Числа 11 – CARST & ASCB

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Числа 11:1-35

Ропот исроильтян

1Народ сетовал перед Вечным на тяготы, и, услышав их, Он разгневался. Огонь Вечного загорелся среди них и стал пожирать край лагеря. 2Народ стал звать на помощь Мусо; Мусо помолился Вечному, и огонь угас. 3То место было названо Тавера («горение»), потому что огонь Вечного загорелся среди них.

4Чужеземцы, которые были среди них, стали очень прихотливы в пище. Тогда и исроильтяне вновь принялись плакать вместе с ними и говорить:

– Поесть бы нам мяса! 5Мы помним рыбу, которую ели в Египте даром, огурцы, дыни, лук-порей, репчатый лук и чеснок. 6Но теперь силы у нас иссякли. Ничего, ну совсем ничего нет – мы видим только одну манну!

7Манна была похожа на кориандровое семя, цвета же она была светло-жёлтого11:7 Букв.: «видом как бдолах». Бдолах – ароматная прозрачная смола одного из деревьев, растущих в Аравии.. 8Народ ходил и собирал её, а затем перемалывал её ручными жерновами или толок в ступе. Они готовили её в горшке или делали из неё лепёшки. По вкусу она напоминала лепёшки с оливковым маслом. 9Когда ночью на лагерь опускалась роса, опускалась на него и манна.

Семьдесят старейшин

10Мусо услышал, как в каждой семье люди плачут у входа в свои шатры. Вечный очень разгневался, и Мусо огорчился. 11Он спросил Вечного:

– За что Ты так мучаешь меня? Чем я прогневил Тебя, что Ты возложил на меня бремя этого народа? 12Разве я зачал этот народ? Разве я родил его? Почему Ты велишь мне нести его на руках, как нянька носит младенца, в страну, которую Ты с клятвой обещал их предкам? 13Где мне взять мясо для этого народа? Они плачут предо мной и говорят: «Накорми нас мясом!» 14Я не могу нести бремя этого народа один; мне это не под силу. 15Если Ты собираешься так обходиться со мной, то прошу, предай меня смерти прямо сейчас, если я нашёл у Тебя расположение, чтобы мне не видеть своей беды.

16Вечный сказал Мусо:

– Приведи Мне семьдесят человек из исроильских старейшин, которых ты знаешь как вождей народа. Пусть они придут к шатру встречи и встанут там с тобой. 17Я сойду и буду говорить с тобой там. Я возьму от Духа, что на тебе, и возложу на них. Они помогут тебе нести бремя народа, чтобы тебе не нести его одному. 18Скажи народу: «Освятитесь к завтрашнему дню, и будете есть мясо. Вечный услышал, как вы плакали и говорили: „Поесть бы нам мяса! В Египте было лучше!“ Вечный накормит вас мясом. 19Вы будете есть его не один день, не два, не пять, не десять, не двадцать дней, 20а целый месяц, пока оно не полезет у вас из ноздрей и не станет для вас отвратительным, потому что вы отвергли Вечного, Который среди вас, и плакали перед Ним, говоря: „Зачем мы ушли из Египта?!“»

21Мусо сказал:

– Я здесь среди шестисот тысяч пеших мужчин, а Ты говоришь: «Я буду кормить их мясом целый месяц!» 22Да разве хватит им, если для них забьют весь скот, какой только есть? Разве хватит им, если для них выловят в море всю рыбу?

23Вечный ответил Мусо:

– Разве рука Вечного коротка? Сейчас ты увидишь, исполнится ли Моё обещание тебе.

24Мусо вышел и передал народу то, что сказал Вечный. Он собрал семьдесят человек из старейшин и поставил их вокруг шатра. 25Тогда Вечный сошёл в облаке и говорил с ним. Он взял от Духа, что был на нём, и возложил на семьдесят старейшин. Дух почил на них, и они пророчествовали, но потом перестали11:25 Или: «и не прекращали»..

26Два человека, которых звали Элдад и Медад, оставались в лагере. Они были записаны между старейшинами, но не вышли к шатру. Дух почил и на них, и они пророчествовали в лагере. 27Юноша прибежал и сказал Мусо:

– Элдад и Медад пророчествуют в лагере.

28Иешуа, сын Нуна, который был помощником Мусо с юности11:28 Или: «помощником Мусо, одним из его избранных»., сказал:

– Мусо, господин мой, останови их!

29Но Мусо ответил:

– Ты ревнуешь за меня? Я хотел бы, чтобы все в народе Вечного стали пророками и Вечный послал бы на них Своего Духа!

30Потом Мусо и старейшины Исроила возвратились в лагерь.

Перепела от Вечного

31И вот поднялся ветер от Вечного и принёс с моря перепелов. Они были везде на расстоянии дневного пути в каждую сторону от лагеря, летая на высоте около одного метра11:31 Букв.: «два локтя». от земли11:31 Или: «Он разбросал их везде на расстоянии дневного пути в каждую сторону от лагеря, слоем около одного метра от земли».. 32Весь тот день, всю ночь и весь следующий день народ ходил собирать перепелов, и каждый человек собрал огромное количество11:32 Букв.: «не меньше десяти хомеров», то есть более двух тысяч литров. птиц. Они разложили их вокруг лагеря. 33И пока ещё мясо было у них на зубах, Вечный разгневался на народ и поразил его лютым мором. 34Поэтому то место было названо Киврот-Хатаава («могилы прихоти»): там похоронили тех, кто поддался прихоти.

35Из Киврот-Хатаавы народ двинулся к Хацероту и остановился там.

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 11:1-35

Israelfoɔ Anwiinwii

1Ankyɛre biara na nnipa no firii aseɛ nwiinwii sɛ nneɛma nkɔ yie mma wɔn, na Awurade teeɛ. Nʼabufuhyeɛ kɔɔ wɔn so wɔ wɔn anwiinwii no ho. Yei enti, Awurade maa ogya bɛhyee beaeɛ a na wɔte hɔ no mfikyire. 2Wɔteateaam frɛɛ Mose sɛ ɔmmɛgye wɔn. Mose bɔɔ mpaeɛ srɛɛ Awurade maa wɔn na ogya no dumiiɛ. 3Ɛfiri saa ɛberɛ no, wɔtoo beaeɛ hɔ edin sɛ Tabera a asekyerɛ ne “Ahyeɛ”, ɛfiri sɛ, ogya a ɛfiri Awurade nkyɛn no hyee wɔn atenaeɛ hɔ.

4Misraimfoɔ a na wɔwɔ wɔn ntam no kɔn dɔɔ nneɛma pa a na ɛwɔ Misraim no. Yei amma Israelfoɔ no ani ansɔ baabi a na wɔwɔ hɔ no, enti wɔsuu sɛ, “Hwan na ɔbɛma yɛn aduane adi? 5Ɛberɛ a na yɛwɔ Misraim no, na yɛnya ɛnam ne nsuomnam we. Saa ara nso na na yɛnya kokumba, ɛferɛ, gyeene ne galik nso die. 6Nanso, seesei deɛ, yɛn ahoɔden so ate na ɛda biara yɛnnya biribiara sɛ mana nko ara.”

7Na mana no kɛseɛ te sɛ wisa aba na ɛsɛ ɛhyɛ a awaawae firi dubona ho agu fam. 8Nnipa no tasee firi fam na wɔayam anaa wɔasi no waduro mu ama adane esiam. Wɔwie a, wɔnoa de bi yɛ taterɛ. Woka wʼano a, ɛte sɛ taterɛ a wɔakye wɔ nhahamma ngo mu. 9Anadwo bosuo mu na mana no tɔ.

10Mose tee sɛ mmusuakuo no nyinaa gyinagyina, atwa wɔn ntomadan ho ahyia resu. Yei hyɛɛ Awurade abufuo yie. Na anyɛ Mose nso abodwo koraa. 11Mose bisaa Awurade sɛ, “Adɛn enti na woyɛ me saa na wode saa nnipa a wɔte seyie yi nyinaa adesoa abɛsoa me? 12Wɔyɛ me mma anaasɛ me nso meyɛ wɔn agya? Yei enti na wode wɔn ama me sɛ menhwɛ wɔn sɛ nkɔkoaa kɔsi sɛ yɛbɛduru asase a wohyɛɛ wɔn agyanom ho bɔ no? 13Ɛhefa na merekɔfa ɛnam abrɛ nnipa yi? Wɔsu kyerɛ me sɛ, ‘Ma yɛn ɛnam!’ 14Mʼankasa merentumi nsoa ɔman yi! Adesoa no mu yɛ duru ma me dodo! 15Na sɛ saa na wo ne me bɛdi no deɛ a, mesrɛ, kum me seesei ara; ɛbɛyɛ adom ama me! Yi me firi saa ahokyere yi mu!”

16Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ no mu aduɔson ma me; fa wɔn bra Ahyiaeɛ Ntomadan no mu na wo ne wɔn nnyina hɔ. 17Mɛba hɔ na me ne wo abɛkasa na honhom a ɛwɔ wo so no, mɛfa na mede akɔgu wɔn nso so bi; ɛba saa a, wɔne wo bɛsoa nnipa no adesoa sɛdeɛ ɛrenyɛ wo nko ara wʼadesoa.

18“Ka kyerɛ nnipa no na wɔnnwira wɔn ho na ɔkyena, wɔbɛnya ɛnam awe. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Awurade ate mo sufrɛ a ɛfa nneɛma a mogyaa no Misraim no ho na ɔrebɛma mo ɛnam. Mobɛwe; 19ɛnyɛ ɛda koro anaa nnanu anaa nnanum anaa dadu anaa adaduonu! 20Na bosome baako mu, mobɛwe ɛnam ara ma apuro mo ama afa mo hwene mu. Ɛfiri sɛ, moapo Awurade a ɔka mo ho wɔ ha no, na moasu ama Misraim nso.’ ”

21Mose kaa sɛ, “Mmarima nko ara mpem ahansia na wɔwɔ ha, ɛnna woahyɛ wɔn bɔ sɛ wobɛma wɔn ɛnam awe ara bosome! 22Sɛ yɛkum yɛn nnwan ne yɛn anantwie nyinaa koraa a, ɛrenso wɔn so. Ɛsɛ sɛ yɛkyere ɛpo mu ɛnam nyinaa ansa na yɛatumi adi wo bɔhyɛ no so!”

23Na Awurade bisaa Mose sɛ, “Da bɛn na meyɛɛ mmerɛ? Afei wobɛhunu sɛ mʼasɛm yɛ nokorɛ anaa ɛnyɛ nokorɛ.”

24Enti Mose firii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ kɔkaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no. Ɔboaboaa mpanimfoɔ aduɔson ano ma wɔtwaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho hyiaeɛ. 25Na Awurade nam omununkum mu baa fam ne Mose kasaeɛ, na ɔfaa honhom a ɛwɔ Mose so no de guu mpanimfoɔ aduɔson no so. Ɛberɛ a honhom no baa wɔn so kakra no, wɔhyɛɛ nkɔm mmerɛ tiawa bi mu.

26Nanso na mpanimfoɔ aduɔson no mu baanu a wɔfrɛ wɔn Eldad ne Medad da so wɔ wɔn atenaeɛ hɔ. Na mmerɛ a honhom no baa wɔn so wɔ hɔ no, wɔhyɛɛ nkɔm wɔ hɔ. 27Mmeranteɛ bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose asɛm a asie no ho amaneɛ 28na Nun babarima Yosua a na wɔayi no sɛ ɔnyɛ Mose ɔboafoɔ no ampene so, na ɔkaa sɛ, “Owura, ma wɔnnyae!”

29Mose bisaa no sɛ, “Me ho na woretwe ninkunu yi? Ɛkaa me nko a, na anka Awurade nkurɔfoɔ nyinaa yɛ adiyifoɔ a Awurade de ne honhom agu wɔn nyinaa so!” 30Afei, Mose ne Israel mpanimfoɔ no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ hɔ.

31Awurade bɔɔ ahum maa ɛde mmoko firi ɛpo mu bɛguu atenaeɛ hɔ ne ɛho mmaa nyinaa. Baabiara a obi bɛfa no, na nnomaa yi bi atu nenam asase ani bɛyɛ anammɔn ɛnan. 32Enti ɛda mu no nyinaa, nnipa kyekyeree mmoko no bi kunkumm wɔn awia ne anadwo ne nʼadekyeeɛ nso. Deɛ wannya bi no koraa na ɔnyaa susukora ɔha! Mmoko buu so wɔ atenaeɛ hɔ nyinaa. 33Na nnipa no firii aseɛ wee mmoa no bi. Wɔhyɛɛ aseɛ weeɛ no, Awurade bo sane fuu wɔn maa ɔde ɔyaredɔm kumm wɔn mu fa kɛseɛ no ara. 34Enti wɔtoo beaeɛ hɔ edin sɛ Kibrot-Hataawa a asekyerɛ ne, “Akɔnnɔ damena” ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔn ani bere ɛnam na wɔn kɔn adɔ Misraim tena no na wɔsiee wɔn wɔ hɔ.

35Ɔman no tu firii hɔ kɔtenaa Haserot kakra.