Забур 92 – CARS & AKCB

Священное Писание

Забур 92:1-5

Песнь 92

1Вечный царствует.

Он облачён величием,

облачён Вечный и силою препоясан.

Мир стоит твёрдо

и не поколеблется.

2Престол Твой утверждён издревле;

Ты – испокон веков.

3Возвышают потоки, Вечный,

возвышают потоки голос свой,

возвышают потоки волны свои.

4Но сильнее шума всех вод,

сильнее могучих волн морских –

Вечный, Который живёт в вышине небес.

5Заповеди Твои надёжны.

Дому Твоему, Вечный,

принадлежит святость навек.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 92:1-15

Dwom 92

Dwom a wɔto no Homeda.

1Eye sɛ wɔkamfo wo Awurade

na wɔto dwom de hyɛ wo anuonyam, Ɔsorosoroni,

2na wɔpae mu ka wʼadɔe anɔpa

ne wo nokware anadwo,

3wɔ hama du sanku so

ne sankuten nnwom mu.

4Awurade, wo nneyɛe ma mʼani gye;

mede anigye to nnwom, wo nsa ano nnwuma nti.

5Awurade, wo nnwuma yɛ akɛse,

na wo nyansa mu dɔ!

6Agyimifo nnim

na nkwaseafo nte ase,

7amumɔyɛfo benyin sɛ sare

na abɔnefo bɛyɛ frɔmfrɔm de,

nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

8Na wo Awurade, wɔayɛ wo ɔkɛse afebɔɔ.

9Awurade, ampa ara,

wʼatamfo bɛyera;

na wɔbɛhwete abɔnefo nyinaa.

10Woama me ahoɔden te sɛ ɛko;

woahwie ngohuam papa agu me so.

11Mahu mʼatamfo nkogu a wɔadi,

mate sɛnea mʼatamfo atirimɔdenfo aguan afi akono.

12Atreneefo bɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ abedua,

wobenyin sɛ Lebanon sida;

13nea wɔadua wɔ Awurade fi,

wobenyin frɔmfrɔm wɔ yɛn Nyankopɔn adiwo hɔ.

14Wɔbɛkɔ so asow aba, onyinkyɛ mu mpo,

wɔbɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahabammono,

15de akyerɛ sɛ, “Awurade yɛ ɔtreneeni;

ɔyɛ me botan, na atirimɔdensɛm biara nni ne mu.”