Забур 89 – CARST & ASCB

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Забур 89:1-17

Четвёртая книга

Песнь 89

1Молитва пророка Мусо.

2Владыка, Ты был для нас прибежищем

из поколения в поколение.

3Прежде чем родились горы

и Ты образовал землю и весь мир,

от века и до века Ты – Бог.

4Ты возвращаешь человека в тление

и говоришь: «Вернитесь, смертные».

5Тысяча лет в глазах Твоих, как день вчерашний, что минул,

как несколько часов в ночи.

6Как наводнением уносишь людей;

они проходят, как сон.

Они – как трава, что утром взошла:

утром она цветёт и зеленеет,

а вечером вянет и засыхает.

7Мы исчезаем от Твоего гнева,

мы в смятении от Твоей ярости.

8Ты поставил наши беззакония перед Собою

и наши тайные грехи – перед лицом Своим.

9Наши дни проходят в Твоём гневе;

мы завершаем свои годы со стоном.

10Дней нашей жизни – лет семьдесят,

а для тех, кто покрепче, – лет восемьдесят,

и большая часть их – труд и скорбь;

быстро они проходят, и мы исчезаем.

11Кто познал силу Твоего гнева?

Ярость Твоя столь же велика,

сколь велик страх перед Тобой.

12Научи нас вести счёт нашим дням,

чтобы мы обрели сердце мудрое.

13Возвратись, Вечный! Как долго ещё будешь гневаться?

Сжалься над Своими рабами!

14Насыщай нас по утрам милостью Своей,

чтобы мы радовались и веселились все наши дни.

15Возвесели нас за дни, когда Ты наказывал нас,

и за годы, в которые мы испытывали бедствие.

16Да откроется взору рабов Твоих дело Твоё,

и слава Твоя – их детям.

17И да пребудет на нас милость Владыки, нашего Бога.

Укрепи наше дело,

укрепи для нас дело наших рук.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 89:1-52

Dwom 89

Esrahini Etan ɔhaw ne amanehunu dwom.

1Mɛto Awurade adɔeɛ ho dwom daa daa;

mede mʼano bɛda wo nokorɛdie adi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

2Mɛka sɛ wʼadɔeɛ no tim hɔ daa nyinaa,

na watim wo nokorɛdie wɔ ɔsoro hɔ ankasa.

3Wokaa sɛ, “Me ne onipa a mayi no no ayɛ apam;

maka ntam akyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid.

4‘Mɛma wʼase atim hɔ daa

na wʼahennwa nso atim wɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa mu.’ ”

5Ao Awurade, ɔsorosorofoɔ kamfo wʼanwanwadeɛ,

na wo nokorɛdie nso, wɔkamfo wɔ ahotefoɔ asafo mu.

6Na hwan na ɔne wo Awurade sɛ wɔ ɔsoro hɔ?

Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ ɔsoro abɔdeɛ mu?

7Akronkronfoɔ agyinatufoɔ mu, wosuro Onyankopɔn;

wɔde suro ma no sene wɔn a wotwa ne ho hyia nyinaa.

8Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ?

Ao Awurade woyɛ kɛseɛ na wo nokorɛdie atwa wo ho ahyia.

9Wodi ɛpo a ɛreworo soɔ so;

nʼasorɔkye bobɔ kɔ ɔsoro a, wobrɛ no ase.

10Wodwerɛɛ Rahab sɛ atɔfoɔ no mu baako;

wode wo basa denden no bɔɔ wʼatamfoɔ pansameeɛ.

11Ɔsoro wɔ wo, na asase nso wɔ wo;

ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, wo na wohyɛɛ aseɛ.

12Wobɔɔ atifi ne anafoɔ.

Tabor ne Hermon de ahosɛpɛ to dwom ma wo din.

13Tumi ayɛ wo basa ma;

wo nsam wɔ ahoɔden, wama wo nsa nifa so.

14Wʼahennwa no fapem yɛ tenenee ne atɛntenenee;

adɔeɛ ne nokorɛdie di wʼanim.

15Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛdeɛ wɔbɔ wo abɔdin,

wɔn a wɔnante wʼanim hann no mu, Ao Awurade.

16Wɔgye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa;

wɔdi ahurisie wɔ wo tenenee mu.

17Wone wɔn animuonyam ne ahoɔden,

na wʼadom enti yɛyɛ nkonimdifoɔ.

18Ampa ara, yɛn banbɔ firi Awurade hɔ,

na Israel Kronkronni no ama yɛn Ɔhene.

19Ɛda bi wokasaa wɔ anisoadehunu mu,

kyerɛɛ wʼahotefoɔ sɛ,

“Madom ɔkofoni bi ahoɔden;

mapagya aberanteɛ bi afiri nnipa no mu.

20Mahunu Dawid, me ɔsomfoɔ;

mede me ngo kronkron no asra no.

21Me nsa bɛwowa no;

ampa ara mʼabasa bɛhyɛ no den.

22Ɔtamfoɔ biara renhyɛ no sɛ ɔntua toɔ;

omumuyɛfoɔ biara rentumi nhyɛ ne so.

23Mɛdwerɛ nʼatamfoɔ wɔ nʼanim

na mabobɔ nʼahohiahiafoɔ ahwe fam.

24Me nokorɛ adɔeɛ bɛka ne ho,

na me din mu, wɔbɛma nʼabɛn so.

25Mɛtrɛ nʼahyeɛ mu akɔsi ɛpo so,

na ɔde ne nsa nifa bɛto nsubɔntene so.

26Ɔbɛfrɛ me aka sɛ, ‘Wone mʼagya,

me Onyankopɔn, me nkwagyeɛ botan.’

27Mɛyɛ no mʼabakan,

asase so ahene nyinaa no mu ɔkɛseɛ.

28Mɛma mʼadɔeɛ a mewɔ ma no no atena hɔ daa,

na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena hɔ daa.

29Mɛma nʼase atim afebɔɔ,

nʼahennwa nso bɛtim hɔ akɔsi sɛ ɔsoro bɛtwam.

30“Sɛ ne mmammarima po me mmara

na sɛ wɔanni mʼahyɛdeɛ so,

31sɛ wɔbu mʼahyɛdeɛ so

na sɛ wɔanni me ɔhyɛ nsɛm so a,

32ɛno deɛ, mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho

na wɔn amumuyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;

33Nanso, merennyae mʼadɔeɛ a meyɛ ma noɔ no

na mɛkɔ so adi no nokorɛ.

34Meremmu mʼapam no so

na merensesa deɛ mede mʼano aka no.

35Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko,

na merentwa Dawid atorɔ da.

36Meremma nʼase ntɔre da

na nʼahennwa nso bɛtim wɔ mʼanim te sɛ owia;

37ɛbɛtim hɔ daa te sɛ ɔsrane,

ɔdansefoɔ nokwafoɔ a ɔwɔ ewiem no.”

38Nanso woapo no, woapa nʼakyi

wo bo afu deɛ woasra no ngo no.

39Woagu apam a wo ne wo ɔsomfoɔ pameeɛ no

woagu nʼahenkyɛ ho fi wɔ mfuturo mu.

40Woabubu nʼafasuo nyinaa

ama nʼabandenden adane mmubuiɛ.

41Wɔn a wɔtwam wɔ hɔ nyinaa fom no fa;

na wayɛ aniwudeɛ ama ne mfɛfoɔ.

42Woama nʼatamfoɔ nsa nifa so;

ama wɔn nyinaa di ahurisie.

43Woama nʼakofena ayɛ ɔkwa,

na woannyina nʼakyi wɔ ɔko mu.

44Wode nʼanimuonyam aba awieeɛ

na woato nʼahennwa atwene fam.

45Woatwa ne mmeranteberɛ nna so

na wode animguaseɛ ngugusoɔ akata ne so.

46Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wode wo ho bɛhinta afebɔɔ anaa?

Wʼabofuhyeɛ bɛkɔ so adɛre akɔsi da bɛn?

47Kae sɛdeɛ me nkwa nna twam ntɛm so.

Ɛfiri sɛ woabɔ yɛn nyinaa sɛ adeɛ a ɛtwa mu ntɛm so!

48Hwan na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da?

Anaasɛ hwan na ɔbɛtumi agye ne ho afiri owuo tumi nsam?

49Ao Awurade, ɛhe na wo tete adɔeɛ kɛseɛ no wɔ,

deɛ wofiri wo nokorɛdie mu de kaa ntam kyerɛɛ Dawid no?

50Awurade kae sɛdeɛ wɔadi wo ɔsomfoɔ ho fɛ

ne sɛdeɛ manya akoma ama amanaman no akutiabɔ.

51Ao Awurade, akutiabɔ a wʼatamfoɔ de adi fɛw,

de adi deɛ woasra no ngo no anammɔntuo biara ho fɛw.

52Ayɛyie nka Awurade daa!

Amen, Amen.