Забур 18 – CARST & ASCB

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Забур 18:1-15

Песнь 18

1Дирижёру хора. Песнь Довуда.

2Небеса провозглашают славу Всевышнего,

о делах Его рук возвещает их свод;

3изо дня в день вещают они,

каждую ночь открывают знание.

4Хотя они не используют ни речи, ни слов,

и не издают ни звука,

5всё же их голос слышен по всей земле,

их слова – до краёв света.

В небесах Он поставил шатёр для солнца,

6и оно выходит, словно жених из спальни своей,

и, как атлет, радуется предстоящему забегу.

7Встаёт оно на одном краю небес

и совершает свой путь к другому краю,

и ничто от жара его не скрыто.

8Закон Вечного совершенен,

обновляет душу.

Заповеди Вечного непреложны,

умудряют простых.

9Наставления Вечного праведны,

радуют сердце.

Повеления Вечного лучезарны,

просветляют глаза.

10Страх Вечного чист,

пребывает вовеки.

Законы Вечного истинны,

все праведны.

11Они желаннее золота,

даже множества золота чистого;

слаще, нежели мёд,

нежели капли из сот.

12Раб Твой ими храним;

в соблюдении их большая награда.

13Кто к ошибкам своим не слеп?

От невольных проступков меня очисти

14и от сознательных грехов удержи Своего раба;

не дай им власти надо мной.

Тогда я буду непорочен

и чист от большого греха.

15Пусть слова моих уст и раздумья моего сердца

будут угодны Тебе, о Вечный,

моя Скала и мой Искупитель!

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 18:1-50

Dwom 18

Awurade akoa Dawid dwom. Ɔtoo saa dwom yi maa Awurade, ɛberɛ a ɔgyee no firii nʼatamfoɔ nyinaa ne Saulo nsam no.

1Medɔ wo, Ao Awurade, mʼahoɔden.

2Awurade ne me botantim;

mʼaban ne me gyefoɔ;

me Onyankopɔn ne me botan

Ne mu na menya me hintabea.

Ɔyɛ mʼakokyɛm, me nkwagyeɛ abɛn ne mʼabandenden.

3Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no,

ɛfiri sɛ ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.

4Owuo nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree me;

na ɔsɛeɛ asorɔkye bu faa me so.

5Damena nhoma kyekyeree me;

owuo ankasa too me anihaa.

6Mʼahohia mu, mesu mefrɛɛ Awurade.

Mesu mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa.

Ɔfiri nʼasɔrefie hɔ tee me nne;

me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom.

7Asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ,

na mmepɔ fapem wosoeɛ

wɔsuroeɛ ɛfiri sɛ na ne bo afu.

8Wisie firii ne hwene mu;

ogyaframa firii nʼanom,

na egyasramma dɛre firii mu.

9Ɔfirii ɔsoro baa fam;

na omununkum kabii duruu ne nan ase.

10Ɔte Kerubim so tu kɔɔ soro;

gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.

11Ɔde sum kataa ne ho,

osu a amuna tumm atwa ne ho ahyia.

12Hann kɛseɛ hyerɛn wɔ nʼanim,

na omununkum a asukɔtweaa ne anyinam wɔ mu firii ne ho hyerɛn mu baeɛ.

13Awurade bobɔɔ mu firii soro;

Ɔsorosoroni no nne gyegyeeɛ bio.

14Ɔtoo ne bɛmma no de bɔɔ atamfoɔ no hweteeɛ,

ɔde anyinam a ano yɛn den pamoo wɔn.

15Ɛpo mu mmɔnka ho yiyiiɛ

na asase nnyinasoɔ ho daa hɔ,

ɛsiane wʼanimka ne ahomeguo a ɛfiri wo hwene mu no enti,

Ao Awurade.

16Ɔfiri ɔsoro baa ɛfam bɛsɔɔ me mu;

ɔtwee me firii nsuo a emu dɔ mu.

17Ɔgyee me firii me ɔtamfoɔ hoɔdenfoɔ nsam,

wɔn a wɔn ani sa me, na wɔn ho yɛ den dodo ma me no.

18Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu,

nanso Awurade pagyaa me.

19Ɔde me baa baabi a ɛhɔ trɛ;

ɔgyee me, ɛfiri sɛ nʼani sɔɔ me.

20Awurade ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ;

wahwɛ me nsa a ɛho teɛ so atua me ka.

21Manante Awurade akwan so.

Mentwee me ho mfirii me Onyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne.

22Madi ne mmara nyinaa so:

memmuu nʼahyɛdeɛ so.

23Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim,

na matwe me ho afiri bɔne ho.

24Awurade agyina me teneneeyɛ

ne me nsa a ɛho teɛ wɔ nʼanim so atua me ka.

25Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ,

wɔn a wɔdi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu.

26Woyɛ kronn ma wɔn a wɔyɛ kronn,

na amumuyɛfoɔ deɛ, wokyiri wɔn.

27Wogye ahobrɛasefoɔ nkwa,

na wobrɛ ahantanfoɔ ase.

28Ao Awurade, woyɛ me kanea.

Aane, woma me sum dane hann.

29Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu;

me Onyankopɔn enti, metumi foro ɔfasuo.

30Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ;

Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu.

Ɔyɛ akokyɛm ma wɔn a

wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu.

31Na hwan na ɔyɛ Onyankopɔn ka Awurade ho?

Na hwan na ɔyɛ Ɔbotan no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn no.

32Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma me ahoɔden,

na ɔma me kwan yɛ pɛ.

33Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforoteɛ deɛ.

Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.

34Ɔsiesie me ma ɔko,

na mʼabasa tumi kuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua.

35Wode wo nkonimdie akokyɛm ma me,

na wo nsa nifa kura me.

Wobrɛ wo ho ase ma meyɛ kɛseɛ.

36Woabɔ ɛkwan tɛtrɛɛ ama me nan

sɛdeɛ ɛrenwatiri.

37Metaa mʼatamfoɔ kɔtoo wɔn;

mansane mʼakyi kɔsii sɛ mesɛee wɔn.

38Mɛdwerɛ wɔn, na wɔantumi ansɔre,

wɔhwehwee ase wɔ me nan ase.

39Wode akodie ahoɔden maa me;

womaa mʼatamfoɔ bɔɔ wɔn mu ase wɔ me nan ase.

40Womaa mʼatamfoɔ danee wɔn ho dwaneeɛ,

na mesɛe wɔn a wɔtan me.

41Wɔsu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammɛgye wɔn,

wɔfrɛɛ Awurade, nanso wammua.

42Meyamoo wɔn sɛ mfuturo a mframa bɔ guo;

me hwiee wɔn guiɛ sɛ mmɔntene so atɛkyɛ.

43Woagye me afiri nnipa no ntohyɛsoɔ mu,

woayɛ me amanaman no ti;

nnipa a mennim wɔn abɛyɛ mʼasomfoɔ.

44Wɔte me nka pɛ a, wɔyɛ ɔsetie ma me;

ananafoɔ koto mʼanim.

45Wɔn nyinaa botoboto;

wɔfiri wɔn abandenden mu ba ahopopoɔ so.

46Awurade te ase! Ayɛyi nka me Botan!

Wɔmma Onyankopɔn me Gyefoɔ no din so!

47Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ awere ma me,

ɔno na ɔka amanaman hyɛ mʼase,

48ɔno na ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.

Wopagyaa me sii mʼatamfoɔ so,

wogyee me firii basabasayɛfoɔ nsam.

49Ɛno enti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao Awurade.

Mɛto ayɛyie dwom ama wo din.

50Wode nkonimdie akɛseɛ ama wo ɔhene;

woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ deɛ woasra no ngo,

wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefoɔ afebɔɔ.