Забур 92 – CARST & ASCB

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Забур 92:1-5

Песнь 92

1Вечный царствует.

Он облачён величием,

облачён Вечный и силою препоясан.

Мир стоит твёрдо

и не поколеблется.

2Престол Твой утверждён издревле;

Ты – испокон веков.

3Возвышают потоки, Вечный,

возвышают потоки голос свой,

возвышают потоки волны свои.

4Но сильнее шума всех вод,

сильнее могучих волн морских –

Вечный, Который живёт в вышине небес.

5Заповеди Твои надёжны.

Дому Твоему, Вечный,

принадлежит святость навек.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 92:1-15

Dwom 92

Dwom a wɔto no Homeda.

1Ɛyɛ sɛ wɔkamfo wo Awurade

na wɔto dwom de hyɛ wo animuonyam, Ao Ɔsorosoroni,

2na wɔpae mu ka wʼadɔeɛ anɔpa

ne wo nokorɛ anadwo,

3wɔ ahoma edu sankuo so

ne sankuten nnwom mu.

4Ao Awurade, wo nneyɛɛ ma mʼani gye;

mede anigyeɛ bɛto dwom, wo nsa ano nnwuma enti.

5Ao Awurade, wo nnwuma yɛ akɛseɛ,

na wo nyansa mu dɔ!

6Ogyimifoɔ nnim

na nkwaseafoɔ nte aseɛ,

7amumuyɛfoɔ bɛnyini sɛ ɛserɛ

na abɔnefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm deɛ,

nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

8Na wo Awurade, woyɛ kɛseɛ afebɔɔ.

9Ao Awurade ampa ara,

wʼatamfoɔ bɛyera;

na wobɛhwete abɔnefoɔ nyinaa.

10Woama me ahoɔden te sɛ ɛkoɔ;

woahwie ngohwam papa agu me so.

11Mahunu mʼatamfoɔ nkoguo a wɔadi,

mate sɛdeɛ mʼatamfoɔ atirimuɔdenfoɔ adwane afiri akono.

12Ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmm te sɛ abedua,

wɔbɛnyini sɛ Lebanon ntweneduro;

13deɛ wɔadua wɔ Awurade fie,

wɔbɛnyini frɔmfrɔm wɔ yɛn Onyankopɔn adihɔ hɔ.

14Wɔbɛkɔ so aso aba, onyinkyerɛ mu mpo,

wɔbɛyɛ frɔmm sɛ ahahammono,

15de akyerɛ sɛ, “Awurade yɛ ɔteneneeni;

ɔyɛ me botan, na atirimuɔdensɛm biara nni ne mu.”