Исаия 44 – CARST & ASCB

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Исаия 44:1-28

Избранный Исроил

1– Но ныне слушай, Якуб, раб Мой,

Исроил, которого Я избрал.

2Так говорю Я, Вечный, создавший тебя,

сотворивший тебя во чреве,

помогающий тебе:

Не бойся, Якуб, раб Мой,

Исроил44:2 Букв.: «Иешурун» – это слово переводится как «праведный» и является другим, поэтическим именем Исроила., которого Я избрал.

3Как Я изолью воду на жаждущую землю

и потоки – на почву сухую,

так Я изолью Моего Духа на твоих потомков

и благословение Моё – на твоё потомство.

4Они будут расти, как трава на лугу,

как ивы при потоках вод.

5Скажет один: «Я принадлежу Вечному»,

а другой наречётся именем Якуб;

иной даже на руке напишет: «Принадлежу Вечному» –

и примет имя Исроил.

6Так говорит Вечный,

Царь Исроила и Искупитель его,

Вечный, Повелитель Сил:

– Я – первый, и Я – последний;

кроме Меня нет Бога.

7И кто Мне подобен?

Пусть он даст знать об этом.

Пусть возвестит и изложит Мне всё по порядку,

что произошло с тех пор, как Я создал Мой древний народ,

и что произойдёт в будущем –

пусть он предскажет грядущее.

8Не дрожите, не бойтесь!

Разве Я издревле не возвещал

и не предсказывал вам всё?

Вы – Мои свидетели.

Разве кроме Меня есть Бог?

Нет другой скалы, ни одной не знаю.

Глупость идолопоклонства

9Все, кто делает идолов, – ничтожества,

и вещи, которыми они дорожат, – бесполезны.

Свидетели идолов не видят и не понимают,

поэтому они будут опозорены.

10Кто там делает бога и отливает идола,

который не может принести никакой пользы?

11Все приверженцы идолов непременно будут опозорены;

ремесленники – всего лишь люди.

Пусть все они соберутся и встанут;

они ужаснутся и будут опозорены.

12Кузнец берёт свой инструмент

и работает на углях,

обрабатывает болванку молотами

и куёт идола силой своих мышц.

Кузнец становится голоден, и силы его покидают,

он не пьёт воду и изнемогает.

13Плотник измеряет меркой

и размечает острым орудием;

он обтёсывает идола резцами

и размечает при помощи циркуля.

Он делает его по образу человека,

во всей человеческой красоте,

чтобы поставить в капище.

14Он рубит себе кедры,

выбирает кипарис или дуб

и позволяет ему расти среди деревьев леса;

он сажает кедр, а дождь питает его.

15Потом это идёт на топливо.

Часть его человек берёт и бросает в огонь,

чтобы обогреться и испечь себе лепёшки.

А из другой части он делает бога и поклоняется ему,

делает идола и простирается перед ним.

16Половину дерева он сжигает и готовит на нём пищу,

жарит мясо и наедается досыта.

Он греется и говорит:

«Я согрелся, почувствовал огонь».

17А из того, что осталось, он делает бога, своего идола;

он простирается перед ним и поклоняется ему.

Он молится ему и говорит:

«Спаси меня, ведь ты мой бог!»

18Такие люди ничего не знают и ничего не понимают;

они не видят, потому что их глаза застило,

их умы закрыты – они не могут понять.

19Никто не задумывается,

нет ни знания, ни понимания, чтобы сказать:

«Половину дерева я сжёг,

испёк на углях лепёшки,

зажарил мясо и поел.

Стану ли я делать из остатка омерзительную вещь?

Стану ли поклоняться куску дерева?»

20Он словно гоняется за пылью,

обманутый разум сбил его с пути;

он не может спасти себя или сказать:

«Разве то, что в моей правой руке, не ложь?»

21– Помни об этом, Якуб,

ведь ты Мой раб, Исроил.

Я создал тебя, ты – Мой раб;

не забуду тебя, Исроил.

22Я развею твои беззакония, как тучу,

грехи твои – как утренний туман.

Возвратись ко Мне,

ведь Я тебя искупил.

23Пойте от радости, небеса,

ведь Вечный совершил это;

восклицайте, земные глубины!

Запевайте песню, горы, и лес,

и все деревья в лесу!

Ведь Вечный искупил потомков Якуба

и прославится в Исроиле.

Иерусалим заселится вновь

24Так говорит Вечный, твой Искупитель,

сотворивший тебя во чреве:

– Я – Вечный, сотворивший всё,

один распростёрший небеса

и Сам расстеливший землю;

25Тот, Кто знамения лжепророков превращает в ничто

и гадателей оставляет в дураках,

низлагает знание мудрых

и обращает его в нелепость;

26Кто подтверждает слова Своих слуг

и исполняет предсказания Своих вестников;

Кто говорит об Иерусалиме: «Он будет заселён»,

о городах Иудеи: «Они будут отстроены,

и развалины их Я восстановлю»;

27Кто говорит водной бездне: «Высохни!

Я иссушу твои реки»;

28Кто говорит о Куруше44:28 Куруш II Великий, основатель Персидского государства Ахменидов, правил с 558 по 530 гг. до н. э. В 539 г. покорил Вавилон и Месопотамию. Куруш погиб во время похода в Центральную Азию от руки сакской царицы Томирис. См. также сноску на 41:2., царе Персии: «Он – Мой пастух

и исполнит, что Мне угодно;

он скажет об Иерусалиме: „Он будет отстроен“ –

и о храме: „Заложены будут твои основания“».

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 44:1-28

Israel Deɛ Wapa No

1“Na, afei, Ao Yakob me ɔsomfoɔ,

Israel, deɛ mapa no.

2Sei na Awurade seɛ,

deɛ ɔnwonoo wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu,

ɔno na ɔbɛboa wo:

Nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ,

Yeshurun, a mapa noɔ.

3Na mɛhwie nsuo agu asase a awo no so,

ne asutene wɔ asase kesee so;

mɛhwie me Honhom agu wo mma so,

ne me nhyira agu wʼasefoɔ so.

4Wɔbɛfifiri sɛdeɛ ɛserɛ fifiri wɔ mmoa adidibea,

te sɛ mpampuro a ɛwɔ asutene ho.

5Obi bɛka sɛ, ‘Meyɛ Awurade dea’;

ɔfoforɔ bɛfrɛ ne ho sɛ Yakob;

bio ɔfoforɔ bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ, ‘Awurade dea,’

na wafa edin Israel.

Ɛyɛ Awurade, Ɛnyɛ Ahoni

6“Sei na Awurade

Israelhene ne Ɔgyefoɔ, Asafo Awurade seɛ:

Mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ;

Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me.

7Hwan na ɔne me sɛ? Ma ɔmpae mu nka.

Ma ɔnka na ɔnkyerɛ wɔ mʼanim

deɛ asisi firi ɛberɛ a megyee me tete nkurɔfoɔ sii hɔ,

ne deɛ ɛrebɛba,

aane, ma ɔnhyɛ deɛ ɛreba ho nkɔm.

8Mommma mo ho mpopo, monnsuro.

Mampae mu anka yei, manna no adi teteete anaa?

Mone mʼadansefoɔ. Onyankopɔn foforɔ bi ka me ho anaa?

Dabi, Ɔbotan foforɔ bi nni hɔ; mennim obiara.”

9Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee,

na nneɛma a ɛsom wɔn bo no ho nni mfasoɔ.

Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afira;

wɔnnim wɔn ankasa animguaseɛ ho hwee.

10Hwan na ɔsene onyame na ɔgu ohoni,

a ne ho mma no mfasoɔ biara?

11Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim bɛgu ase;

adwumfoɔ nyɛ hwee sɛ nnipa.

Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina,

ehu ne animguaseɛ na ɛbɛka wɔn.

12Ɔtomfoɔ fa nʼatondadeɛ

ɔde hyehyɛ egyasramma mu;

ɔde asaeɛ bobɔ so yɛ no ohoni,

ɔde nʼabasamu ahoɔden mmorosoɔ na ɛyɛ;

ɛkɔm de no na ɔyɛ mmrɛ;

ɔnnom nsuo enti ɔtɔ baha.

13Duadwumfoɔ de ahoma susu

na ɔde twerɛdua sensane;

na ɔde fitiɛ yiyi ho

afei ɔde kɔmpase hyɛ no agyiraeɛ.

Ɔsene na ɛyɛ sɛ onipa sɛso,

ɛyɛ sɛ onipa wɔ nʼanimuonyam nyinaa mu,

sɛ wɔde bɛsi abosonnan mu.

14Ɔtwitwaa ntweneduro,

anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔrɔ anaa odum.

Ɔmaa ɛnyiniiɛ wɔ kwaeɛ mu,

anaa ɔduaa pepeaa, na osutɔ ma ɛnyiniiɛ.

15Ɛyɛ deɛ onipa de sɔ ogya;

ɔde ebi ka ne ho hye,

ɔde bi sɔ ogya to burodo.

Nanso ɔde ebi sene onyame nso na ɔsɔre no;

ɔyɛ ohoni na ɔkoto no.

16Ɔde dua no mu fa sɔ ogya;

ɛso na ɔnoa nʼaduane,

ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee.

Afei ɔka ne ho hye na ɔka sɛ,

Aa! Mahunu ogya; me ho ayɛ me hye.

17Nkaeɛ no ɔde yɛ onyame, ne honi;

ɔkoto no na ɔsɔre no.

Ɔbɔ no mpaeɛ sɛ,

“Gye me; wone me nyame.”

18Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase;

wɔasram wɔn ani so enti wɔnhunu adeɛ,

wɔato wɔn adwene mu enti wɔnte hwee ase.

19Obiara nna nnwene ho,

obiara nni nimdeɛ anaa nhunumu a ɔde bɛka sɛ,

“Mede ɛfa sɔɔ ogya;

na mpo metoo burodo wɔ ne gyaframa so;

metotoo nam wɔ so weeɛ.

Ɛsɛ sɛ mede nkaeɛ no yɛ akyiwadeɛ anaa?

Ɛsɛ sɛ mekoto gyentia anaa?”

20Nsõ na ɔdie, nnaadaa akoma ma no yera kwan;

ɔrentumi nye ne ho, anaa ɔrentumi nka sɛ,

“Deɛ mekura wɔ me nsa nifa yi nnyɛ atorɔ anaa?”

21“Kae saa nneɛma yi, Ao, Yakob,

ɛfiri sɛ, woyɛ me ɔsomfoɔ, Ao Israel.

Me na meyɛɛ wo, woyɛ me ɔsomfoɔ;

Ao Israel, me werɛ remfiri wo.

22Mapra wo mfomsoɔ agu te sɛ ɛbɔ

ne wo bɔne te sɛ anɔpa bosuo.

Sane bra me nkyɛn,

ɛfiri sɛ magye wo.”

23Momfa ahosɛpɛ nto dwom, Ao ɔsorosoro,

na Awurade na wayɛ yei.

Mommɔ ose, Ao, asase ase.

Momma nnwontoɔ so, mo mmepɔ,

mo kwaeɛ ne emu nnua nyinaa,

na Awurade agye Yakob,

wada nʼanimuonyam adi wɔ Israel.

Wɔbɛtena Yerusalem

24“Sei na Awurade seɛ,

wo Gyefoɔ a ɔnwonoo wo wɔ awotwaa mu no:

“Mene Awurade,

deɛ wayɛ nneɛma nyinaa,

deɛ ɔno nko ara trɛɛ ɔsoro mu

deɛ ɔno nko ara twee asase mu,

25deɛ ɔsɛe atorɔ adiyifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ

na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ;

deɛ ɔtutu anyansafoɔ adenim guo

na ɔdane no nkwaseasɛm,

26deɛ ɔma nʼasomfoɔ nsɛm ba mu

deɛ ɔhyɛ nʼasomafoɔ nkɔmhyɛ no mu ma,

“deɛ ɔka fa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛtena ne mu,’

ne Yuda nkuro ho sɛ, ‘Wɔbɛkyekyere,’

ne mmubuiɛ ho sɛ, ‘Mɛyɛ no foforɔ,’

27deɛ ɔka kyerɛ nsubunu sɛ, ‘We,

na mɛma wo asutene awewe,’

28deɛ ɔka wɔ Kores ho sɛ, ‘Ɔyɛ me dwanhwɛfoɔ

na ɔbɛwie deɛ mepɛ nyinaa yɛ;

ɔbɛka afa Yerusalem ho sɛ, “Ma wɔnkyekyere bio,”

na waka afa asɔredan no ho sɛ, “Ma wɔnto ne fapem.” ’ ”