Аюб 29 – CARS & AKCB

Священное Писание

Аюб 29:1-25

Монолог Аюба

1И продолжил Аюб своё рассуждение:

2– Как я томлюсь по прошедшим месяцам,

по тем дням, когда Всевышний хранил меня,

3и светильник Его сиял над моей головой,

и при свете Его я шёл сквозь тьму!

4О, это были мои лучшие годы,

когда совет Всевышнего хранил мой шатёр,

5когда Всемогущий ещё был со мной,

а дети – вокруг меня,

6когда омывался мой путь молоком,

и скала источала для меня оливковое масло.

7Выходил ли я к городским воротам

и садился ли на площади,

8меня завидев, юноши отступали,

и поднимались старцы;

9властители удерживались от слов

и прикрывали рты руками;

10голоса знатных стихали,

прилипали у них языки к нёбу.

11Кто меня слышал, превозносил меня,

кто меня видел, меня хвалил,

12ведь я спасал плачущего бедняка

и беспомощного сироту.

13Умирающий благословлял меня,

и сердце вдовы наполнял я радостной песней.

14Я надевал праведность, как одежду,

справедливость – как мантию и тюрбан.

15Слепому я был глазами

и хромому – ногами.

16Я был отцом для бедняков;

я разбирал дело странника.

17Я сокрушал челюсти беззаконных

и спасал жертвы из их зубов.

18Я думал: «Скончаюсь в своём гнезде,

и дни мои будут многочисленны, как песок.

19Как дерево, чьи корни достигают воды,

на чьи ветви ложится роса,

20не увядает слава моя,

и крепко рука моя держит лук».

21Внимали мне, ожидали меня,

в молчании слушали мой совет.

22Когда замолкал я, больше не говорили;

ложились слова мои, как роса.

23Ждали меня, как дождя,

и слова мои ртом ловили, как ливень весенний.

24Не могли поверить, если я им улыбался,

света лица моего они не помрачали.

25Воссев, как вождь, я направлял их;

я был словно царь посреди войска,

словно тот, кто плачущих утешает.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 29:1-25

1Hiob toaa so se,

2“Mʼani agyina asram a atwa mu no,

nna a Onyankopɔn hwɛɛ me so no,

3bere a ne kanea hyerɛn mʼatifi

na mede ne kanea nantewee sum mu no!

4Ao, nna a misii so no,

bere a Onyankopɔn adamfofa a emu yɛ den hyiraa me fi,

5bere a na Otumfo no da so ka me ho

na me mma atwa me ho ahyia no,

6bere a na nufusu mu srade afɔw mʼakwan

na abotan hwiee ngo sɛ nsu maa me no.

7“Bere a na mekɔ kuropɔn pon ano

mekɔtena mʼagua so wɔ ɔmanfo aguabɔbea,

8mmerante hu me a, wogyina nkyɛn

na mpanyimfo sɔre gyina hɔ;

9atitiriw gyae kasa

na wɔde wɔn nsa kata wɔn ano;

10mmapɔmma tɛm dinn,

na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dudom.

11Wɔn a wɔte me nka nyinaa ka me ho asɛmpa,

na wɔn a wohu me nyinaa kamfo me,

12efisɛ meboaa ahiafo a wosu pɛɛ mmoa,

ne ayisaa a wonni aboafo.

13Onipa a na ɔrewu no hyiraa me;

na memaa akunafo ani gyee wɔn koma mu.

14Mede trenee furaa sɛ mʼadurade;

atɛntrenee yɛɛ me nkataso ne mʼabotiri.

15Meyɛɛ aniwa maa anifuraefo,

ne anan maa mmubuafo.

16Meyɛɛ ahiafo agya;

na mekaa ahɔho asɛm maa wɔn.

17Mibubuu amumɔyɛfo se

na mihwim wɔn a wodi wɔn nya no fii wɔn anom.

18“Medwenee sɛ, ‘Mewu wɔ mʼankasa me fi mu,

na me nna dɔɔso sɛ nwea.

19Me ntin beduu nsu ano,

na obosu agugu me mman so anadwo mu nyinaa.

20Mʼanuonyam rempa da,

na agyan ayɛ foforo wɔ me nsam daa.’

21“Nnipa hwehwɛɛ sɛ wotie me,

wɔyɛɛ dinn, twɛn mʼafotu.

22Sɛ mekasa wie a wɔnnkasa bio,

efisɛ me nsɛm tɔɔ wɔn asom yiye.

23Wɔtwɛn me sɛnea wɔtwɛn osu a ɛpete,

na wɔmenee me nsɛm sɛ osutɔ bere nsu.

24Sɛ meserew mekyerɛ wɔn a, wɔntaa nnye nni;

mʼanimtew som bo ma wɔn.

25Mebɔɔ kwan maa wɔn na metenaa ase sɛ wɔn hene;

metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ nʼasraafo mu;

meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekye agyaadwotwafo werɛ.