mma?”

4Mose tee saa asɛm yi no, ɔde nʼanim butuu fam. 5Ɔka kyerɛɛ Kora ne wɔn a wɔka ne ho no sɛ, “Anɔpa, Awurade bɛkyerɛ mo wɔn a wɔyɛ ne dea ne deɛ ɔyɛ kronkron ne deɛ wɔayi no sɛ ne ɔsɔfoɔ. 6Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie: Wo, Kora, ne wɔn a wɔka wo ho, ɔkyena momfa aduhwamhyeɛ nkukuo 7na monhye aduhwam wɔ mu wɔ Awurade anim. Na yɛbɛhunu deɛ Awurade ayi no sɛ ne kronkronni. Afei deɛ, Lewifoɔ moayɛ ama aboro so.”

8Mose sane bisaa Kora sɛ, 9“Yi a Israel Onyankopɔn ayi wo afiri nnipa bebree mu ama woabɛn no pɛɛ no, a woyɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan mu adwuma, na wotumi gyina nnipa anim yɛ asɔfodwuma no yɛ wo ade kumaa? 10Ɛnyɛ wo anisɔ sɛ ɔde saa adwuma yi ahyɛ Lewifoɔ nko ara nsa? Afei deɛ, woagyina pintinn sɛ woregye asɔfodwuma no ayɛ? 11Deɛ worehwehwɛ ara ne no! Ɛno enti na woreyɛ dɔm atia Awurade. Na ɛdeɛn na Aaron ayɛ a wompɛ?”

12Afei Mose frɛɛ Eliab mmammarima Datan ne Abiram, nanso wɔankɔ. 13Wɔkaa sɛ, “Wosusu sɛ ɛyɛ asɛnketewa sɛ wode yɛn firi yɛn asase pa Misraim so de yɛn aba ɛserɛ so sɛ worebɛkum yɛn, na afei, wopɛ sɛ wodi yɛn so ɔhene? 14Afei, womfaa yɛn mmaa asase pa a wohyɛɛ yɛn ho bɔ no so, ɛnna nso wommaa yɛn asase biara a yɛnyɛ so adwuma. Hwan na worepɛ no abu no kwasea? Yɛremma”.

15Mose bo fuiɛ na ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Nnye wɔn afɔrebɔdeɛ biara! Menwiaa wɔn afunumu baako mpo na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.”

16Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ, “Ɔkyena wo ne wo nnamfonom nyinaa mmra Awurade anim wɔ ha. Aaron nso bɛba ha bi. 17Monkae na momfa mo aduhwamhyeɛ nkukuo a aduhwam gu so mmra. Obiara mfa aduhwamhyeɛ kukuo mmra. Ne nyinaa dodoɔ yɛ ahanu aduonum, na momfa mmrɛ Awurade. Na Aaron nso de ne deɛ bɛba ha bi.” 18Enti wɔyɛɛ saa. Wɔde wɔn aduhwamhyeɛ nkukuo baeɛ. Wɔsɔɔ ano de aduhwam guu so na wɔne Mose ne Aaron bɛgyinagyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. 19Na Kora ahwanyane ɔman no nyinaa atia Mose ne Aaron enti, na wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano rehwɛ. Afei, Awurade de animuonyam baa nnipa no nyinaa so 20na Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, 21“Montwe mo ho mfiri saa nnipa yi ho na manya ɛkwan asɛe wɔn ntɛm.”

22Nanso, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Awurade anim. Wɔsrɛɛ sɛ, “Ao, Onyankopɔn, amansan nyinaa Onyankopɔn, sɛ onipa baako yɛ bɔne a, na ɛsɛ sɛ wo bo fu nnipa no nyinaa?”

23Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 24“Ɛnneɛ ka kyerɛ nnipa no na wɔmfiri Kora, Datan ne Abiram ntomadan no mu.”

25Enti, Mose yɛɛ ntɛm kɔɔ Datan ne Abiram ntomadan no mu a Israel mpanimfoɔ ahanu aduonum di nʼakyi. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, 26“Ntɛm, momfiri saa nnipabɔnefoɔ yi ntomadan mu na mommfa mo nsa nka wɔn biribiara. Sɛ moyɛ saa a, wɔde mo bɛka wɔn bɔne a wɔayɛ no ho na wɔbɛsɛe mo ne wɔn nyinaa.” 27Enti, nnipa no firii Kora, Datan ne Abiram ntomadan no mu kɔgyinagyinaa akyire. Ɛnna Datan ne Abiram nso ne wɔn yerenom ne wɔn mma bɛgyinagyinaa wɔn ntomadan no akwan ano.

28Mose kaa sɛ, “Ɛnam yei so bɛma moahunu sɛ, Awurade na ɔsomaa me sɛ menyɛ deɛ mayɛ yi nyinaa. Ɛnyɛ me ara me tumi mu na mefiri yɛɛ saa. 29Sɛ owuo nko ara na ɛbɛto saa nnipa yi, anaa sɛ wɔhunu deɛ ɛtaa ba nnipa so nko ara a, na ɛnyɛ Awurade na wasoma me. 30Na sɛ Awurade nam anwanwakwan so pae asase mu ma emu bue na ɛmene wɔn ne wɔn ahodeɛ na sɛ wɔkɔ asamando anikann a, ɛbɛma moahunu sɛ, saa nnipa yi bu Awurade animtia.”

31Wankasa anwie koraa, asase a ɛwɔ wɔn ase no mu paee prɛko pɛ, 32na ɛmenee wɔn ne wɔn ntomadan, wɔn abusuafoɔ, wɔn nnamfonom a na wɔgyinagyina wɔn ho ne wɔn agyapadeɛ nyinaa. 33Enti, wɔwuraa asase mu anikann kɔɔ asamando na asase no sane ka too mu ma wɔyeraeɛ. 34Israelfoɔ nyinaa de nteateamu dwaneeɛ, ɛfiri sɛ, “Nna wɔsuro sɛ asase no bɛmene wɔn nso!”

35Afei, ogya firi Awurade nkyɛn bɛhyee nnipa ahanu aduonum a na wɔrehye aduhwam no nyinaa.

36Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 37“Ka kyerɛ ɔsɔfoɔ Aaron babarima Eleasa sɛ ɔnyi aduhwamhyeɛ nkukuo no mfiri ogya no mu, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron, na ɔnyi gyasramma no 38mfiri saa nnipa a wɔayɛ bɔne awu no aduhwamhyeɛ nkukuo no aseɛ. Ɔbɛboro aduhwamhyeɛ nkukuo no ama ayɛ trawa na ɔde akata afɔrebukyia no so. Saa aduhwamhyeɛ nkukuo yi yɛ kronkron, ɛfiri sɛ, wɔde adi dwuma wɔ Awurade anim. Na afɔrebukyia no nkatasoɔ yi bɛyɛ kɔkɔbɔ ama Israelfoɔ.”

39Enti, ɔsɔfoɔ Eleasa faa aduhwamhyeɛ nkukuo ahanu aduonum no na ɔboro ma ɛyɛɛ ntrawa na ɔde kataa afɔrebukyia no so, 40na Israelfoɔ no nam so akae sɛ obiara a wɔmmaa no ho kwan anaa ɔmfiri Aaron ase no, ɔnni ho kwan sɛ ɔba Awurade anim bɛhye aduhwam. Sɛ ɔyɛ saa a, asɛm a ɛtoo Kora ne nʼahokafoɔ no bi bɛto no. Sei na Mose yɛɛ deɛ Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

41Adeɛ kyee anɔpa no, nnipa no nyinaa firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose ne Aaron sɛ, “Moakum Awurade nkurɔfoɔ.”

42Ankyɛre koraa, nnipa no nyinaa boaa wɔn ho ano. Wɔgu so rehwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no, prɛko pɛ, omununkum no pueeɛ ma wɔhunuu Awurade animuonyam nwanwaso no. 43Mose ne Aaron bɛgyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano, 44na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 45“Twe wo ho firi saa nnipa yi mu na matumi asɛe wɔn prɛko pɛ.” Nanso, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Awurade anim.

46Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Ntɛm, fa aduhwamhyeɛ kukuo no na yi ogya firi afɔrebukyia no so gu mu. Fa aduhwam gu so na fa fa nnipa no mu ntɛm so fa kɔyɛ mpatadeɛ ma wɔn, ɛfiri sɛ, Awurade abufuo aduru wɔn so. Ɔyaredɔm no afiri aseɛ.” 47Aaron yɛɛ deɛ Mose hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔtuu mmirika faa nnipa no mu. Na ɔyaredɔm no aba ampa, na ɔhyee aduhwam no de yɛɛ mpatadeɛ maa wɔn. 48Na ɔgyinaa ateasefoɔ ne awufoɔ ntam, na ɔyaredɔm no gyaeeɛ, 49nanso, na nnipa mpem dunan ne ahanson awuwu dada abɛka wɔn a wɔne Kora wuwuiɛ ɛda a ɛdi animu no ho. 50Ɔyaredɔm no gyaeeɛ no, Aaron sane kɔɔ Mose nkyɛn wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.