2 Царств 7 – CARS & ASCB

Священное Писание

2 Царств 7:1-29

Обещание Всевышнего Давуду

(1 Лет. 17:1-15)

1После того как царь поселился в своём дворце и Вечный дал ему покой от всех окружающих его врагов, 2он сказал пророку Нафану:

– Смотри, я живу во дворце из кедра, а сундук Всевышнего остаётся в шатре.

3Нафан ответил царю:

– Иди и делай то, что у тебя на сердце, потому что Вечный с тобой.

4В ту ночь к Нафану было слово Вечного:

5– Пойди и скажи Моему рабу Давуду: Так говорит Вечный: «Разве ты – тот, кто построит Мне дом для обитания? 6Я не жил в доме с того дня, как вывел исраильтян из Египта, и до сегодняшнего дня. Я переходил с места на место, обитая в шатре. 7Где бы Я ни ходил со всеми исраильтянами, разве Я когда-либо говорил кому-нибудь из их судей7:7 В период после завоевания Ханаана и до восшествия на престол царей Всевышний ставил вождей, называемых судьями, которые защищали и управляли исраильским народом. Об этом можно прочитать в книге Судей., которым Я повелел пасти Свой народ Исраил: „Почему вы не построили Мне дом из кедра?“»

8Итак, скажи Моему рабу Давуду: Так говорит Вечный, Повелитель Сил: «Я взял тебя, когда ты смотрел и ухаживал на пастбище за овцами, чтобы ты стал правителем Моего народа Исраила. 9Я был с тобой, куда бы ты ни ходил, и сокрушил перед тобой всех твоих врагов. Я сделаю твоё имя великим, подобным именам великих людей земли. 10Я устрою место для Своего народа Исраила и укореню его, чтобы у него был свой дом и чтобы никто его больше не тревожил. Нечестивые люди не будут больше притеснять его, как прежде, 11с того времени, как Я поставил судей над Своим народом Исраилом. Я также дам тебе покой от всех твоих врагов.

Вечный объявляет тебе, что Сам утвердит твой дом: 12Когда твои дни завершатся и ты упокоишься со своими предками, Я возведу на престол твоего потомка, того, кто произойдёт от тебя, и упрочу его царство. 13Он построит дом для поклонения Мне, и Я упрочу престол его царства навеки. 14Я буду назван его Отцом, а он Мне сыном наречётся7:12-14 Эти слова также являются пророчеством об Исе Масихе (см. Лк. 1:32; Рим. 1:3-4; Евр. 1:5).. Когда он согрешит, Я накажу его розгой и ударами, наносимыми людьми. 15Но Я не отниму от него Своей любви, как отнял её от Шаула, которого Я отверг ради тебя. 16Твой дом и твоё царство будут непоколебимы предо Мной вечно, твой престол будет установлен навеки».

17Нафан передал Давуду все слова этого откровения.

Молитва Давуда

(1 Лет. 17:16-27)

18Тогда царь Давуд вошёл, сел перед Вечным и сказал:

– Кто я, о Владыка Вечный, и что такое моя семья, что Ты так возвеличил меня? 19И словно этого не было достаточно в Твоих глазах, о Владыка Вечный, Ты ещё рассказал о будущем дома Твоего раба. Ты всегда так относишься к человеку, о Владыка Вечный? 20Что ещё может сказать Тебе Давуд? Ведь Ты знаешь Своего раба, Владыка Вечный! 21Ради Твоего слова и по Своей воле Ты совершил это великое дело и открыл его Своему рабу.

22Как Ты велик, Владыка Вечный! Нет подобного Тебе и нет Бога, кроме Тебя, как слышали мы своими ушами. 23И кто подобен Исраилу, единственному народу на земле, который Всевышний выкупил Себе, чтобы сделать Своим народом? Чтобы все узнали имя Твоё, Ты совершил великие и ужасные дела, выкупив Свой народ из Египта и изгнав перед ним другие народы и их богов. 24Ты сделал Исраил Своим собственным народом навеки, и Ты, о Вечный, стал его Богом.

25И теперь, Вечный Бог, сохрани навеки обещание, которое Ты дал о Своём рабе и его доме, и сделай, как Ты обещал. 26Пусть возвеличится Твоё имя вовеки, чтобы люди говорили: «Вечный, Повелитель Сил, есть Бог над Исраилом». И дом Твоего раба Давуда пусть утвердится перед Тобой.

27Так как Ты, Вечный, Повелитель Сил, Бог Исраила, открыл Своему рабу, говоря: «Устрою тебе дом», то раб Твой нашёл в себе смелость молиться перед Тобой. 28О Владыка Вечный, Ты – Бог! Твои слова истинны, и Ты обещал Своему рабу это благо. 29Пусть же станет Тебе угодно благословлять дом Твоего раба, чтобы он был перед Тобой вечно. Ведь Ты, Владыка Вечный, сказал это, и дом Твоего раба будет благословен навеки от Твоего благословения!

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 7:1-29

Onyankopɔn Hyɛ Dawid Ɛbɔ

1Ɛberɛ a wɔbɔɔ ɔhene no atenaseɛ wɔ nʼahemfie na Awurade ama asomdwoeɛ aba asase no so no, 2Dawid frɛɛ nkɔmhyɛni Natan sɛ, “Hwɛ, mete ahemfie a wɔde ntweneduro asi mu, na Onyankopɔn Adaka no nso si ntomadan mu.”

3Na Natan buaa ɔhene no sɛ, “Biribiara a woadwene ho sɛ wobɛyɛ no, kɔ so na yɛ, na Awurade ka wo ho.”

4Na anadwo no, Awurade asɛm baa Natan so sɛ,

5“Kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Wone obi a ɛsɛ sɛ wosi ɛdan ma me na metena mu anaa? 6Ɛfiri ɛberɛ a mede Israelfoɔ firi Misraim baeɛ de bɛsi ɛnnɛ no, mentenaa ɛdan mu da. Daa wɔtu mʼase firi beaeɛ kɔ beaeɛ. 7Ɛberɛ biara a wɔtu mʼase a Israelman nyinaa ka me ho no, motee sɛ mebisaa wɔn sodifoɔ, wɔn a mehyɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no sɛ, “Adɛn enti na momfaa ntweneduro nsii fie mmaa me da?” ’

8“Afei, kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade Otumfoɔ seɛ nie: Meyii wo firii mmoa adidibea ne nnwan akyidie mu, de wo bɛsii me nkurɔfoɔ Israel so ɔhene. 9Na baabiara a wokɔ no, meka wo ho, na matwa wʼatamfoɔ nyinaa afiri wʼanim. Na mɛma wɔagye din wɔ asase yi nyinaa so. 10Na mapɛ tenaberɛ ama me nkurɔfoɔ Israel; beaeɛ bi a ɛwɔ banbɔ a obiara renha wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumuyɛfoɔ renhyɛ wɔn so, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ ɛberɛ bi a atwam no, 11ɛfiri ɛberɛ a mepaa atemmufoɔ sɛ wɔnni me nkurɔfoɔ so no. Mɛsane ama mo banbɔ afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam.

“ ‘Na Awurade aka akyerɛ wo sɛ, ɔno Awurade na ɔbɛkyekyere efie ama wo; ahemfo ntoatoasoɔ efie. 12Na sɛ wo nna to twa a, mɛma wʼaseni a ɔfiri wʼasenem adi wʼadeɛ, na matim nʼahemman ase. 13Ɔno ne obi a ɔbɛsi dan de me din ato so. Na matim nʼahemman mu ahennwa ase afebɔɔ. 14Mɛyɛ nʼagya, na wayɛ me ba. Sɛ ɔyɛ bɔne a, mɛma aman bi atwe nʼaso. 15Nanso, merenyi me dɔ mfiri ne so da, sɛdeɛ meyi mefirii Saulo a meyii no firii wʼanim no so ansa na wobɛdii nʼadeɛ no. 16Wo fie ne wʼahemman bɛtim wɔ mʼanim afebɔɔ; na wʼahennwa bɛtena hɔ daa.’ ”

17Natan kaa saa adiyisɛm yi nyinaa kyerɛɛ Dawid.

Dawid Aseda Mpaeɛbɔ

18Na ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpaeɛ sɛ,

“Ao, Awurade Otumfoɔ, mene hwan, na me fiefoɔ yɛ ɛdeɛn a wode me abɛduru ɛnnɛ? 19Na afei Otumfoɔ Awurade, yeinom nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahennie a ɛte hɔ daa. Woyɛ nnipa nyinaa sei anaa, Ao Awurade Otumfoɔ?

20“Ɛdeɛbɛn bio na mɛtumi aka? Ɛfiri sɛ, wonim sɛdeɛ wʼakoa teɛ, Ao Awurade Otumfoɔ. 21Wʼasɛm ne wo pɛ mu enti, woayɛ nneɛma kɛseɛ yi nyinaa akyerɛ wo ɔsomfoɔ.

22“Wo kɛseyɛ yɛ kokuroo, Ao Awurade Otumfoɔ! Obi biara nte sɛ wo, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ wo, na yɛntee onyame foforɔ bi mpo ho asɛm! 23Ɔman bɛn na ɛwɔ asase yi so a ɛte sɛ Israel? Ɔman foforɔ bɛn na woayi no afiri nkoasom mu de wɔn ayɛ wo ɔman? Ɛberɛ a woyii wo nkurɔfoɔ firii Misraim no, wogyee edin. Woyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ de pamoo aman ne ahoni ahodoɔ a na wɔyɛ akwansideɛ ma wo nkurɔfoɔ. 24Woatim wo nkurɔfoɔ Israel sɛ wʼankasa wʼadeɛ afebɔɔ, na wo Ao Awurade, woabɛyɛ wɔn Onyankopɔn.

25“Na afei, Awurade Onyankopɔn, di ɛbɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne mʼabusuafoɔ ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena hɔ daa. 26Na ma wo din nkron afebɔɔ na ewiase nyinaa nka sɛ, ‘Awurade Otumfoɔ yɛ Israel so Onyankopɔn.’ Na ma wo ɔsomfoɔ Dawid ahennie ase ntim wɔ wʼanim.

27“Ao, Awurade Otumfoɔ, Israel Onyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpaeɛ yi ɛfiri sɛ woakyerɛ sɛ wobɛkyekyere fie a ɛyɛ daa ahennie ama me. 28Ao, Awurade Otumfoɔ, woyɛ Onyankopɔn! Wo nsɛm mu wɔ ahotosoɔ, na woahyɛ wo ɔsomfoɔ nnepa ho bɔ. 29Afei, ma ɛnyɛ wo pɛ sɛ wobɛhyira wʼakoa fie so, na atoa so afebɔɔ wɔ wʼanim, na wo, Ao Awurade Otumfoɔ, woakasa, na wo nhyira a wode bɛhyira wo ɔsomfoɔ fie no bɛyɛ daapem nhyira.”